Amansan Nhyiamu
Owura, Yɛpɛ sɛ Yɛhunu Yesu
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Owura, Yɛpɛ sɛ Yɛhunu Yesu

Yɛpɛsɛ yɛhunu Yesu, sɛdeɛ ɔteɛ na yɛte Ne dɔ nka.

Anim-anifra

Da koro bi, wɔ nsutɔberɛ afe 1944, abranteɛ bi ani so tetee no wɔ asraafoɔ ayaresabea. Na ne tiri yɛ sɛ ɔte ase—na wɔabɔ no tuo wɔ n’aso akyi, nanso na adɔkotafoɔ ayɛ no oprehyɛn, ma afei na deɛ ɔtumi nante, kasa yie.

Awerɛhosɛm ne sɛ, na etuo aboba no asɛe n’adwene fa a ɛma ɔkae nnipa anim. Afei ɔhwɛ ne yere anim a, ɔnkae no koraa; na ɔnkae n’ankasa ne maame mpo. Mpo ɔnka n’anim wɔ ahwehwɛ mu—na ɔntumi nkyerɛ sɛ ɛyɛ ɔbaa naa ɔbarima.1

Na w’abɛyɛ anim-nifrani—tebea a ɛha nnipa mpempem.2

Nnipa a wɔyɛ anim-anifrafoɔ pa ara no bɔ mmɔden de mmara na wɔde kae hunu afoforɔ--wɔbɛtumi de sɛdeɛ nneɛma a asisi ɔbabaa bi anim teɛ anaa sɛdeɛ adamfoɔ bi twe ne nan ase ahyɛ no nso.

Renyini

Wei yɛ abasɛm a ɛtɔ so mmienu, na mabɛn fie: sɛ abarimaa ketewa, na me taa hunu me maame sɛ mmrahyɛni. Ɔno na ɔkyerɛ berɛ a mɛtumi adi agorɔ ne berɛ a mɛda, anaa, deɛ ɛkyɛn saa, berɛ a mɛdɔ adihɔ.

Na ɔdɔ me ankasa. Nanso aniwuo mu, mpɛn pii no na me hunu no sɛ “Obi a Ɛwɔ sɛ Yɛbu No.”

Mfeɛ kakra akyi no mabɛhunu no sɛ onipa ankasa. Ɛyɛ me aniwuo sɛ mɛka sɛ manhunu n’afɔrebɔ anaa mannwene ho da sɛnti a na ɔhyɛ skɛɛte mmienu pɛ (berɛ a na me nya sukuu ntaadeɛ afoforɔ) anaa sɛnti a na mmɔfra nson maame da ntɛm saa.

Ebia Yɛyɛ Anim-anifrafoɔ

Ebia woahunu sɛ saa abasɛm mmienu yi yɛ baako—mfeɛ pii mu, nokorɛ, na meyɛ anim-nifrani ankasa. Mantumi anhunu me maame sɛ ɔyɛ onipa ankasa. Mehunuu ne mmara nanso manhunu ne dɔ wɔ mu.

Meka saa abasɛm mmienu yi de kyerɛ adeɛ baako (ebia wo obi) a woyare honhom mu anifra wɔ kwan bi so.

Ebia woreyere wo ho sɛ wobɛhunu Onyankopɔn sɛ ɔdɔfoɔ Agya. Wobɛtumi ahwɛ soro na woahunu anim a ɛnyɛ ɔdɔ ne ahummɔborɔ, na mmom mmara denden a ɛwɔ sɛ wodebɔ bra. Ebia wogye di sɛ Nyankopɔn di hene wɔ ɔsoro, kasa fa Ne nkɔmhyɛfoɔ so, na ɔdɔ wo nuabaa nanso wodwene sɛ so Ɔdɔ wo nso.3 Ɛbia na wate dadeɛ abaa no nka wɔ wo nsa mu nanso wontee Agyenkwa no dɔ nka.4

Mesusu sɛ wonim nnipa pii te sɛ sei ɛfiri sɛ na me te sɛ obi saa—na meyɛ honhom mu anim-nifrani.

