Amansan Nhyiamu
Sene Ɔkokoɔdurufoɔ
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Ɔsene Ɔkokoɔdurufoɔ

Yesu Kristo nyɛ yɛn brane kɛkɛ, na mmom Ɔyɛ yɛn Awurade ne yɛn Hene, afei adasamma Agyenkwa ne Ɔgyefoɔ.

Ɛfiri 1856 kɔsi 1860 Nna a Edi Akyire Ahotefoɔ akannifoɔ pii twee wɔn nneɛma wɔ nsa teaseɛnam mu bɛboro akwansini apem(1,600 km) berɛ a wɔtu kɔɔ Salt Lake Bonhwa no mu. Mfeɛ 167 a atwam wɔ nnawɔtwe yi mu, wɔ Ahinime 4, 1856 mu no, Titenani Brigham Young ho dwirii no sɛ ɔtee sɛ nsa teaseɛnam akuo mmienu, a Edward Martin ne James Willie di wɔn anim no, da so ara wɔ akwansini ɔhaha pii firi Salt Lake, a na awɔberɛ rebɛn ntɛmntɛm.1 Adeɛ kyeeɛ no ara, Otitenani Young gyinaa Ahotefoɔ no anim na ɔpaee mu kaa sɛ, “Yɛn nuanom mmarima ne mmaa no mu bebree te nsa teaseɛnam mu wɔ asasetam so, na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ba ha. Mo nkɔfa saa nkorɔfoɔ no mmra seesei wɔ saa asasetam no so.”2

Nna mmienu pɛ akyi no, akuo a wɔdi kan a wɔrekɔgye nkorɔfoɔ no firii hɔ kɔhwehwɛɛ nsa teaseɛnam akannifoɔ no.

Wɔn a na wɔka Willie ho no mu baako kyerɛkyerɛɛ tebea a ɛmu yɛ den a na ɛwɔ hɔ ansa na kuo titirie a wɔgye nkorɔfoɔ no reba. Ɔkyɛeɛ, “Berɛ a na ɛte sɛ nea ne nyinaa bɛyera, na ɛte sɛ nea kakraa bi na aka a yɛbɛtena ase ama, te sɛ agradaa a ɛfiri wiem a ɛmu da hɔ no, Onyankopɔn buaa yɛn mpaebɔ. Agyefoɔ kuo a wɔrekyekyɛ aduane baa beaɛ hɔ. Na yɛdaa Awurade ase sononko wɔ yɛn ɔgyeɛ no.”3

Na saa agyefoɔ yi yɛ akokoɔdurufoɔ ma akannifoɔ no, na wɔde wɔn ankasa nkwa too asiane mu wɔ wiem tebea a ɛmu yɛ dene mu sɛdeɛ wɔde dodoɔ a wɔbɛtumi bɛba fie dwoodwoo. Na saa akokoɔdurufoɔ no mu baako ne Ephraim Hanks.

Wɔ Ahinime mfimfini, a na ɔnnim nsa teaseɛnam ahokyerɛ no, na Hanks resan akɔ ne fie wɔ Salt Lake wɔ akwantuo bi akyi berɛ a, anadwo no, ɛnne bi nyanee no, sɛ, “Nsa teaseɛnamfoɔ no wɔ ɔhaw mu, na wɔhia wo; wobɛkɔ akɔboa wɔn?”

