Amansan Nhyiamu
Rehwɛ Nyankopɔn Abusua afa Ahwehwɛaniwa Kɛseɛ mu
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Rehwɛ Nyankopɔn Abusua afa Ahwehwɛaniwa Kɛseɛ mu

Megye di sɛ yɛbɛtumi, ɛnam gyidie aniwa mu, kɔ akyire na fa anidasoɔ ne anigyieɛ hwɛ yɛn ne yɛn mmusua.

Berɛ a na yɛn babaa ketewa, Barkeley, sua no, mehyɛɛ aseɛ de akenkan ahwehwɛaniwa yɛɛ adwuma―deɛ ɛtwe adeɛ bɛn na ɛyɛ no kɛseɛ. Da koro bi, berɛ a na yɛatena ase abom rekan nwoma, mede ɔdɔ hwɛɛ no nanso na awerɛhoɔ wom efiri sɛ, mpofrimu, asɛ wanyini ntɛm. Medwenee sɛ, “Ɛhe na berɛ kɔ? Wayɛ kɛseɛ paa ara!”

Berɛ a mepagyaa m’ahwehwɛaniwa sɛ merepepa anisuo no, mehunuu sɛ, “O twɛn—ɔnyɛɛ kɛseɛ; ɛyɛ ahwehwɛaniwa no a! Mɛmmua!”

Ɛtɔ da a deɛ yɛhunuu ara ne deɛ ɛbɛn, ayɛ kɛseɛ mfoni fa yɛn adɔfoɔ ho. Anadwo yi, meto nsa frɛ wo sɛ fa w’ani kɔ akyire na hwɛ fa ahwehwɛaniwa foforɔ mu—daapem ahwehwɛaniwa a ɛhwɛ mfoni kɛseɛ, w’abasɛm kɛseɛ.

Mfitiaseɛ a na nnipa repre akɔ ɛwiem no, na ɛhyɛn a ɛkɔ wiem no nni mpoma biara. Nanso berɛ a Apollo 8 kɔɔ bosome so no, na wɔn a wɔkɔ wiem no wɔ bi. Berɛ a wɔkonkɔn hɔ wɔ wiem no, wɔn ho dwirii wɔn berɛ a wɔhunuu yɛn wiase na wɔtwaa saa mfoni soronko yi a atwee ɛwiase nyinaa adwene. Saa ewiemfoɔ yi nyaa atenka kɛseɛ bi a wɔato ɛno nko ara din: Ɔhwɛkɛseɛ Nsunsuansoɔ.

Mfoni
Sɛdeɛ asase teɛ, wohɛ firi soro a.

NASA

Wɔrehwɛ afiri beaɛ papa foforɔ sesa biribiara. Ewiem kwantuni baako kaa sɛ “ɛma nneɛma yɛ nketewa a wobɛdwene sɛ wobɛtumi adi so. Yɛbɛtumi ayɛ yei. Asomdwoeɛ wɔ asase so―ɔhaw biara nni hɔ. Ɛma nnipa saa ahoɔden no bi saa tumi no bi.”1

Nnipa deɛ, yɛhunu asase so pɛ, nanso Nyankopɔn hunu abɔdeɛ nyinaa. Ɔhunu abɔdeɛ nyinaa, yɛn nyinaa, na anidasoɔ ahyɛ ma.

Ɛbɛtumi aba sɛ yɛbɛhyɛ aseɛ ahunu sɛdeɛ Nyankopɔn hunu wɔ berɛ a yɛte asase so—sɛ yɛbɛnya saa mfoni-kɛseɛ atenka yi? Megye di sɛ yɛbɛtumi, ɛnam gyidie aniwa mu, kɔ akyire na fa anidasoɔ ne anigyieɛ hwɛ yɛn ne yɛn mmusua.

Twerɛnsɛm no gyetom. Moroni kasa fa wɔn a wɔn gyidie mu “yɛ den yie” ma wɔn “hunuuɛ ankasa … wɔ gyedie ani mu, na wɔn ani gyee.”2

Wɔde wɔn ani sii Yesu Kristo so, wɔnyaa anigyeɛ na wɔhunuu nokorɛ yi: Kristo nti, biribiara yɛ yie. Biribiara a wo ne wo ne wo ha mo ho wɔ ho—ne nyinaa bɛyɛ YIE! Na wɔn a wɔde gyedie ani hwɛ no bɛte nka sɛ ɛbɛyɛ yie sesei

Berɛ a na mewɔ ntoaso sukuu no me ho kyeree me berɛ a na menyi deɛ ɛyɛ. Mekae sɛ mehunuu sɛ me maame resu, na medwenee sɛ madi no hwammɔ. Saa berɛ no, na ɛha me sɛ n’ani nsuo no kyerɛ sɛ ɔnni anidasoɔ wɔ me mu, na ɔnni anidasoɔ ma me, ebia na kwan biara nni hɔ ma me.