Na me dwene sɛ mabrabɔ yɛ mmera so die ne sɛ mɛfata susudua binom a ɛnni hɔ. Na menim sɛ Nyankopɔn dɔ wo pɛpɛɛpɛ nanso na me nte nka. Mesuro sɛ me dwene sɛ mɛkɔ soro kyɛn sɛ me ne Me Soro Agya bɛtena.

Sɛ wo, te sɛ me, ɛtɔda a yɛtumi de yɛn ano fa ho, nanso yɛnto “ɔgyeɛ dɔ ho dwom no bi,”5 deɛn na yɛbɛtumi ayɛ?

Mmuaeɛ no, sɛdeɛ Titenani Russell M. Nelson kae yɛn no, yɛ Yesu berɛ biara.6 Na ɛno yɛ asɛm pa.

Owura, Yɛpɛ sɛ Yɛhunu Yesu

Asɛm tiawa bi wɔ Yohane a medɔ. Ɛkasa fa ananafoɔ kuo bi a wɔbɛyɛɛ n’akyidifoɔ berɛ a wɔtuu anammɔn kɛseɛ bi. “Owura,” wɔbisaeɛ, “yɛbɛ [pɛ sɛ] yɛhu Yesu.”7

Ɛno na yɛn nyinaa pɛ—sɛ yɛbɛhunu Yesu sɛdeɛ ɔteɛ na yɛate Ne dɔ nka. Ɛwɔ sɛ yei yɛ sɛnti ma nneɛma dodoɔ a yɛyɛ wɔ Asɔre no mu—ne adidikronkron nhyiamu biara ase. Sɛ woredwene adesuadeɛ a wobɛkyerɛ, agyinatuo nhyehyɛɛ a wobɛyɛ, ne sɛ wobɛgyae deacons no hɔ na woadi agorɔ a, wobɛtumi de saa twerɛsɛm yi ayɛ mfatoho: yei bɛboa ma nkorɔfoɔ ahunu Yesu Kristo dɔ no anaa? Sɛ daabi a, ɛbia yɛ biribi foforɔ.

Berɛ a mehunuu sɛ meyɛ Honhom mu anim-anifrani, na na mehunu mmera nanso ɛnyɛ Agya no ahummɔborɔ anim no, na menim sɛ ɛnyɛ Asɔre na ayɛ. ɛnyɛ Nyankopɔn, na na ɛnkyerɛ sɛ anidasoɔ asa; ɛyɛ biribi a ɛwɔ sɛ yɛn lnyinaa sua. Mpo adikanfoɔ adansefoɔ no hyiaa Awurade a wawu asɔre no anim ne anim a wɔanhunu no; firi turom nna so kɔsi Galilea mpoano, akyidifoɔ a wɔdikan no “hunuu Yesu sɛ ɔgyina hɔ nanso na wɔnnim sɛ ɛyɛ Yesu.”8 Na ɛwɔ sɛ wɔsua sɛdeɛ wɔbɛhunu no, na saa ara na ɛwɔ sɛ yɛyɛ.9

Ɔdɔ mapa

Berɛ a mehunuu sɛ meyɛ Honhom mu anim-anifra, mehyɛɛ aseɛ de Mormonfoɔ afotuo sɛ memfa “ahoɔden a ɛwɔ akoma mu nyinaa” mmɔ mpaeɛ sɛdeɛ ɔdɔ bɛhyɛ me ma sɛdeɛ ɔhyɛɛ akyidifoɔ no bɔ no—ɔdɔ a mewɔ ma No ne Ne dɔ ma me—na mɛhunu no sɛdeɛ Ɔteɛ.”10 Mebɔɔ mpaeɛ sɛ mɛtumi adi mmara kɛseɛ a ɛdi kan sɛ mɛdɔ Nyankopɔn na manya atenka afa nokorɛ a ɛdi kan … sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn na ɔde Ne akoma, tumi, adwene, ne ahoɔden, nyinaa.”11

Asɛmpa no

Mesan nso kanee, san kenkanee na mesan kenkanee Asɛmpa nan no na ɛnyɛ sɛ mɛyi bi afiri Ne mmara no mu na mmom sɛ mɛhunu sɛdeɛ Ɔteɛ ne deɛ Ɔpɛ. Na wɔ berɛ mu no, ɔdɔ nsuo a ɛfiri Ne hɔ no faa me.

