Amansan Nhyiamu
Yɛredi Yesu Kristo ho adanseɛ wɔ Kasa ne Nneyɛɛ mu
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Yɛredi Yesu Kristo ho adanseɛ wɔ Kasa ne Nneyɛɛ mu

Berɛ a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra ma ɛne Yesu Kristo asɛmpa no ahyia no, yɛn abrabɔ bɛyɛ yɛn Gyefoɔ ne Ne din ho adanseɛ a ɛte aseɛ.

Wɔ asubɔ mu no, bɔhyɛ baako a yɛhyɛ ne sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛfa Yesu Kristo din ato yɛn so. Me tirimpɔ nnɛ ne sɛ mɛkae yɛn sɛ yɛbɛtumi akyerɛ Onyankopɔn sɛ yɛfa Ne Ba no din to yɛn ho so denam adanseɛ a yɛbɛdi wɔ kasa ne nneyɛɛ mu so, na mpɛn dodoɔ biara a yɛbɛtumi, sɛ Yesu ne Kristo no.

Berɛ a Agyenkwa no som na ɔrekyerɛkyerɛ nkorɔfoɔ a wɔwɔ Amerika wɔ Ne Wusɔreɛ akyi no, ɔpaee mu kaa sɛ:

“Wɔnkenkann twerɛsɛm no, deɛ ɛka sɛ momfa Kristo din no a ɛyɛ me din no nto mo so no anaa? Ɛfiri sɛ saa din yi na wɔde bɛfrɛ mo wɔ ɛda a ɛdi akyire no mu;

“Na obiara a ɔfa me din to ne ho so, na ɔgyina kɔduru awieeɛ no, saa onipa no ara na ɔbɛgye no nkwa wɔ ɛda a ɛdi akyire no mu.”1

Titenani Russell M. Nelson akyerɛ yɛn sɛ “yɛde Agyenkwa no din bɛto yɛn ho so kyerɛ sɛ yɛbɛka na yɛadi ho adanseɛ akyerɛ afoforɔ—wɔ yɛn kasa ne yɛn nneyɛɛ mu—sɛ Yesu ne Kristo no.”2

Sɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ no mufoɔ yi,yɛwɔ nhyira ne ho kwan sɛ yɛgyina hɔ sɛ Awurade ne Ne din ho dansefoɔ wɔ baabiara a yɛwɔ.3 Berɛ a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra ma ɛne Yesu Kristo asɛmpa no ahyia no, yɛn abrabɔ bɛyɛ yɛn Gyefoɔ ne Ne din ho adanseɛ a ɛte aseɛ. Bio nso, yɛdi Kristo ho adanseɛ wɔ kasa mu ɛnam nea yɛgyedie, yɛte nka, anaa yɛnim fa Kristo ho a yɛka kyerɛ afoforɔ no so.

Sɛ yɛde ahobraseɛ nam yɛn kasa ne yɛn nneyɛɛ so ka Awurade ho adanseɛ a, Honhom Kronkron no si so dua4 kyerɛ wɔn a wɔwɔ adwene ankasa, wɔn akoma a wɔabue, ne wɔn adwene a wɔwɔ ɔpɛ sɛ Yesu ne Kristo no ampa.5

Mepɛ sɛ mekyɛ asɔremma a wɔkyerɛ Onyankopɔn sɛ wafa Yesu Kristo din ato wɔn ho so de nam Ne ho asɛm a wɔka ne Awurade ho adanseɛ kronn a wɔdi wɔ Asɔre nhyiamu mu no ho nhwɛsoɔ mmienu a ɛyɛ nnansa yi ara na ɛkanyan adwene.