Nanso me papa a na ɔtumi kɔ akyire na ɔhwɛ nneɛma kɔ akyire no. Na wasua wɔ suahunu mu sɛ ɔhaw te sɛ ɔdɔ, nanso ɛnyɛ ade korɔ.3 Ɔde gyedie ani hunuu sɛ yei nyinaa bɛyɛ yie, na n’anidasoɔ anammɔntuo yi sesaa me.

Berɛ a mewiee ntoasoɔ sukuu na mekɔɔ BYU no, me papa manee me nkrataa, dekaee me nipa suo a meyɛ. Ɔbɛyɛɛ me mmɔgyesoɔ-panyin, na obiara hia mmɔgyesoɔ-panyin--Obi a ɔnka nkyerɛ wo sɛ, “wontu mmirika ntɛm yie”; wɔnam ɔdɔ so kae wo sɛ wobɛtumi ayɛ.

Agya yɛɛ Lehi daeɛso so nhwɛsoɔ. Te sɛ Lehi, na ɔnim sɛ ɛnni sɛ ɔdi adɔfoɔ a wɔn ayera no akyi. “Wotena baabi a wowɔ no na wafrɛ wɔn. Wokɔ [nkwa] dua no nkyɛn, gyina dua no ho, kɔso di aduaba no na, wode sereɛ anim, akɔso ateam afrɛ wɔn a wodɔ na wakyerɛ nhwɛsoɔ sɛ aduaba no di yɛ anigyeɛ adeɛ!”4

Saa anisoɔ mfoni yi aboa me berɛ nneɛma nkɔ yie berɛ a mehunu me ho wɔ dua no aseɛ, redi aduaba no resu esiane sɛ ɛha me; na nokorɛ, mmoa bɛn na ɛde ba? Mmom, yɛnyi anidasoɔ—anidasoɔ wɔ yɛn Bɔfoɔ mu ne yɛn ho yɛn ho mu, a ɛma yɛn ahoɔden a yɛde bɛtu mpɔn akyɛn seesei ara.

Berɛ tiawa bi wɔ Elder Neal A. Maxwell wuo akyi no, nsɛntwerɛni bi bisaa ne babarima sɛ deɛn na ɔbɛfe paa ara. Ɔkaa sɛ adidie wɔ n’awofoɔ fie, esiane sɛ na atenka a ɔde firi hɔ da biara te sɛ deɛ na ɔreyɛ nneɛma kɛseɛ bi na na ne papa wɔ ne mu gyedie.

Na yei yɛ berɛ a na yɛn mma mpanyinfoɔ ahyɛ aseɛ reba fie Kwasiada anwummerɛ ne wɔn ahokafoɔ abɛdidi. Wɔ nnawɔtwe mu na meredwene nneɛma a mɛtumi akae wɔn kwasiada, te sɛ: “Ebia bɔmmɔden na boa wɔ mmfra no fa mu berɛ a wowɔ fie,” anaa “Ɛmma wo werɛ mfiri sɛ wobɛyɛ ɔtiefoɔ pa.”

Berɛ a metee Onuabarima Maxwell asɛm no, metoo me nhyehyɛɛ no guuiɛ na memaa saa ɛnne no yɛɛ koom, nti berɛ a mehunu me mma mpanimfoɔ nnawɔtwe biara no, mede m’ani sii nneɛma papa a wɔreyɛ so. Berɛ a yɛn ba panin, Ryan, firii mu mfeɛ kakra akyi no, mekae a na ɛyɛ m’anisɔ sɛ me ne no nyaa anigyeɛ mmerɛ papa.