Yesu de too dua sɛ wɔsomaa No “sɛ ɔmmɛsa deɛ n’akoma abubuo yareɛ, Ɔmmɛka ɔgyeɛ nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nkoasom mu, na Ɔmmue anifrafoɔ ani.”12

Na ɛno nyɛ bibiribi a ɛwɔ sɛ Ɔyɛ kɛkɛ anaa sɛ abodin bi kɛkɛ na mmom saa na Ne dɔ su teɛ.

Bue Asɛmpa no biara; wɔ kratafa biara no wobɛhunu No sɛ ɔrehwɛ nnipa a wɔreberɛ--honam mu, honhom mu ne asetena mu. Ɔde Ne nsa kaa wɔn a wɔsusu sɛ wɔn ho nteɛ na wɔn ho wɔ fi13 na Ɔmaa wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane diiɛ.14

W’ayɛsɛm paa fa Yesu ho ne deɛn? Me susu sɛ ɛkyerɛ Onyankopɔn Ba no sɛ Ɔde anidasoɔ rema obi a wayi no totwene—ɔkwatani no,15 Samariani no a wɔtan,16 ɔdebɔneɛni a wabu no fɔ no,17 anaa ɔman tamfo no.18 Saa adom wei yɛ nwanwasoɔ.

Bɔ mmɔden twerɛ to hɔ berɛ biara a Ɔyi ayɛ anaa ɔsa yareɛ anaa ɔne ananafoɔ bɛdidi, na wo twerɛdua bɛsa ansa na woafiri Luka.

Mehunuu yei na m’akoma hwirii wɔ ɔdɔ aniku mu, na mehyɛɛ aseɛ nyaa tee nka sɛ Ɔdɔ me. Sɛdeɛ Titenani Nelson akyerɛ no, “Dodoɔ no a wosua Agyenkwa no ho asɛm no, ɛyɛ mmrɛ ma wogye N’ahummɔborɔ, Ne dɔ a ɛnniawieeɛ, ne Ne denhyɛ, ayaresa, ne ɔgyeɛ tumi no di.”19 Na wobɛdɔ anya awerɛhyɛm wɔ wo Soro Agya mu yie.

Elder Holland akyerɛ yɛn sɛ Yesu baa sɛ “ɔbɛkyerɛ yɛn nea ne sɛdeɛ Nyankopɔn yɛn Daa Agya no teɛ, sɛdeɛ N’ani ku Ne mma ho”20wɔ berɛ ne ɔman biara mu.

Paulo sɛ Onyankopɔn yɛ “Ahummɔborɔ [nyinaa] Agya, ne awerɛkyekyerɛ nyinaa Nyankopɔn.”21

Sɛ wonhunu No saa a, kɔ so ara bɔ mmɔden.

Apam ne Onyankopɔnm atuuyɛ

Nkɔmhyɛfoɔ to nsa frɛ yɛn sɛ yɛn nhwehwɛ N’anim.22 Fa wei yɛ nkaeɛ sɛ yɛsom yɛn Agya, ɛnyɛ nhyehyɛɛ, na yɛnnnwiee kɔsi sɛ yɛbɛhunu Yesu sɛ ɔno ne Agya no dɔ23 na yɛadi Nakyi, na ɛnyɛ Ne mmera so kɛkɛ.24

