Amansan Nhyiamu
Anuanom Mmarima ne Mmaa wɔ Kristo mu
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Anuanom Mmarima ne Mmaa wɔ Kristo mu

Momma yɛn ani nnye honhom mu abusuabɔ a ɛda yɛn ntam no mu kɛseɛ na yɛabu su ahodoɔ ne akyɛdeɛ ahodoɔ a yɛn nyinaa wɔ no sɛ ɛsom bo.

Me nnamfonom adɔfoɔ, yɛanya nhyiamu a ɛyɛ nwanwa nnɛ. Yɛn nyinaa nam nkrasɛm a ɛyɛ nwanwa a yɛn akannifoɔ akyɛ so ate Awurade Honhom ne Ne dɔ nka. Mete nka sɛ ɛyɛ akwanwa sɛ mɛkasa akyerɛ mo anwummerɛ yi sɛ ɔkasafoɔ a ɔde saa nhyiamu yi reba awieeɛ. Mebɔ mpaeɛ sɛ Awurade Honhom ne yɛn nkɔ so berɛ a yɛbom di ahurisie sɛ nokorɛ anuanom mmarima ne mmaa wɔ Kristo mu.

Otitenani Nelson kaa sɛ: “Ɛnnɛ mefrɛ asafomma a wɔwɔ baabiara sɛ wɔnyɛ akannifoɔ wɔ nneyɛɛ ne suban a ɛyɛ adwemmɔne gyaeɛ mu. Mesrɛ mo sɛ momfa obuo mma Onyankopɔn mma nyinaa.”1 Sɛ wiase nyinaa asɔre a ɛrenyini berɛ nyinaa no, saa ɔfrɛ a ɛfiri yɛn nkɔmhyɛni hɔ yi akyi a yɛbɛdi no yɛ ade titire a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ansa na yɛakyekyere Agyenkwa no ahemman wɔ wiase ɔman biara mu.

Yesu Kristo asɛmpa no kyerɛkyerɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ ɔsoro awofoɔ a wɔdɔ yɛn ampa no honhom mu mma mmarima ne mma mmaa a wɔwoo yɛn2 na yɛtenaa ase sɛ abusua wɔ Onyankopɔn anim ansa na wɔrewo yɛn wɔ asase yi so. Asɛmpa no kyerɛkyerɛ nso sɛ wɔbɔɔ yɛn nyinaa wɔ Onyankopɔn suban ne ne sɛsoɔ so.3 Ɛno nti, yɛyɛ pɛ wɔ N’anim,4 ɛfiri sɛ Ɔde mogya baako ayɛ nnipa [ne mmaa] aman nyinaa.”5 Ɛno nti, yɛn nyinaa wɔ ɔsoro su, agyapadeɛ, ne tumi, ɛfiri sɛ “Onyankopɔn ne Agya baako wɔ hɔ ma obiara, nea ɔboro ne nyinaa so, na ɔnam ne nyinaa so, ne [yɛn] nyinaa mu.”6

Sɛ Kristo asuafoɔ no, wɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛmma yɛn gyidie wɔ yɛn honhom mu nuabarima ne yɛn nuabaayɛ mu, ne ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn no nkɔ animu de nam yɛn akoma a yɛbɛka abom ankasa wɔ baakoyɛ ne ɔdɔ mu, a yɛn nsonsonoɛ biara mfa ho, na yɛnam saayɛ so ama yɛn tumi a yɛde bɛma obuo ama nidie a ɛwɔ hɔ no ayɛ kɛseɛ ama Onyankopɔn mmamarima ne ne mmamaa nyinaa.7

So na ɛnyɛ saa tebea pɛpɛɛpɛ a Nephi nkorɔfoɔ no hyiaeɛ bɛyɛ mfeɛ aha mmienu berɛ a Kristo kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn no akyi?

“Na ɛyɛ nokorɛ sɛ, na wɔwɔ anigyeɛ kyɛne nnipa a wɔnam Onyankopɔn nsa so abɔ wɔn no nyinaa.

“Saa ara nso na na Lamanfoɔ nni hɔ, anaasɛ -itefoɔ biara nni hɔ; na mmom na wɔwɔ baako mu, Kristo mma, ne Onyankopɔn ahennie adedifoɔ.