Ansa na yɛne ɔdɔfoɔ bi bɛbɔ nkɔmmɔ no, yɛbɛtumi abisa yɛn ho asɛmmisa “So deɛ merebɛyɛ anaa merebɛbisa no bɛboa anaa ɛbɛpira yɛn?” Yɛn nsɛm yɛ yɛn tumi kɛseɛ, na abusuafoɔ te sɛ twerɛpono tuntum, a ɛgyina yɛn anim rekasa sɛ, “Twerɛ deɛ wodwene fa me ho!” Saa nkransɛm yi, ɛmfa ho sɛ yahyɛ da anaa yɛnhyɛda, ɛwɔ sɛ ɛyɛ nkuranhyɛ ne anidasoɔ.5

Ɛnyɛ yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛkyerɛ obi a ɔrekɔ ɔhaw mu sɛ ɔyɛ onipa bɔne anaa wadi yɛn hwammɔ. Ɛwom a da koro bi yɛbɛte nka sɛ yɛntene obi, nanso mpɛn pii no momma yɛnka nkyerɛ yɛn adɔfoɔ wɔ kasa ne nneyɛɛ mu nkransɛm a wɔn kɔn dɔ sɛ wɔbɛte: “Yɛn abusua no yɛ mua na ɛdi mu esiane sɛ woka ho nti.” “Wo nkwa nna a aka nyinaa yɛbɛdɔ wo—ɛmfa ho ne deɛ ɛbɛsi.”

Ɛtɔda a yɛhia tema kyɛn afutuo; otiefoɔ kyɛn ɔkasafoɔ; obi a ɔtie na ɔbooboo ho sɛ, “Atenka bɛn na ɛwɔ sɛ menya de ka deɛ wɔkaaɛ?”

Kae sɛ, abusua yɛ Nyame-ama nhwehwɛmubea a yɛde resua sɛdeɛ nneɛma teɛ, nti mfomsoɔ ne nseseɛ-bɔne nyɛ adeɛ a ɛwɔ mu a ɛbɛ si, na mmom ɛbɛtaa asi. Na ɛnyɛ anika sɛ, wɔ yɛn abrabɔ awieeɛ, yɛbɛhununu sɛ saa nkutahodie no, mpo berɛ a na ɛmu yɛ den no, na saa nneɛma no aboa ma yɛabɛyɛ te sɛ yɛn Agyenkwa no yie. Nkutahodie biara a ɛmu yɛ den yɛ akwanya a yɛde sua sɛdeɛ yɛ dɔ kɔ akire--nyamesu mpɛmpɛnsoɔ bi.6

Momma yɛnkɔ akyire nkɔhwɛ abusua nkitahodie sɛ kwanpa a ɛkyerɛ yɛn adesuadeɛ nti a yɛbaa ha berɛ a yɛkɔ Agyenkwa no nkyɛn.

Yɛnnye ntom, wɔ wiase a ahwease yi mu, kwan biara nni hɔ sɛ wobɛwie pɛyɛ sɛ ɔwarefoɔ, ɔwofoɔ, babarima anaa babaa, nana, kwankyerɛfoɔ, anaa ɔyɔnkoɔ, nanso yɛbɛtumi ayɛ papa wɔ kwan ɔpepepem so.7 Yɛntena dua no ase, nni Nyankopɔn dɔ, na yɛnkyɛ. Sɛ yɛpagya afoforɔ a, yɛkɔ soro bom.

Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛ yɛbɛkae aduaba no die nko ara nnɔɔso; yɛhia sɛ yɛbɛdi bio asan adi bio wɔ kwan ahodoɔ a ɛbue yɛn ani ma yɛne ɔsoro deɛ kɔ berɛ a yɛbɛbue twerɛnsɛm, a ɛhan ahyɛ no ma, de apamo esum; yɛbɛbu nkotodwe kɔpem sɛ yɛn mpaeɛ bɛyɛ kɛseɛ. Yei na ɛma akoma yɛ mrɛ, na yɛfiri aseɛ hunu sɛdeɛ Nyankopɔn hunu.

Wɔ nna a ɛtwa toɔ yi mu, ebia adwuma sono a yɛyɛ yɛ sɛ yɛne yɛn adɔfonom te--nnipa papa a wɔte atirimuɔden wiase. Yɛn anidasoɔ sesa sɛdeɛ wɔhunu wɔn ho ne nnipa a wɔyɛ. Na ɛnam saa ɔdɔ ahwehwɛaniwa mu wɔbɛhunu deɛ wɔbɛtumi ayɛ.

Nanso nipasu bi wɔ hɔ a ɔmpɛ sɛ yɛne yɛn adɔfoɔ bɛsan akɔ fie abɔ mu. Na esiane sɛ yɛte wiase a mmerɛ ne mfeɛ da ho nti,8 ɔtamfo no kɔso de suro hyɛ mu ma. Ɛyɛ den sɛ wobɛhunu, sɛ wotwebɛn a, sɛ baabi a yɛn ani kyerɛ ho hia kyɛn yɛn mmirika.

