Amansan Nhyiamu
Ahobraseɛ sɛ yɛbɛgye na Y’adisoɔ
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Ahobraseɛ sɛ yɛbɛgye na Y’adisoɔ

Ahobrɛase yɛ ahwehwɛdeɛ a ɛyɛ ahyɛdeɛ na ama yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛsan aba Onyankopɔn anim.

Alma ti a ɛtɔ so nnum no mu no, wɔbisaa asɛmmisa bi a ɛfa wɔn ho: “So mobɛtumi aka, sɛ wɔfrɛ mo sɛ monwu saa berɛ yi, wɔ mo mu, sɛ moabrɛ mo ho ase sɛnea ɛsɛ?”1 Saa asɛmmisa no kyerɛ sɛ ahobrɛase yɛ ahwehwɛdeɛ a ɛyɛ ahyɛdeɛ na ama yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛsan aba Onyankopɔn anim.

Yɛn nyinaa ani gye ho sɛ yɛbɛsusu sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase sɛnea ɛsɛ, nanso asetena mu suahunu ahodoɔ bi ma yɛhu sɛ abɔdeɛ mu nipa a ɔyɛ ahantan no taa te ase kɛseɛ wɔ yɛn mu.

Mfie bi a atwam ni, berɛ a na yɛn mmabaa baanu no da so ara te fie no, misii gyinaeɛ sɛ mɛkyerɛ wɔn ne me yere adwumayɛbea a na mehwɛ so wɔ adwumakuo a meyɛ adwuma wɔ hɔ no mu.

Na me tirimpɔ ankasa ne sɛ mɛkyerɛ wɔn baabi a, nea ɛnte sɛ yɛn fie no, obiara bɛyɛ nea meka kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ a ɔremmisa me nsɛm. Berɛ a yɛduruu anim pono a mpɛn pii no ɛbue ara kwa berɛ a me lɔɔre no bɛn hɔ no, ɛyɛɛ me nwanwa sɛ saa berɛ yi ammue. Mmom no, ɔwɛnfoɔ bi a menhuu no da baa lɔɔre no ho bɛbisaa me m’adwumakuo no ID card.

Meka kyerɛɛ no sɛ menhia ID da na mede me lɔɔre akɔ agyapadeɛ no mu na afei mebisaa no asɛm a ɛyɛ ahantan a wɔtaa de di dwuma no: “So wunim onii a wo ne no rekasa?”

Ɛno na obuae sɛ, “Wiɛ, esiane sɛ wunni wo company ID nti, mentumi nhu onii ko a woyɛ, na berɛ a mewɔ pono yi ano no wɔmma wo kwan mma wo wo nnwura beaɛ hɔ a wo nni wo din pa.”

Mesusuiɛ sɛ mɛhwɛ ahwehwɛ a ɛhwɛ akyi no, nanso na menim sɛ me mma mmaa no renya anigyeɛ wɔ saa berɛ no mu simma biara mu! Na me yere a ɔwɔ me nkyɛn no rewoso ne ti de akyerɛ sɛ ɔmpene me suban no so. Ɔkwan a ɛtwa toɔ a meyɛeɛ ne sɛ mɛpa ɔwɛmfoɔ no akyɛw na maka sɛ ɛyɛ me ya kɛseɛ sɛ me ne no dii no bɔne saa. Ɔkaa sɛ: “Mede akyɛ wo, nanso sɛ wonni adwumakuo ID a, woremma nnɛ!”

Afei mede me lɔɔre sane kɔɔ fie brɛoow paa sɛ merekɔgye me ID, ɛfirisɛ masua asuadeɛ a ɛsom bo yie: Sɛ yɛfa sɛ yɛmmrɛ yɛn ho ase a, yɛwie a wɔbrɛ yɛn ase.

Wɔ Mmebusɛm mu no yehu sɛ, “Ɔbɛbrɛ ahantanfoɔ ase, na anidie bɛhyɛ ahobraseɛfoɔ honhom mu.”2 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnya ahobraseɛ no, ɛsɛ sɛ yɛte nea ɛkyerɛ ankasa wɔ asɛmpa no mu nsɛm ase.