“Na hwɛ nhyira a wɔhyiraa wɔn!”8

Titenani Nelson san sii hia a ɛho hia sɛ yɛtrɛ nidie ne obuo mu ma yɛn mfɛfoɔ nnipa no so dua berɛ a ɔkaa sɛ: “Yɛn nyinaa Bɔfo no frɛ yɛn mu biara sɛ ɔnnyae adwenbɔne suban a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mma kuo biara ho no. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara a ɔwɔ abusuakuo foforɔ ho adwenbɔne no sakyera. Ɛfata yɛn mu biara sɛ yɛyɛ nea yɛtumi biara wɔ yɛn nkɛntɛnsoɔ mu de kora nidie ne obuo a Onyankopɔn babarima ne ne babaa biara fata no so.”9 Nokorɛmu no, onipa nidie kyerɛ obuo ma yɛn nsonsonoɛ ahodoɔ.10

Sɛ yɛsusu abusuabɔ kronkron a ɛka yɛne Onyankopɔn bom sɛ Ne mma no ho a, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ nkɔmhyɛ kwankyerɛ yi a Titenani Nelson de maeɛ no yɛ anammɔn titire a yɛde bɛkyekyere nteaseɛ afasuo mmom sene sɛ yɛbɛbɔ adwenbɔne ne mpaepaemu afasuo wɔ yɛn mu.11 Nanso, sɛnea Paulo bɔɔ Efesofoɔ kɔkɔ no, ɛsɛ sɛ yɛhunu sɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛduru saa atirimpɔn yi ho no, ɛbɛhwehwɛ sɛ ankorankorɛ ne nnipakuo bɔ mmɔden sɛ wɔde ahobraseɛ, ɔdwoɔ, ne abodwokyɛre yɛ adeɛ kyerɛ wɔn ho wɔn ho.12

Asɛm bi wɔ hɔ a ɛfa Yudani rabi bi a na ɔne ne nnamfonom mmienu reto owia a apue ho. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mobɛyɛ dɛn ahunu berɛ a anadwo no aba awieeɛ, na da foforɔ ahyɛ aseɛ?”

Wɔn mu baako buaa sɛ, “Berɛ a motumi hwɛ apueɛ fam na motumi hunu nsonsonoɛ a ɛda odwan ne abirekyie ntam.”

Afei ɔfoforɔ no buaa sɛ, “Berɛ a wobɛtumi ahwɛ wiem na woahunu nsonsonoɛ a ɛda nwodua ne borɔdɔma dua ntam no.”

Afei wɔdane kɔɔ rabi onyansafoɔ no nkyɛn kɔbisaa no asɛm korɔ no ara. Wɔsusuu ho berɛ tenten akyiri no, obuaa sɛ, “Berɛ a wobɛtumi ahwɛ apueɛ fam na woahunu ɔbaa bi anim anaa ɔbarima anim na woatumi aka sɛ, ‘ɔyɛ me nuabaa; ɔyɛ me nua.’”13

Me nnamfonom adɔfoɔ, mɛtumi ama mo awerɛhyemu sɛ da foforɔ hann hyerɛn kɛseɛ wɔ yɛn abrabɔ mu berɛ a yɛhunu na yɛne yɛn mfɛfoɔ di wɔ obuo ne nidie mu, ne sɛ nokorɛ anuanom mmarima ne mmaa wɔ Kristo mu no.

Wɔ N’asase so som adwuma mu no, Yesu yɛɛ saa nnyinasosɛm yi ho nhwɛsoɔ a ɛfata nkamfoɔ ɛfiri sɛ Ɔkyinkyini yɛɛ papa”14 maa nnipa nyinaa, too nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra Ne nkyɛn na wɔnnya Ne papayɛ mu kyɛfa, a wɔn mfitiaseɛ, asetena mu kuo, anaa amammerɛ su mfa ho. Ɔsomoe, saa yareɛ, na ɔhwɛɛ obiara ahiadeɛ so daa, titire wɔn a saa berɛ no na wɔbu wɔn sɛ wɔyɛ soronko, wɔbu wɔn animtia, anaa wɔayi wɔn afiri mu. Wampo obiara na mmom ɔde pɛyɛ ne ɔdɔ dii wɔn, ɛfiri sɛ Ɔhunuu wɔn sɛ Ne nuanom mmarima ne mmaa, Agya korɔ no mmammarima ne mmammaa.15

