Amansan Nhyiamu
Yɛn Daa daa Hokafoɔ
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Yɛn Daa daa Hokafoɔ

Me ne wo mmienu bɛtumi anya Honhom Kronkron ayɔnkofa.

Me nuanom mmarima ne mmaa adɔfoɔ, wɔ saa nhyiamu yi mu no, wɔde adiyisɛm a wɔhwie guiɛ ahyira yɛn. Awurade Yesu Kristo asomfoɔ aka nokorɛ, nkuranhyɛ, ne akwankyerɛ nsɛm.

Adansedie a wɔdii wɔ saa nhyiamu yi mu sɛ Awurade nam Honhom Kronkron so kasa kyerɛ yɛn ankasa no akanyan me. Berɛ a yɛbɔ mpaeɛ na afei yɛtie Honhom no nkannyan no, yɛnya nhumu ne nhyira kɛseɛ a ɛbɛkyerɛ yɛn kwan wɔ nna a ɛreyɛ den kɛseɛ a ɛda yɛn anim no mu.

Titenani Russell M.Nelson abɔ yɛn kɔkɔ sɛ “wɔ nna a ɛdi anim no, ɛbɛyɛ den yie sɛ yɛbɛtena honhom mu berɛ a Sunsum Kronkron no ahobanbɔ, n’akwankyerɛ, n’awerɛkyekyerɛ ɛne ne nhyɛsoɔ nka yɛn ho.”1

Saa nkɔmhyɛ kɔkɔbɔ no ama madwendwen deɛ ɛbia mɛkyerɛkyerɛ me mma, me mmanana, ne me mmananana wɔ sɛdeɛ wɔbɛnya saa akwankyerɛ a ɛho hia no wɔ nna a emu yɛ den a ɛda wɔn anim no mu.

Ɛnti saa nkrasɛm yi a ɛwɔ hɔ nnɛ yi yɛ krataa tiawa a metwerɛ kɔmaa m’asefoɔ a ɛbia ɛbɛboa wɔn berɛ a minni wɔn nkyɛn wɔ nna a ɛyɛ anigyeɛ a ɛda yɛn anim no mu no. Mepɛ sɛ wohu nea mahu a ɛbetumi aboa wɔn.

Maba sɛ mɛte deɛ ɛbɛma yɛanya Honhom Kronkron nkɛntɛnsoɔ daa wɔ nna a yɛte mu no ase yie. Na m’ani agye sɛ mɛka m’ankasa suahunu sɛ mefrɛɛ Honhom Kronkron no, sɛdeɛ sɛ mɛtumi, sɛ ɔnyɛ me hokafoɔ daa daa no ho asɛm ɛnnɛ. Me mpaebɔ ne sɛ mɛtumi ahyɛ mo nkuran sɛ monyɛ saa ara.

Susu Helaman mma mmarima, Nifae ne Lihae, ne Awurade nkoa afoforɔ a wɔne wɔn reyɛ adwuma no ho. Wɔhyiaa sɔretia a ɛmu yɛ den. Na wɔresom wɔ beaeɛ bɔne na na ɛsɛ sɛ wɔdi nnaadaa a ɛyɛ hu ho dwuma. Menya akokoɔduro firi nkyekyɛmu baako yi a ɛfiri Helaman twerɛtohɔ mu:

“Na afe a ɛtɔ so aduɔson nkron mu no, akasakasa bebree hyɛɛ aseɛ. Mmom ɛbaa sɛ Nifae ne Lihae, ne anuanom asɔrefoɔ no bebree a wɔnim asɔre no nkyerɛkyerɛ turodoo no nyaa yikyerɛ bebree da biara, ɛno nti wɔkaa nsɛmpa no kyerɛɛ nkorɔfoɔ no ara maa wɔgyaee wɔn akasakasa wɔ saa afe no ara mu.”2

Saa nimdeɛ yi asesa me, na ɛbɛsesa wo nso. Wɔnam suahu ahodoɔ a wɔne Honhom Kronkron nyaeɛ so kyerɛkyerɛɛ Helaman mma mmarima no na wɔkyerɛɛ wɔn kwan. Yei ma me awerɛhyɛmu sɛ wɔbɛtumi akyerɛkyerɛ yɛn na yɛasua afiri Honhom no hɔ nkakrankakra, anya deɛ yɛhia, na afei sɛ yɛasiesie yɛn ho a, yɛbɛnya pii.