Wɔ saa asɛmbisa a na ɛrekɔso wɔ n’adwene mu no ɔyɛɛ ntɛm san kɔɔ Salt Lake City. Na, berɛ a ɔtee sɛ Titenani Heber C. Kimball refrɛ atuhoakyɛfoɔ foforɔ no, Hanks sii kwan so da a ɛdi hɔ no ara, n’ankasa, sɛ ɔrekɔgye wɔn. Ɔretu ntɛmntɛm no, ɔpaa aboafoɔ afoforɔ ho wɔ kwan no so a, berɛ a ɔduruu Martin nkorɔfoɔ no ho no, Hanks kaee sɛ: “Adeɛ a mede m’ani hunuiɛ berɛ a mewuraa wɔn nsraban mu no, ntumi mpopa mfiri m’adwene mu da na na ɛdɔɔso sɛ ɛbɛka akoma a ɛyɛ den pa ara.”4

Efraim Hanks de nna pii firii ntomadan baako mu kɔɔ foforɔ mu hyiraa ayarefoɔ. Ɔkaa sɛ, “mpɛn pii no, berɛ a yɛboaa ayarefoɔ, na yɛsaa nyarewa no wɔ Awurade Yesu Kristo din mu a, amanehunufoɔ no boaboaa wɔn ho ano prɛko pɛ; ɛkame ayɛ sɛ wɔsaa wɔnyaa ayaresa amonom hɔ ara.”5 Ebia Ephraim Hanks bɛkɔ so ayɛ ɔbrane daa ama saa nsa teaseɛnam akannifoɔ no.

Saa na ɔgyeɛ nwanwasoɔ no adeyɔ a ɛsesa yɛn abrabɔ mpo wɔ abakɔsɛm mu no mpo taa yɛ nea ɛfiri mmarima ne mmaa ankorankoro gyinasie ne wɔn nkɔsoɔ mu ba—adwumfoɔ akɛseɛ, abɔdeɛ nyansahunufoɔ, adwadie akannifoɔ, ne amannwɔfoɔ. Wɔtaa hyɛ saa ankorankorɛ sononko yi animuonyam sɛ abrane, na wɔsisi nkaedum ahodoɔ de kae wɔn nnwuma akɛseɛ.

Berɛ a na meyɛ abarimaa kumaa no, na m’akokoɔdurufoɔ a wɔdi kan ne agoprama so agodifoɔ. Nea ɛdi kan a mekae ne sɛ meboaboa basebɔɔl nkrataa a Major League Basebɔɔl agodifoɔ mfonini ne akontabuo wom ano. “Akokoɔdurofoɔ som” sɛ abɔfra bɛtumi ayɛ anigyeɛ na ɛho nni asɛm te sɛ mmɔfra a wɔsiesie wɔn ho sɛ abrane akɛseɛ a wɔpɛ wɔn asɛm wɔ Halloween for Halloween. Ɛwom sɛ yɛn ani gye mmarima ne mmaa a wɔn ho akokwa na wɔn ho yɛ nwanwa pii ho na yɛbu wɔn wɔ wɔn tumi ne wɔn ntoboa ho deɛ, nanso baabi a “wɔbu wɔn” kɔduru no, sɛ wɔfa no boro so a, ɛbɛtumi ayɛ nea ɛne Israel mma a wɔsom sika nantwie ba wɔ srɛ so no yɛ pɛ wɔ Sinai.

Yɛayɛ mpaninfoɔ yi, nea berɛ bi na ɛyɛ mmɔfraberɛ mu anigyeɛ a ɛho nni asɛm no bɛtumi abɛyɛ suntidua berɛ a amanyɔfoɔ, bloggers, nkɛntɛnsofoɔ, agopramsofoɔ, anaa nnwontofoɔ “akokoɔdurufoɔ som” ma yɛhwɛ “kɔ akyire sene agyinahyɛdeɛ no”6 na yɛhwere nea ɛho hia ankasa no.