Kae sɛ, “Wopɛ sɛ wokɔ ntɛm a, wo nko ara kɔ. Sɛ wopɛ sɛ wokɔ akyire a, monkɔ mmɔ mu.”9 Asedasɛm ne sɛ, Nyankopɔn a yɛsom no nhyɛ mmerɛ ase. Ɔhunu sɛdeɛ yɛn adɔfonom teɛ ankasa ne deɛ yɛn teɛ ankasa,10 Nti Ɔwɔ yɛn ho ntoboaseɛ, ne anidasoɔ sɛ yɛbɛnya ntoboaseɛ ama yɛn ho yɛn ho.

Megye tom sɛ ɛduru berɛ bi a asase, yɛn fie wɔ honam mu, tumi yɛ te sɛ awerɛhoɔ asase a nsuo atwa ho ahyia berɛ a mewɔ gyedie ani baako na ani baako nso resu.11 Wonim saa atenka yi?

Menyaa no Benada.

Yɛbɛtumi ayɛ sɛ yɛn nkɔmhyɛni berɛ a wahyɛ anwanwadeɛ ho bɔ wɔ yɛn mmusua mu? Sɛ yɛyɛ a, yɛn anigyeɛ bɛkɔ nkan, mpo sɛ abɛbrɛsɛ kɔ soro a. Ɔhyɛ yɛn bɔ sɛ yɛbɛtumi anya mfoni-kɛseɛ suahunu seesei, ɛmfa ho ne yɛn tebea.12

Sɛ yɛbɛnya saa gyedie ani seesei yɛ adenya bio, anaa ntimu, ma gyedie a yɛnyaeɛ ansa na yɛreba asase yi so. Ɛhunu tra berɛ a yɛnhunu, ma yɛde “anigyeɛ yɛ adeɛ nyinaa wɔ yɛn tumi mu; na afei ɛgyina dinn.”13

Biribi wɔ w’abrabɔ mu a ɛyɛ den seesei ara, biribia a ɛha wo sɛ ɛrentumi nyɛ yie? Sɛ gyedie ani nka ho a, ɛbɛyɛ sɛ Nyankopɔn ani apa nneɛma so, na ɛyɛ nokorɛ?

Anaa wo suro kɛseɛ ne sɛ wo nko ara na wobɛfa saa ɔhaw no mu, na ɛbɛkyerɛ sɛ Nyankopɔn apo wo, na so ɛyɛ nokorɛ?

Ɛyɛ m’adanseɛ sɛ Agyenkwa no wɔ tumi, esiane Ne Mpata no nti, sɛ Ɔbɛdane abɛberɛsɛ biara a worekɔ mu no nhyira. Wahyɛ yɛn bɔ “wɔ apam a ɛnsesa da mu” sɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛdɔ na yɛadi Nakyi a, “nneɛma nyinaa a wɔde [yɛn] afa mu bɛyɛ adwuma abom ama [yɛn] yieyɛ.”14 Nneɛmanyinaa .

Na esiane sɛ yɛyɛ apam mma nti, yɛbɛtumi abisa saa anidasoɔ atenka no seesei!

Ɛwom sɛ yɛn mmusua nwie pɛyɛ, yɛbɛtumi awie pɛyɛ wɔ ɔdɔ ma afoforɔ kɔpem sɛ ɛbɛtena hɔ daa, ɛnsesa, ɛmfa ho ɔdɔ ko―ɔdɔ a ɛboa nsakraeɛ na ɛma mpontuo ne akyirisan.

Ɛyɛ Agyenkwa no adwuma sɛ Ɔde wɔn bɛba. Ɛyɛ Ne adwuma ne Ne mmerɛ. Ɛyɛ yɛn adwuma sɛ yɛma anidasoɔ ne akoma a wɔbɛtumi aba fie abɛto. “Yɛnni Nyankopɔn tumi a yɛde bua fɔ anaa ne tumi a yɛde gyeɛ, nanso wɔama yɛn kwan sɛ yɛnkyerɛ Ne dɔ.”15 Titenani nelson nso akyerɛ sɛ afoforɔ hia yɛn dɔ kyɛn yɛn atɛmmuo. “Wɔhia sɛ wɔbɛte Yesu Kristo dɔ mapa no nka wɔ [yɛn] nsɛm ne nneyɛɛ mu.”16

Ɔdɔ ne deɛ ɛsesa akoma. Ɛno ne botaeɛ krogyee kyɛn adeɛ nyinaa, na afoforɔ tumi te nka. Moma yɛnso nkɔmhyɛ nsɛm a wɔde maa mfie 50 a atwam no: “Efie biara nni hɔ a agu gye sɛ wɔgyaei mɔdemmɔ.”17 Nokorɛ, wɔn a wɔdɔ paa ara na wɔkyɛre no di nkonim!