Manya nkuranhyɛ wɔ kwan korɔ no ara so sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ wɔka kyerɛɛ Nifae sɛ ɔnsan nkɔ Yerusalem nkɔhwehwɛ Laban mprɛte no. Woake ɔpɛ a ɔfaa yɛ. Ɔfaa sɛ: “Mɛkɔ akɔyɛ nneɛma a Awurade ahyɛ no.”3

Nephi ne Honhom Kronkron no suahunu wɔ saa adwuma no mu no ama manya akokoɔduro mpɛn pii berɛ a mahyɛ nnwuma a na menim sɛ ɛyɛ dwumadie a ɛfiri Awurade hɔ nanso na ɛte sɛ nea ɛboro me suahunu a atwam no so koraa na ɛboro deɛ mehunuu sɛ ɛyɛ me tumi so.

Wokae deɛ Nifae ka faa ne suahunu ho: “Na ɛyɛ anadwo; na memaa [me nuanom] de wɔn ho siee afasuo no akyi. Na wɔde wɔn ho sie wieeɛ no, me, Nifae, mewiaa me ho kɔɔ kuro no mu na mefirii adi kɔɔ Laban fie hɔ.”

Ɔtoa so ka sɛ: “Na Honhom no na ɛkyerɛɛ me kwan, na na mennim nea ɛsɛ sɛ meyɛ.”4

Manya nkuranhyɛ ɛnam nim a menim sɛ Honhom no kyerɛɛ Nifae kwan simma biara wɔ anadwo no mu wɔ Awurade adwuma no mu.

Yɛhia Honhom Kronkron no ayɔnkofa a ɛkɔ so daa daa. Yɛpɛ, nanso yɛfiri suahunu mu nim sɛ ɛnyɛ mmrɛ sɛ yɛbɛnya. Yɛn mu biara dwene, ka, na yɛyɛ nneɛma wɔ yɛn daa daa asetena mu a ɛbɛtumi afom Honhom no.

Sɛ ɛba saa a, sɛnea ɛbɛyɛ no, yɛbɛtumi ate nka sɛ Awurade ani nnye ho. Na ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yɛn nko ara na yɛwɔ hɔ. Ɛnneɛ ɛho hia sɛ yɛkae bɔhyɛ a ɛyɛ nokorɛ a yɛnya nnawɔtwe biara berɛ a yɛsakyera na yɛfa adidi kronkron no, “sɛnea berɛ biara wɔbɛnya ne Honhom no aka wɔn ho.”5

Sɛ moate Sunsum Kronkron no nkɛntɛnsoɔ no nka a, mobɛtumi afa no adanseɛ sɛ Mpata no redi dwuma wɔ moasetena mu.

Sɛdeɛ Elder Jeffrey R. Holland aka no: “Berɛ biara a saa mmerɛ a ɛyɛ den yi bɛba no, ɛnsɛ sɛ yɛgyae yɛn ho mu ma ehu a ɛne sɛ Onyankopɔn agyae yɛn anaa sɛ Ɔnte yɛn mpaebɔ. Ɔ tie yɛn. Ɔ hu yɛn. Ɔ yɛn.”6

Saa awerɛhyem no aboa me. Sɛ mete nka sɛ me ne Awurade ntam kwan ware, berɛ a na ɛte sɛ nea me mpaebɔ ho mmuaeɛ akyɛ no, masua sɛ mɛdi Titenani Nelson afotuo akyi sɛ mɛsan ahwɛ m’abrabɔ mu ahwehwɛ hokwan a mede bɛsakyera. Ɔkae yɛn sɛ, “Daa daa adwensakyera ne kwan a ɛkɔ ahoteɛ mu, na ahoteɛ de tumi ba.”7

Sɛ wohu sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛte Honhom Kronkron no nka a, wobɛtumi adwennwene sɛ ebia biribi wɔ hɔ a ɛhia sɛ wosakyera na wonya bɔne fafirie.8 Wobɛtumi de gyedie abɔ mpaeɛ de ahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ de te wo ho na ɛnam so ma ɛkame ayɛ sɛ woafata ama Honhom Kronkron no ayɔnkofa a ɛkɔ so daa daa no.

Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka Honhom Kronkron no ayɔnkofa a, ɛsɛ sɛ wopɛ no botaeɛ papa so. Ɛsɛ sɛ wo tirimpɔ yɛ Awurade tirimpɔ Sɛ wo tirimpɔ yɛ pɛsɛmenkomenya pii a, ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wobɛnya Honhom no nkanyan

Ne titire ne sɛ wobɛpɛ deɛ Agyenkwa no pɛ. Ɛsɛ sɛ Kristo dɔ kann na ɛkanyan yɛn adwene. Ɛsɛ sɛ yɛn mpaebɔ yɛ “Nea wopɛ ara ne nea mepɛ. Wo pɛ nyɛ hɔ.”

Mebɔ mmɔden sɛ mɛkae Agyenkwa no afɔrebɔ ne Ne dɔ ma me. Afei, sɛ mebɔ mpaeɛ de aseda ma Ɔsoro Agya a, mete ɔdɔ ne awerɛhyɛmu nka sɛ wɔatie me mpaebɔ na mɛnya deɛ ɛyɛ papa. Ɛhyɛ m’adansedie mu den.

Wɔ nneɛma a Honhom Kronkron no di ho adanseɛ nyinaa mu no, deɛ ɛsom boɔ paa ara ma yɛn bɛtumi ayɛ sɛ Yesu ne Kristo, Onyankopɔn Ba teasefoɔ no. Agyenkwa no hyɛɛ bɔ sɛ: “Sɛ Ɔwerɛkyekyefoɔ a mɛsoma no afiri Agya no nkyɛn aba mo nkyɛn, nokorɛ Honhom a ɛfiri Agya no hɔ no ba a, ɔbɛdi me ho adanseɛ.”9

Mfeɛ bi a atwam ni, ɛna bi a n’adwene ayɛ no ntanta frɛɛ me wɔ tɛlɛfon so. Ɔka kyerɛɛ me sɛ ne babaa atu afiri fie kɔ akyirikyiri. Ɔtee nka wɔ nkutahodie kakra a ɔne ne babaa no nyaeɛ no mu sɛ biribi kɛseɛ bi asɛe. Ɔsrɛɛ me sɛ memmoa.

Mehunuu onii korɔ a ɔyɛ ɔbabaa no fie kyerɛkyerɛfoɔ. Wo bɛtumi aka akyerɛ me edin a na ɛdeɛ mrɛtenten a atwam no. Mefrɛɛ no. Na ɔyɛ abɔfra. Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ ɔne ne hokafoɔ baanu nyinaa anyane anadwo no a ɛnyɛ ɔbabaa no ho adwene nko ara na mmom wɔanya nkanyan sɛ ɔrebɛfa nneɛma a ɛde awerɛhoɔ ne amanehunu bɛba. Saa Honhom no nkanyan no nko ara nti wɔkɔhwɛɛ no.

Mfitiaseɛ no, na ɔmpɛ sɛ ɔbɛka ne tebea no ho asɛm akyerɛ wɔn. Wɔsrɛɛ no sɛ ɔnsakyera na ɔmfa ɔkwan a Awurade wɔ ma no no. Ɔhunuu saa berɛ no, megye di sɛ ɛnam Honhom no so, sɛ ɔkwan baako pɛ a na wɔbɛtumi afa so ahunu deɛ wɔhunu faa n’abrabɔ ho no firi Onyankopɔn. Ɛna bi danee ne dadwen a ɔdɔ wom no maa Ɔsoro Agya ne Agyenkwa no. Na wɔasoma Honhom Kronkron no akɔ saa fie akyerɛkyerɛfoɔ no nkyɛn ɛfiri sɛ na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsom Awurade. Na wɔadi afotuo ne bɔhyɛ a wɔhunuu wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam no mu no akyi:

“Ma ɔdɔ kann nhyɛ wo nsono mu ma mma nnipa nyinaa, ne agyedifoɔ fie, na ma papayɛ nsiesie w’adwene daa; ɛno na w’ahotosoɔ bɛyɛ den wɔ Onyankopɔn anim; na asɔfodie nkyerɛkyerɛ no bɛtete wo kra so sɛ obosuo a ɛfiri soro.