Wɔ Israel mma no fam no, na ɔhaw no nyɛ sika kɔkɔɔ a wɔde baae wɔ wɔn akwantuo a wɔde kɔɔ bɔhyɛ asase no so no, na mmom deɛ wɔmaa kwan ma sika kɔkɔɔ no bɛyɛɛ ohoni, a afei ɛbɛyɛɛ wɔn som adeɛ, a ɛdanee wɔn adwene firii Yehowa a ɔpaapaee Po Kɔkɔɔ no mu na ɔgyee wɔn firii nkoasom mu no hɔ. Wɔn adwene a wɔde sii nantwie ba no so no nyaa wɔn so tumi a wɔde som nokorɛ Nyankopɔn no so nkɛntɛnsoɔ.7

Ɔkokoɔdurufoɔ yɛn akokoɔdurofoɔ seesei ne daa, ne Yesu Kristo, na biribiara, anaa obiara, a ɛtwetwe yɛn adwene firi Ne nkyerɛkyerɛ so, sɛdeɛ yɛhunu wɔ twerɛsɛm no mu ne nkɔmhyɛfoɔ ateasefoɔ nsɛm so no, bɛtumi anya yɛn nkɔsoɔ wɔ apam kwan no so nkɛntɛnsoɔ bɔne. Berɛ tenten ansa na wɔrebɔ wiase yi no, yɛhwɛɛ Yesu Kristo berɛ a ɛdaa adi pefee sɛ wɔrekasa atia nhyehyɛeɛ a Agya a ɔwɔ Soro de too dwa, a nea ɛka ho ne hokwan a yɛwɔ sɛ yɛbɛnya nkɔsoɔ na yɛabɛyɛ sɛ Ɔno no.

Ɛnyɛ sɛ na Yesu Kristo yɛ ɔkandifoɔ wɔ yɛn Agya nhyehyɛeɛ no ho banbɔ mu nko, na mmom Ɔbɛyɛ ade titire paa ara nso wɔ ne dwumadie mu. Obuaa Agya no na ɔfiri ne pɛ mu de ne ho maae sɛ “ɔbɛyɛ mpata ama obiara,”8 de atua ɛka a yɛn mu biara nam bɔne so bɛbɔ nanso yɛn ankasa rentumi ntua.

Titenani Dallin H. Oaks akyerɛkyerɛ sɛ, “[Yesu Kristo] ayɛ biribiara a ɛho hia ma yɛn akwantuo a ɛfa owuo mu akɔ nkrabea a wɔakyerɛ wɔ yɛn Soro Agya nhyehyɛɛ mu no.”9

Wɔ Getsemane Turo mu no, berɛ a wɔhyiaa adwuma a ɛyɛ den saa, sɛ anka ɔbɛkwati N’asɛdeɛ no, Agyenkwa no de akokoɔduro kaa sɛ, “Ɛnyɛ m’apɛdeɛ, na mmom wo deɛ nyɛ hɔ”na ɔkɔɔ so faa yaw a wɔaka abom, nyarewa, ne wɔn a wɔbɛtena ase da biara bɔne ho amanehunu.10 Wɔ setie ne ahofama adeyɛ a ɛdi mu mu no, Yesu Kristo wiee adeyɛ a ɛkorɔn, yɛ akokoɔduru wɔ abɔdeɛ nyinaa mu, na ɛkɔɔ awieeɛ wɔ N’animuonyam Wusɔreɛ mu.

Wɔ yɛn amansan nhyiamu a ɛtwaam no mu no, Titenani Russell M. Nelson kaee yɛn sɛ: “Nsɛmmisa anaa ɔhaw biara a mowɔ no, yɛhunu mmuaeɛ no daa wɔ Yesu Kristo abrabɔ ne ne nkyerɛkyerɛ mu. Sua dodoɔ no ara fa Ne Mpata, Ne dɔ, Ne mmɔborɔhunu, Ne nkyerɛkyerɛ, ne N’asɛmpa ayaresa a aba bio ne nkɔsoɔ ho. Dane wo ho ma No! Di N’akyi!”11 Na mede bɛka ho, “Fa No.”