Nhwɛsoɔ a ɛdi kan: Berɛ a me ne me yere Elaine kɔɔ Spain wɔ afe 2022 mu no, yɛkɔɔ Kwasiada nhyiamu wɔ Asɔre no kuo ketewa bi mu wɔ hɔ. Berɛ a na mete gyinabea hɔ na me yere te asafo no mu no, mehunuu sɛ ɔte ɔbaa panin bi nkyɛn. Berɛ a adidi kronkron nhyiamu no baa awieeɛ no, mekɔɔ Elaine nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa me nkyerɛ n’adamfo foforɔ no. Ɔyɛɛ saa na ɔkyerɛɛ sɛ saa ɔbaa yi a ɔnyɛ Asɔreba no asra Asɔre no bɛyɛ mfeɛ mmienu. Berɛ a metee saa no, mebisaa ɔbaa a ɔsuro Onyankopɔn yi nea ɛmaa ɔsane baa yɛn nhyiamu ahodoɔ berɛ tenten saa. Ɔbaa no firi ɔdɔ mu buaa sɛ, “M’ani gye ho sɛ mɛba ha ɛfiri sɛ wɔka Yesu Kristo ho asɛm wɔ mo nhyiamu ahodoɔ ase.”

Ɛda adi pefee sɛ, Asɔre mma a wɔwɔ saa kuro no mu wɔ Spain no taa kaa Kristo ho asɛm, kyerɛkyerɛɛ, na wɔdii adanseɛ wɔ wɔn nhyiamu mu.

Nhwɛsoɔ a ɛtɔ so mmienu: Berɛ a yɛsomm wɔ Brazil Mpɔtam hɔ wieeɛ no, adwuma foforɔ bi baa sɛ yɛbɛsom wɔ Asɔre no ti. Berɛ a yɛtu kɔɔ Salt Lake City, wɔ afe yi Kitawonsa awieeɛ no, yɛkɔɔ Kwasiada nhyiamu wɔ yɛn wɔɔd foforɔ a ɛyɛ nwanwa no mu. Saa nhyiamu yi mu baako yɛ mmuadadie ne adansedie nhyiamu. Berɛ a wɔde obuo dii adidi kronkron no akyi no, asɔremma sɔre gyinaa hɔ na wɔdii Agyenkwa no ho adanseɛ a ɛfiri akoma mu baako baako. Na nhyiamu no gyina Yesu Kristo so, na na yɛtumi te Honhom no nka wɔ ɔkwan a ɛda adi so. Wɔhyɛɛ yɛn den na yɛn gyedie mu yɛɛ den. Sɛ na Asɔre no nnamfonom, a wɔfiri nokorɛdie mu hwehwɛ nokorɛ no wɔ saa nhyiamu no ase a, anka wobɛhu sɛ wei ne Yesu Kristo Asɔre no.

Nhyira bɛn ara na yɛhunu sɛ yɛn Asɔre nhyiamu yɛ ho kwan a wɔapaw ama yɛn sɛ yɛbɛdi Kristo ho adanseɛ na yɛakyerɛ Onyankopɔn sɛ yɛn ani gye sɛ yɛde Ne Ba no din bɛto yɛn so.

Afei, ma menka nhwɛsoɔ kɛseɛ bi a ɛfa Yesu Kristo din a yɛde bɛto yɛn so berɛ a yɛnam nneyɛɛ so di Ne ho adanseɛ.

Ɔsanna a ɛtwaamu no, me ne Elder Johnathan Schmitt kɔɔ Feather River California Tɛmpol a wɔabue ano wɔ Yuba Kuro kɛseɛ no mu. Ɛhɔ no, menyaa nhyira sɛ mɛkyerɛ akuo kwan wɔ asɔrefie hɔ akwantuo mu. Na Asɔreba baako ka saa akuo yi mu baako ho, Virgil Atkinson, ne nnamfoɔ nson a wɔfiri gyedie afoforɔ mu. Ɛrekɔ nsrahwɛ no awieeɛ, wɔ tɛmpol nsɔano dan bi mu no, Onua Atkinson nyaa atenka berɛ a ɔdaa ne dɔ adi kyerɛɛ ne nnamfonom a wɔbaa tɛmpol hɔ saa da no. Ɔyɛɛ saa wieeɛ pɛ, ɔbaa bi a ɔwɔ kuo no mu sɔre gyinaa hɔ kaa sɛ, “Yɛn nyinaa dɔ Virgil. Ɔmfaa ne gyedie nhyɛɛ yɛn so da. Nanso ɔnfɛre nso wɔ ho. Ɔbɔ ne bra nea ɔgyedie di ara kwa.”