Sɛ yɛn nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ kasa fa apam ho a, wɔnte sɛ kookyifoɔ a wɔreteateam firi (ntoma pa) apata ase regu yɛn so, sɛ “yɛnyere yɛn ho!” Wɔpɛ sɛ yɛhunu yɛn apam nnyinasoɔ sɛ ɛyɛ twaka a ɛda yɛn ntamu25 na ɛbɛtumi asa honhom anim-anifra.26 Ɛnyɛ mmera a yɛdenya Ne dɔ; Ɔdɔ wo yie ankasa Deɛ na ɛyɛ den ma yɛn ne sɛ yɛbɛte aseɛ na yɛabɔ bra wɔ saa ɔdɔ no mu.27

Yɛbɔ mmɔden hunu yɛn apam mu te sɛ deɛ yɛrehwɛ mpoma mu, akɔ Agya no ahummɔbrɔ anim no.

Apam yɛ Onyankopɔnm dɔ atuuyɛ.

Onyankopɔnm dɔ asubɔnten.

Yɛbɛtumi asua ahunu No berɛ a woresom No. “Na ɛbɛyɛ dɛn na nnipa bɛhunu ne wura mmerɛ a ɔnsom no da?”28

Mfeɛ kakra a atwam, Menyaa ɔfrɛ foforɔ a na ɛboro me so. Mede ayamhyehyeɛ sɔree ntɛm—nanso na nsɛm bi wɔ m’adwene mu a mentee da: sɛ wobɛsom wɔ Asɔre yei mu te sɛ wogyina ɔdɔ a Nyankopɔn wɔ ma ne mma nsuo mu. Saa Asɔre yi yɛ adwuma apontoɔ a nnipa kurakura akadeɛ, rebɔ mmɔden ayi kwan ama Nyankopɔn dɔ asubɔntene akɔduru ne mma nkyɛn.

Sɛdeɛ wo teɛ biara, deɛ wayɛ biara no, bea bi wɔ hɔ ma wo wɔ mu Asɔre.29

Fa abaa ne sofi na ka kuo no ho. Boa fa Ne dɔ kɔma Ne mma na ɛbi bɛbɔ agu wo ho.30

Yɛn nhwehwɛ Ne dɔ anim, Napam atuuyɛ na yɛnka abasa ho na yɛmmɔ mu nto “Israel Dimafoɔ” dwom:

San fa ma, m’Agyenkwa dɔfoɔ,

Kanea a ɛwɔ w’anim;

Ɔkra-awerɛkyekyerɛ no kyɛ;

Na ma wo mu dɛ mmra.

Ma wo kronkron bea

Fa anidasoɔ brɛ m’akoma a abrɛ.31

Moma yɛnhwehwɛ Ne dɔ anim na yɛnyɛ ankorɛ ma Nahummɔbrɔ a ɛkɔ ma Ne mma.32 Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. See Hadyn D. Ellis and Melanie Florence, “Bodamer’s (1947) Paper on Prosopagnosia,” Cognitive Neuropsychology, vol. 7, no. 2 (1990), 84–91; Joshua Davis, “Face Blind,” Wired, Nov. 1, 2006, wired.com.

  2. Hwɛ Dennis Nealon, “How Common Is Face Blindness?,” Harvard Medical School, Feb. 24, 2023, hms.harvard.edu; Oliver Sacks, “Face-Blind,” New Yorker, Aug. 23, 2010, newyorker.com.

  3. “Asɔremma bi gyedi sɛ nkyerɛkyerɛ, nnyinasosɛm, ne adanseɛ a wɔtaa ka wɔ Nhyiamu Asoɛeɛ ne mpɔtam nhyiamu ase wɔ wiase nyinaa yɛ nokorɛ—nanso wɔnnye nni sɛ saa daapem nokorɛ yeinom yɛ adwuma wɔ wɔn ankasa abrabɔ ne wɔn tebea mu” (David A. Bednar, “Abide in Me and I in You,” “Abide in Me, and I in You; Therefore Walk with Me,” Liahona, May 2023, 125).