Wɔ yɛn wiase a ɛmu yɛ den mu no, ɛbɛtumi ayɛ sɔhwɛ sɛ yɛbɛdane akɔ ɔmanfoɔ abrane nkyɛn de abɔ mmɔden sɛ yɛbɛma nteaseɛ anaa pefeeyɛ aba asetena mu berɛ a ebia ɛbɛyɛ basaa anaasɛ ɛboro so no. Yɛtɔ ntadeɛ a wɔfa ho ka, gye amanyɔsɛm a wɔkamfo kyerɛ no tom, na yɛdi wɔn nsusuiɛ ahodoɔ a wɔkyɛ wɔ abɛɛfo kwan so no akyi. Ebia yei bɛyɛ papa sɛ yɛbɛmane berɛ tiawa bi, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yie na saa ɔkwan a wɔfa so som akokoɔdurufoɔ yi renyɛ yɛn sika nantwie ba. Ɔkokoɔdurufoɔ a wobɛfa no wɔ nsunsuansoɔ wɔ w’abrabɔ mu daa nyinaa.

Berɛ a me ne me abusua, duruu Spain no yɛhyɛ yɛn som ase sɛ asɛmpatrɛ akannifoɔ no, yɛhunuu asɛm bi a ɛfiri Elder Neal A. Maxwell hɔ a ɛda ahwehwɛ mu na ɛfa akokoɔdurufoɔ a yɛyi wɔn sɛ yɛbɛdi wɔn akyi ho. Ɔkaa sɛ, “Sɛ moanyi Onyankopɔn ahennie kane a, awieeɛ no deɛ moayi no remfa nsonoeɛ biara mma.”12 Anuanom, ɛnam Yesu Kristo, Ahene mu Hene a yɛyi no so na yɛyi Onyankopɔn Ahennie. Foforɔ biara a yɛbɛyi no ne honam a yɛbɛyi, anaa sika nantwie ba a yɛbɛyi no yɛ pɛ, na awieeɛ koraa no ɛbɛdi yɛn hwammɔ.

Wɔ Apam Dada mu Daniel Nwoma no mu no, yɛkenkan Sadrak, Mesak ne Abednego ho twerɛtohɔ, a na wɔnim pefee Ɔkokoɔdurufoɔ a ɛsɛ sɛ wɔyi no na na ɛnyɛ Ɔhene Nebukadnesar anyame no mu biara. Wɔde ahotosoɔ paee mu kaa sɛ:

“Yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no bɛtumi agye yɛn afiri ogya fononoo a ɛredɛ mu.

Na sɛ ɛnte saa a, hwɛ, O ɔhene, sɛ yɛrensom w’anyame, na yɛrensom sika nantwie ba no.”13

Sɛnea Ɔsomafoɔ Paulo kyerɛkyerɛɛe no, “Anyame pii wɔ hɔ,”14 na, mɛtumi de aka ho sɛ, wɔn a wɔfrɛ wɔn abrane bebree, a wɔfrɛ yɛn sɛ yɛnkoto, yɛnsom, na yɛnyɛ wɔn atuu. Nanso sɛnea na Daniel namfonom mmiɛnsa no nim no,Ɔbaako pɛ na ɔwɔ hɔ a wɔahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛgye yɛn ɛfiri sɛ Wayɛ dada, na ɔbɛyɛ mmerɛ nyinaa.

Yɛn deɛ, wɔ yɛn akwantuo a yɛsan kɔ Onyankopɔn anim no, akɔ yɛn bɔhyɛ asase so no, ɛnyɛ amanyɔfoɔ, nnwomtofoɔ, akansifoɔ, anaa kyakyafoɔ no na ɛyɛ asɛm no na mmom, yi a yɛbɛyi sɛ yɛbɛma wɔn kwan ma wɔabɛyɛ nneɛma titire a yɛn adwene si so, a ɛhyɛ yɛn Agyenkwa ne Ogyefoɔ no ananmu place of our Savior and Redeemer.