Wɔ asase so mmusua mu, yɛreyɛ deɛ Nyankopɔn de yɛn ayɛ, rekyerɛ kwan no wɔ anidasoɔ mu sɛ yɛn adɔfonom bɛkɔ saa kwan no, berɛ a yɛnim sɛ wɔn pɛ na wɔde bɛtu kwan.

Na sɛ wɔfa nkatanim no mu kɔ akyire na wɔte sɛ ɔsoro fie mu dɔ retwe wɔn a,18 megye di sɛ ɛrenyɛ wɔn adeɛ foforɔ esiane sɛdeɛ yɛdɔɔ wɔn wɔ ha nti.

Yɛmfa saa mfoni-kɛseɛ ahwehwɛaniwa no nyɛ adwuma na yɛnhunu yɛn adɔfoɔ na yɛne wɔn ntena sɛ anuanom wɔ yɛn wiase fɛfɛɛfɛ yi.

Wo ne me? Yɛbɛtumi ayɛ yei! Yɛbɛtumi de anidasoɔ asɔ mu! yɛbɛtumi atena dua no ase, de yɛn anim sereɛ adi aduaba no, na Kristo hann a ɛwɔ yɛn anim ayɛ adeɛ a wɔbɛtumi de wɔn ho ato so berɛ a esum aduru wɔn. Na berɛ a wɔrehunu hann wɔ yɛn ahosu mu no, ɛbɛtwe wɔn aba. Afei yɛbɛtumi aboa adane wɔn adwene aba deɛ ɔma hann ne ɔdɔ no ankasa, “Anɔpa Nsoroma a ɛhyirɛn,” Yesu Kristo.19

Medi adanseɛ sɛ--yeinom nyinaa--bɛsesa akyɛn sɛdeɛ me ne wo bɛtumi asusu! Yɛmfa gyedie ani wɔ Yesu Kristo mu, ntumi nhunu sɛ biribiara bɛyɛ yie wɔ awieeɛ, na yɛate nka sɛ ɛbɛyɛ yie seesei. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Anousheh Ansari, in “The Overview Effect ne Other Musings on Earth ne Humanity, according to Space Travelers,” cocre.co.

  2. Ether 12:19; si so dua ka ho.

  3. See Jody Moore, “How to Say Hard Things,” Better than Happy (podcast), Sept. 18, 2020, episode 270.

  4. Ronald E. Bartholomew, used with permission; san hwɛ 1 Nephi 8:10; 11:21–22.

  5. Hwɛ James D. MacArthur, “The Functional Family,” Marriage and Families, vol. 16 (2005), 14.

  6. Made possible as we “pray unto the Father with all the energy of heart, that [we] may be filled with this love” (Moroni 7:48).

  7. Paraphrase of a statement attributed to Jill Churchill.

  8. Hwɛ Richard Eyre, Life before Life: Origins of the Soul Knowing Where You Came from and Who You Really Are (2000), 107.

  9. Amammerɛ mu abɛbuo.

  10. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:24, 26.

  11. Hwɛ Robert Frost, “Birches,” in Mountain Interval (1916), 39.

  12. See Russell M. Nelson, “Joy and Spiritual Survival,” Liahona, Nov. 2016, 81–84; see also Russell M. Nelson, “Let God Prevail,” Liahona, Obubuo 2020, 92–95.

  13. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 123:17.

  14. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 98:3; wɔsi so dua.

  15. Wayne E. Brickey, Inviting Him In: How the Atonement Can Change Your Family (2003), 144.

  16. HwɛRussell M. Nelson, “Peacemakers Needed,” Liahona, Kɔtɔnima 2023, 100.

  17. Teachings of Presidents of the Church: Harold B. Lee (2000), 134.

  18. Hwɛ Paul E. Koelliker, “He Truly Loves Us,” Liahona, Kɔtɔnima 2012, 18.

  19. Adiyisɛm 22:16.