  4. Hwɛ 1 Nephi 8:19; 15:23 “Ɛyɛ den sɛ wobɛkora Awurade mmaransɛm no berɛ a wonni gyedie ne awerɛhyem wɔ Ne mu” (Henry B. Eyring, “The Faith to Ask and Then to Act,” Liahona, Nov. 2021, 75).

  5. Alma 5:26

  6. Hwɛ Russell M. Nelson, “Daa nyinaa Mmuaɛ no yɛ Yesu,” Liahona, May 2023, 127–28.

  7. Yohane 12:21.

  8. Yohane 20:14 They saw but did not know Him on the road to Emmaus (hwɛ Luka 24:16), in a locked room (hwɛ Luka 24:37), on the shores of Galilee (hwɛ Yohane 21:4), and at the Garden Tomb (hwɛ Yohane 20:14).

  9. Sɛ yɛde yɛn akoma nyinaa hwehwɛ No, na yɛde gyidie kɔ a, yɛbɛhunu No.

    “Na me deɛ menim adwene ko a meredwene mo ho, Awurade asɛm nie, asomdwoeɛ adwene.…

    And ye shall seek me, and find me, when ye shall search for me with all your heart” (Yeremia 29:11, 13

    “The day shall come when you shall comprehend even God, being quickened in him and by him.

    Then shall ye know that ye have seen me, that I am” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:49–50

    “Ɔkra biara a ɔpo ne bɔne na ɔba me hɔ, na ɔbɔ me din, na ɔyɛ setie ma me nne, na ɔdi me mmaransɛm soɔ no, ɔbɛhunu m’anim na wahunu sɛ me tease.” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:1

  10. Moroni 7:48. Paul also connects charity with our ability to see clearly. At the conclusion of his great sermon on charity, he writes that though “now we see through a glass, darkly,” we will later see “face to face: then shall I know even as also I am known” (1 Corinthians 13:12).

  11. Jeffrey R. Holland, “Tomorrow the Lord Will Do Wonders among You,” LiahonaKɔtɔnimma 2016, 127. “The greater definition of ‘the pure love of Christ’ … is not what we as Christians try but largely fail to demonstrate toward others but rather what Christ totally succeeded in demonstrating toward us. True charity has been known only once. It is shown perfectly and purely in Christ’s unfailing, ultimate, and atoning love for us” (Jeffrey R. Holland, Christ and the New Covenant: The Messianic Message of the Book of Mormon [1997], 336).

  12. Luke 4:18, New King James Version.

  13. See Matthew 8:3; 9:25.

  14. Hwɛ Mateo 14:13–21

  15. Hwɛ Mateo 8:1–3.

  16. Hwɛ John 4:7–10; Ɔkamfoo Samariani no (hwɛ Luka 10:25–37).

  17. Hwɛ Mateo 21:31–21; Luka 07:27–50; 15:1–10; Yohane 8:2–12

  18. Hwɛ Mateo 8:5–13

  19. Russell M. Nelson, “Kristo Asɔre; Ne mu Gyedie Bɛtutu Mmepɔ,,” Liahona, Kɔtɔnima 2021, 103.

  20. Jeffrey R. Holland, “Onyankopɔn Kɛseyɛ,” Laehona, Obubuo. 2003, 70. “He that hath seen me hath seen the Father” (Yohane 14:9).

  21. 2 Korintofoɔ 1:3

  22. Hwɛ Nnwom 46:10; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 101:16

  23. See 2 Corinthians 4:6; Pope Francis, “Misericordiae Vultus: Bull of Indiction of the Extraordinary Jubilee of Mercy,” Apostolic Letters, vatican.va.

  24. This is an important theme. It’s not just the work of salvation and exaltation but His work of salvation and exaltation (see General Handbook: Serving in The Church of Jesus Christ of Latter-day Saints, 1.2, Gospel Library). I don’t just go to a temple but to the house of the Lord; it’s not the Mormon Church but the Church of Jesus Christ (see Russell M. Nelson, “The Correct Name of the Church,” Liahona, Nov. 2018, 87–89). Our leaders point us to Him and even remind us that there “is no amorphous entity called ‘the Atonement’ upon which we may call for succor, healing, forgiveness, or power. Jesus Christ is the source” (Russell M. Nelson, “Drawing the Power of Jesus Christ into Our Lives,” Liahona, May 2017, 40).