Yɛyi No, Yesu Kristo berɛ a yɛyi sɛ yɛbɛhyɛ Ne da no anuonyam sɛ yɛwɔ fie anaasɛ yɛrekɔ akwamma. Yɛyi No berɛ a yɛyi Ne nsɛm ɛnam twerɛsɛm ne adiyifoɔ ateasefoɔ nkyerɛkyerɛ so. Yɛyi No berɛ a yɛyi sɛ yɛbɛyɛ tɛmpol akwanya krataa kurafoɔ, yɛtena ase sɛnea ɛfata sɛ wɔde di dwuma. Yɛyi No berɛ a yɛyɛ asomdwoeɛfoɔ na yɛyi sɛ yɛnnye akyinnyeɛ,“ne titire berɛ a yɛn adwene nhyia.”15

Ɔkannifoɔ biara nni hɔ a wada akokoɔduro adi, ɔde ayamyɛ boa nipa, oduruyɛfoɔ biara nni hɔ a wasa nyarewa pii, na mfonyiniyɛfoɔ biara nni hɔ a wabɔ adeɛ sene Yesu Kristot.

Wɔ wiase a abranefoɔ wɔ mu yi, a nkaedum ne tete nneɛma akoraɛ ahodoɔ a wɔde ama mmarima ne mmaa a wɔwowɔ nnwuma akɛseɛ wɔ mu no, obi wɔ hɔ a ɔsene afoforɔ a aka no nyinaa. Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo nyɛ yɛn brane kɛkɛ, na mmom Ɔyɛ yɛn Awurade ne yɛn Hene, afei adasamma Agyenkwa ne Ɔgyefoɔ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Adesua ahodoɔ a ɔde ma Willie ne Martin nsa teaseɛnam nnwumakuo bi te sɛ LeRoy R. ne Ann W. Hafen, Nsa teaseɛnam a ɛkɔ Sion: Abasɛm a ɛfa Atɔeɛfamfoɔ Sononko Atukɔtenafoɔ, 1856–1860 (1960); Rebecca Cornwall ne Leonard J. Arrington, Rescue of the 1856 Handcart Companies (1981); Howard K. and Cory W. Bangerter, Atowerɛkyɛm ne Nkunim: Wɔakwankyerɛ kɔ Ɔgyeɛ ma 1856 Willie ne Martin Nsa Teaseɛnam Adwumakuo, 2nd ed. (2006); ne Andrew D. Olsen, Ɛka a Yɛtuaayɛ: Abasɛm Nwanwasoɔ a ɛfa Willie ne Martin Nsa Teaseɛnam Adikanfoɔ (2006).

  2. Brigham Young, “Remarks,” Deseret News, Oct. 15, 1856, 252.

  3. John Oborn, “Abasɛm kakra a ɛfa John Oborn abrabɔ ho, Ɔdikanfo wɔ 1856,” 2, wɔ John Oborn reminiscences and diary, circa 1862–1901, Asɔre Abakɔsɛm Nnwoma korabea, Salt Lake City.

  4. Ephraim K. Hanks’s asɛnka, wɔ Andrew Jenson, “Asɔre Atutena,” Ɔboafoɔ, Mar. 1893, 202–3.

  5. Hanks, in Jenson, “Church Emigration,” 204.

  6. Jacob 4:14.

  7. Hwɛ Exodus 32.

  8. 1 Timoteo 2:6; hwɛ nso Mateo 20:28.

  9. Dallin H. Oaks, “Ɛdeɛn na Yɛn Gyefoɔ no ayɛ ama yɛn?,” Liahona, Kɔtɔnima 2021, 75.

  10. Hwɛ Luka 22:39–44.

  11. Russell M. Nelson, “Muaeɛ no yɛ Yesu Kristo aberɛ nyinaa,” Liahona, May 2023, 127.

  12. Attributed to 18th-century English clergyman William Law; quoted in Neal A. Maxwell, “Response to a Call,” Ensign, May 1974, 112.

  13. Hwɛ Daniel 3:13–18.

  14. 1 Korintofoɔ 8:5.

  15. Russell M. Nelson, “Ɔhia Asomdwoeɛfoɔ,” Liahona, Kɔtɔnima 2023, 98.