Nnipa binom de ahobraseɛ frafra nneɛma foforɔ te sɛ ohia. Nanso nokorɛ mu no pii wɔ hɔ a wɔyɛ ahiafoɔ na wɔyɛ ahantan na pii nso wɔ hɔ a wɔyɛ adefoɔ nanso wɔbrɛ wɔn ho ase. Ɛbia afoforɔ a ɔfɛre adeɛ kɛseɛ anaa wɔbu wɔn ho abomfiaa no wɔ ahobraseɛ ho hwɛbea wɔ akyi nanso wɔ wɔn komam tɔnn no, ahantan ahyɛ wɔn ma.

Ɛnti deɛn ne ahobraseɛ? Sɛnea Preach My Gospel kyerɛ no, ɛyɛ “ɔpɛ a obi wɔ sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ Awurade apɛde ase. Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ deɛ wotumi kyerɛkyerɛ no [Ɛyɛ] ade titire a ɛkanyan honhom mu nkɔsoɔ.”3

Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ kwan pii wɔ hɔ a yɛn nyinaa bɛtumi atu mpɔn wɔ su a ɛte sɛ Kristo deɛ yi mu. Mepɛ sɛ medi kan ahwehwɛ sɛnea yabrɛ yɛn ho ase, anaa ɛsɛ sɛ yɛyɛ, wɔ yɛn nkɔmhyɛni no afotuo akyi. Anototoeɛ prɛko ma yɛn ankorɛankorɛ bɛtumi ayɛ:

  • Yɛbɔ Asɔre no din nyinaa wɔ yɛn nkutahodie nyinaa mu? Titenani Nelson kaa sɛ, “Sɛ yɛbɛyi Awurade din afiri Awurade Asɔre no mu a, ɛyɛ nkonimdie kɛseɛ ma Satan.”4

  • So yɛma Onyankopɔn di y’abrabɔ anim wɔ abrɛ a yɛregye yɛn nkɔmhyɛni nsa a wato afrɛ yɛn no? Ɛnnɛ mefrɛ asɔremma a wɔwɔ babiara sɛ wɔnyɛ akannifoɔ wɔ nneyɛɛ ne suban a ɛyɛ adwemmɔne gyaeɛ mu.”5

  • Nti yɛredi wiase so nkonim, de yɛn ho ato Kristo nkyerɛkyerɛ so sen nnipa nyansapɛ ahodoɔ, sɛnea yɛn diyifoɔ no kyerɛkyerɛeɛ no?6

  • Nti yɛabɛyɛ asomdwoefoɔ a yɛka nsɛm pa kyerɛ nkurɔfoɔ ne wɔn ho asɛm? Titenani Nelson kyerɛkyerɛɛ yɛn amansan nhyiamu a atwam no: “Sɛ biribi wɔ hɔ a ɛyɛ papa, ɔdɔ anaa amanneɛbɔ pa anaa ayeyie a yɛbɛtumi aka afa obi foforɔ ho —sɛ ɔɛyɛ n’anim anaa n’akyi —ɛsɛ sɛ ɛno yɛ yɛn nkutahodie gyinapɛn.”7

Yeinom yɛ akwankyerɛ a ɛnyɛ den nanso tumi wom. Kae, deɛ na ɛsɛ sɛ Mose nkurɔfoɔ yɛ na wɔasa wɔn yareɛ ara ne sɛ wɔbɛhwɛ kɔbere ɔwɔ a ɔmaa so no.8 Nso “ɛnam sɛ adwuma no nnyɛ den na ɛyɛ merɛ nti, dodoɔ no ara na wɔyeraaɛ.”9

Wɔ saa nhyiamu yi mu no y’ate na yɛbɛsan ate afutuo a ɛnni hwammɔ afiri yɛn nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ hɔ. Ɛyɛ berɛ a ɛyɛ pɛ sɛ yɛbɛnya ahobraseɛ na yɛama yɛn adwene a ɛyɛ den no amene wɔ gyedie a emu yɛ den mpo sɛ Awurade nam saa akannifoɔ a wɔapaw wɔn yi so kasa ampa.

Nea ɛkyɛn ne nyinaa no, wɔ ahobraseɛ a yɛbɛnya mu no, ɛsɛ sɛ yɛte aseɛ na yɛgye tom nso sɛ yɛntumi nni yɛn nsɛmdenden so anaasɛ yɛmfa yɛn ankasa mmɔdenmɔ nkutoo so nnya yɛn tumi nyinaa. Akasafoɔ a wɔkanyan, atwerɛfoɔ, akyerɛkyerɛfoɔ ne wɔn a wɔwɔ nkɛntɛnsoɔ wɔ wiase nyinaa, titire wɔ digital nhyiamu so, bɛka sɛ biribiara gyina yɛn ne yɛn nneyɛeɛ nko ara so. Wiase gye honam abasa di.