  25. “The covenant path is all about our relationship with God”; it is the “path of love— … compassionate caring for and reaching out to each other” (Russell M. Nelson, “The Everlasting Covenant,” Liahona, Oct. 2022, 11).

    See David A. Bednar, “The Blessed and Happy State” (address given at the seminar for new mission leaders, June 24, 2022); Scott Taylor, “Elder Bednar Shares 7 Lessons on ‘the Blessed and Happy State’ of Obedience,” Church News, June 27, 2022, thechurchnews.com.

    “Entering into sacred covenants and worthily receiving priesthood ordinances yoke us with and bind us to the Lord Jesus Christ and Heavenly Father. This simply means that we trust in the Savior as our Advocate and Mediator and rely on His merits, mercy, and grace during the journey of life. …

    Living and loving covenant commitments creates a connection with the Lord that is deeply personal and spiritually powerful. … Jesus then becomes much more than the central character in scripture stories; His example and teachings influence our every desire, thought, and action” (David A. Bednar, “But We Heeded Them Not,” Liahona, May 2022, 15).

    See also D. Todd Christofferson, “Our Relationship with God,” Liahona, May 2022, 78–80.

  26. “And without the ordinances thereof, and the authority of the priesthood, the power of godliness is not manifest unto men in the flesh;

    “For without this no man can see the face of God, even the Father, and live” (Doctrine and Covenants 84:21–22

  27. Patricia Holland, “A Future Filled with Hope” (worldwide devotional for young adults, Jan. 8, 2023), Gospel Library:

    “You don’t have to run around chasing after [the hope that He will help you]; you don’t and you can’t manufacture it. Like so much in the realm of grace, you won’t acquire it by leaning on your own strength or on that of another person. There are no secret formulas or any magical mantras involved. …

    “In fact, the part we play is important but actually very small; God has the larger portion of the task. Our part is to come unto Him in lowliness and simplicity, then we should worry not and fear not.”

  28. Mosiah 5:13; see also John 17:3.

  29. President Nelson has repeatedly called on us to “expand our circle of love to embrace the whole human family” (“Blessed Are the Peacemakers,” Liahona, Nov. 2002, 41). In May 2022 he told young adults that “labels can lead to judging and animosity. Any abuse or prejudice toward another because of nationality, race, sexual orientation, gender, educational degrees, culture, or other significant identifiers is offensive to our Maker” (“Choices for Eternity” [worldwide devotional for young adults, May 15, 2022], Gospel Library). Medi awerɛhoɔ sɛ yɛ nuanom mmarima ne mmaa tuntumfoɔ a wɔwɔ wiase nyinaa kɔ nnipa nyiyimu ne adwemmɔne yea mu. Ɛnnɛ mefrɛ asɔremma a wɔwɔ babiara sɛ wɔnyɛ akannifoɔ wɔ nneyɛɛ ne suban a ɛyɛ adwemmɔne gyaeɛ mu. Mesrɛ mo sɛ monkyerɛ obuo mma Onyankopɔn mma nyinaa” (“Let God Prevail,” Liahona, Obubuo 2020, 94).

    “Prejudice is not consistent with the revealed word of God. Adom anaasɛ ɔtan wɔ Onyankopɔn hɔ gyina ahofama a mowɔ ma Onyankopɔn ne Ne mmaransɛm, na ɛnyɛ mo honam ahosuo,

    “… This includes prejudice based on race, ethnicity, nationality, tribe, gender, age, disability, socioeconomic status, religious belief or nonbelief, and sexual orientation” (General Handbook, 38.6.14, Gospel Library).

  30. Hwɛ 1 Nifae 11:25

  31. Redeemer of Israel,” Nnwom, nɔma. 6.

  32. Hwɛ Romafoɔ 9:23