Mfeɛ pii mu no, Onua Atkinson asetena a ɛte sɛ Kristo no yɛɛ adanseɛ a tumi wom maa ne nnamfonom. Ne nhwɛsoɔ no yɛ adanseɛ a ɛmu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ wafa Kristo din ato ne so.

Ne korakora no, ma menkyɛ adesua a mesuaeɛ a ɛfa sɛdeɛ yɛbɛfa Kristo din ato yɛn so na yɛafa Asɔre no din a ɛteɛ so adi Ne ho adanseɛ.

Titenani Nelson, Onyankopɔn nkɔmhyɛni teasefoɔ, wɔ afe 2018 amansan nhyiamu kasa mu a wɔato din “Asɔre no Din a Ɛteɛ” no, ɔkaa sɛ: “Ɛ nsiesie. Ɛyɛ Awurade ahyɛdeɛ. Ɛnyɛ Joseph Smith na ɔtoo asɔre a ɛnam ne so baaɛ no din; ɛnyɛ Mormon nso. Agyenkwa no ankasa na Ɔkaa sɛ, “Na sei na wɔbɛfrɛ M’asɔre no wɔ nna ɛdi akyire no, mpo Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ’ [Nkyerɛkyerɛ ne Apam 115:4].”6

Yɛn nyinaa firii amansan nhyiamu mu saa da no a yɛahyɛ yɛn ho bɔ na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛdi nkɔmhyɛni no akyi na yɛde Asɔre no din a wɔada no adi no adi dwuma firi saa berɛ no. Mehwɛɛ me ho ampa sɛ mɛhwɛ sɛ mede Asɔre no din a ɛteɛ bɛdi dwuma. Mmerɛ kakra a ɛdi kan no na ɛsɛ sɛ mema m’ani da hɔ yie na memma kwan mma mensan nkɔ akwan dada no so. Mmɔden a ɛdi kan no akyi no, metee nka sɛ me ho tɔ me kɛseɛ sɛ mede Asɔre no din a wɔada no adi no bɛdi dwuma. Megye tom sɛ mpɛn pii no, anka mɛka Asɔre no din ntɛm. Metee nka sɛ ɛha me sɛ nkorɔfoɔ mfa wɔn adwene nsi Asɔre no din no nyinaa so, na ebia wobɛsusu sɛ ɛware kakra.

Nanso, akyire yi mehunuu sɛ, sɛ mede adwempa ka Asɔre no din no nyinaa a ɛma me ho kwan a ɛsom boɔ sɛ mɛka Yesu Kristo din na nokorɛ mu no, mɛdi Agyenkwa no ho adanseɛ ɛnam Ne din a mɛbɔ wɔ N’Asɔre no din mu no so. Mehyɛɛ no nso sɛ, sɛ me ne afoforɔ ka Asɔre no din a ɛteɛ a, na metaa kae Yesu Kristo na metee Ne nkɛntɛnsoɔ nka wɔ m’abrabɔ mu.

Sɛ yɛdi nkɔmhyɛni no akyi a, yɛn nyinaa bɛtumi asua sɛ yɛbɛdi Yesu Kristo ho adanseɛ pii berɛ a yɛde Asɔre no din a ɛteɛ bɛdi dwuma no so, na yɛnam saayɔ so afa Awurade din ato yɛn so yie.

Homeda anɔpa yi, mede anigyeɛ di adanseɛ sɛ Titenani Nelson yɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛni teasefoɔ na Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no yɛ Kristo Asɔre a wɔasan de aba no restored Church. Mede ahobraseɛ di Onyankopɔn Ba ne Ne nyamesu ho adanseɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn Abakan ne Ɔba Koro, yɛn Agyenkwa ne yɛn Gyefoɔ, Emmanuel.7 Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.