Nanso ɛnam asɛmpa a wɔasan de aba no so na yɛasua sɛ yɛde yɛn ho to Ɔsoro Agya no ayamyɛ ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo Mpata so kɛseɛ, “ɛfiri sɛ yɛnim sɛ ɛnam adom so na wɔgye yɛn nkwa, wɔ deɛ yɛbɛtumi ayɛ nyinaa akyi.”10 Ɛno nti na ɛho hia paa sɛ yɛne Onyankopɔn yɛ apam na yɛdi so, ɛfiri sɛ saa a yɛbɛyɛ no bɛma yɛanya kwan koraa akɔ Yesu Kristo ayaresa, tumi, ne pɛyɛ tumi ɛnam Ne Mpata so.

Sacrament nhyiamu a yɛbɛkɔ nnawɔtwe biara na yɛasom wɔ temple daa de yɛn ho ahyɛ ayɛyɛdeɛ no mu na yɛanya na yɛayɛ apam foforɔ no yɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛhunu sɛ yɛde yɛn ho to Ɔsoro Agya ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo so. Ɛno bɛto nsa afrɛ Wɔn tumi aba yɛn abrabɔ mu sɛ wɔmmoa yɛn wɔ yɛn haw nyinaa mu na awieɛ koraa no wɔama yɛn adebɔ susudua no aba mu.

Ɛnkyɛeɛ koraa na wɔsɔɔ m’ahobraseɛ ne nteaseɛ a ɛwɔ me ho a mede to Awurade so no hwɛeɛ bio. Na mete lɔɔre mu rekɔ ɛwiemhyɛn gyinaeɛbea akɔfa ɛwiemhyɛn akɔ siesie asɛm denden bi. Ɔhyɛnkafoɔ, a na ɔnyɛ Asɔreba no, hwɛɛ me wɔ ne lɔɔre ahwehwɛ mu kaa sɛ, “Me tumi hu sɛ ɛnnɛ deɛ wanim nkɔ me yie!”

“Wobɛtumi aka?” Me bisaaɛ.

“Ampa ara,” ɔkaa saa. “Ampa ara wo wɔ ade bɔnee bi atwa wo ho!”

Me kyerɛkyerɛɛ no mu sɛ me wɔ haw denden bi yɛ wɔ berɛ a ɔbisaa me sɛ, “Wayɛ biribiara wɔ tumi mu sɛ wo bɛsiesie yei?”

Me gyee so sɛ mayɛ deɛ mɛtumi ayɛ biara.

Na ɔkaa sɛ, “Nti gyae yei hyɛ Nyame nsa, na biribiara bɛyɛ kama.”

Me ka nokorɛ sɛ na mepɛ sɛ me bisa no sɛ, “Wonim nipa a wo ne no rekasa no?” Nanso m’anyɛ! Deɛ me yɛeɛ ne sɛ mɛbrɛ me ho ase wɔ mpaebɔ mu wɔ Awurade anim wɔ donhwere baako akwantuo no, rebisa moa kronkron. Berɛ a mefirii wiemhyɛn no mu no, me suaa sɛ mmerɛ a na emu ayɛ den no na wayɛ awie pɛpɛɛpɛ mpo no na me maeɛ no mpo nhia saa berɛ no bio.

Anuanom mmarima ne Mmaa,mmra, nsatoɔ ne bɔhyɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ no yɛ pefee na ɛma awerɛkyekyerɛ: “ Nya ahobraseɛ; na Onyankopɔn bɛsɔ wo nsa na wakyerɛkyerɛ wo na wama wo mpaebɔ ho mmuaeɛ.”11

Yɛnyɛ ahobraseɛfoɔ na yɛndi yɛn nkɔmhyɛfoɔ afutuo so na yɛnye ntom sɛ Onyankopɔn ne Yesu Kristo bɛtumi asesa yɛn nam—ayɛyedeɛ ne apam a yɛgyeɛ wɔ N’asɔre mu— a ɛrekɔ yɛn tebea papa mu wɔ abrabɔ mu na dakoro y’awie pɛyɛ wɔ Kristo mu. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.