“Honhom Kronkron no bɛyɛ wo daa daa yɔnko, na wo poma bɛyɛ tenenee ne nokorɛ poma a ɛnsesa; na wo tumidie bɛyɛ daapem tumidie, na ɛbɛtene aba wo nkyɛn daa daa a nhyɛ biara nni mu.”10

Medi adanseɛ sɛ Awurade adi Ne bɔhyɛ so. Wɔresoma Honhom Kronkron no akɔ apam ho anokwafoɔ a wɔwɔ Yesu Kristo Asɔre no mu nkyɛn. Wo suahunu bɛyɛ sononko, na Honhom no bɛkyerɛ kwan a ɛfata yie ma wo gyedie ne wo tumi a wode bɛgye adiyisɛm ama wo ne wɔn a wodɔ wɔn na wosom wɔn no. Mebɔ mpaeɛ sɛ mo ahotosoɔ no nkɔ anim.

Medi m’adanse sɛ Nyankopɔn Agya te ase. Ɔdɔ wo. Ɔte wo mpaebɔ biara. Yesu Kristo bɔɔ Agya no mpaeɛ ampa sɛ ɔnsoma Honhom Kronkron no mma ɔnkyerɛ yɛn kwan, nkyekyere yɛn werɛ, na ɔnni nokorɛ ho adanseɛ nkyerɛ yɛn. Agya no ne Ne Dɔba no yii wɔn ho adi kyerɛɛ Joseph Smith wɔ nnua kwaeɛ bi mu. Nkɔnhyɛni Joseph Smith nam Nyankopɔn akyɛdeɛ ne ne tumi so kyerɛɛ Mormon Nwoma no ase.

Ɔsoro abɔfoɔ san de asɔfodie nsafoa baeɛ. Titenani Russell M. Nelson yɛ Nyankopɔn nkɔnhyɛni ma asase nyinaa.

Sɛ Yesu Kristo ho dansefoɔ no, menim sɛ Ɔte ase na ɔdi N’Asɔre anim. Me ne wo wɔ ho kwan sɛ yɛbɛnya Honhom Kronkron sɛ yɛn hokafoɔ a ɔte hɔ daa daa na yɛanya saa nokorɛ no a wɔasi so dua berɛ a yɛkae na yɛdɔ Agyenkwa no, yɛsakyera yɛn adwene, na yɛsrɛ sɛ Ne dɔ ntena yɛn akoma mu. Mebɔ mpaeɛ sɛ yɛbɛnya saa nhyira no ɛnnɛ ne yɛn abrabɔ mu da biara. Me dɔ mo. Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Russell M. Nelson, “Revelation for the Church, Revelation for Our Lives,” Liahona, Kɔtɔnima 2018, 96.

  2. Helaman 11:23.

  3. 1 Nephi 3:7.

  4. 1 Nephi 4:5–6.

  5. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:77.

  6. Jeffrey R. Holland, “Lessons from Liberty Jail” (Brigham Young University devotional, Ɛbɔ 7, 2008), 5, speeches.byu.edu.

  7. Russell M. Nelson, “We Can Do Better and Be Better,” Liahona, Kɔtɔnima 2019, 68.

  8. “Sɛ obi ntumi nte Honhom no nka, anaasɛ anibiannaso anaa akisikuru ho atenka a ɛkɔ so wɔ ɔkwan a ɛkɔ akyiri so, [bɛtumi nso ayɛ] adwene mu akwahosan a enye ho sɛnkyerɛnneɛ” (“Ɛtɔ da ɛyɛ den ma me sɛ mɛte Honhom no nka ɛfiri sɛ me te nka sɛ mawu ,”wɔ “Adwene mu Haw mu: Mmoa ma Me,” Nkwa Mmoa, Nhoma Akoraeɛ). Sɛ wohyia nsɛmdenden wɔ w’adwene anaa nkateɛ mu akwahosan ho a, yɛsrɛ wo nya awerɛhyem sɛ Ɔsoro Agya dɔ ma wo, na kɔ so bɔ mpaeɛ frɛ No na fa wo ho to No so.

  9. Yohane 15:26.

  10. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:45-46.