Mmerɛ a ɛyɛ nwanwa paa ara a yei siiɛ no mu baako ne berɛ a Agyenkwa no tuu kwan kɔɔ Galilea, hyɛɛ da faa ɔkwan a ɛfa Samaria no so.16 Afei Yesu sii gyinaɛ sɛ ɔbɛtena Yakob abura no ho akɔhome. Berɛ a ɔwɔ hɔ no, Samariani baa bi baa hɔ sɛ ɔrekɔsa nsuo agu ne kuruwa mu. Wɔ Ne biribiara nim mu no, Yesu kasa kyerɛɛ no sɛ, “Ma me nnom bi”17

Ɔbaa yi ho dwirii no sɛ Yudani bi srɛɛ Samariani baa bi sɛ ɔmmoa no, na ɔdaa ne ho dwirie no adi, na ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ dɛn na wo a woyɛ Yudani no, worebisa me a meyɛ Samariani baa no nsuo? ɛfiri sɛ Yudafoɔ ne Samariafoɔ nni twaka biara.”18

Nanso Yesu, a ɛda adi sɛ ɔde Ne brɛ no too nkyɛn na obuu n’ani guu Samariafoɔ ne Yudafoɔ ntam nitan ho atetesɛm a atena hɔ berɛ tenten no so no, firi ɔdɔ mu somm ɔbaa yi, na ɔboaa no maa ɔhunuu onii ko a Ɔyɛ ankasa, kyerɛ sɛ, Mesia a ɔbɛka nneɛma nyinaa a na ɔretwɛn ne ba no.19 Saa ɔsom adwuma a ɛyɛ dɛ no nkɛntɛnsoɔ maa ɔbaa no tuu mmirika kɔɔ kuro no mu kɔbɔɔ nea asi no ho amanneɛ kyerɛɛ nkorɔfoɔ no, na ɔkaa sɛ, “So ɛnyɛ wei ne Kristo no?”20

Mewɔ ayamhyehyeɛ a ɛmu dɔ ma wɔn a nnipa a wɔwɔ adwenbɔne ayɛ wɔn ayayadeɛ, wɔabu wɔn animtia, anaa wɔtaa wɔn no, ɛfiri sɛ, wɔ m’asetena mu no, m’ankasa mahunu ɛyaw a nnipa pa hunu berɛ a wɔbu wɔn atɛn anaasɛ wɔyi wɔn firi adwuma mu esiane sɛ ɛbaa sɛ wɔkasa, hwɛ, anaasɛ ɛsono sɛnea wɔteɛ. Mete awerɛhoɔ ankasa nka wɔ m’akoma mu ma wɔn a wɔn adwene da so ara yɛ sum, wɔn anisoadehunu sua, na wɔn akoma da so ara yɛ den esiane gyidie a wɔwɔ sɛ wɔkorɔn na wɔn a wɔyɛ soronko firi wɔn ho no wɔ fam nti. Wɔn nimdeɛ a ɛsua wɔ afoforɔ ho no si wɔn kwan ankasa sɛ wɔbɛhu onipa ko a ɔyɛ sɛ Onyankopɔn ba.

Sɛdeɛ nkɔmhyɛfoɔ no hyɛɛ nkɔm no, yɛwɔ nna a asiane wom a ɛdi Agyenkwa no Mmaeɛ a Ɛtɔ so Mmienu no anim no mu.21 Wiase no nyinaa yɛ nea mpaapaemu a ɛmu yɛ den, a mmusuakuo, amanyɔsɛm, ne asetena mu sikasɛm mu nsonsonoɛ si so dua. Ɛduru mmerɛ bi a mpaapaemu a ɛte saa no kɔwie sɛnea nkorɔfoɔ susu nneɛma ho na wɔyɛ wɔn adeɛ wɔ wɔn mfɛfoɔ nipasu ho no so nkɛntɛnsoɔ. Yei nti, ɛnyɛ nea ɛntaa nsi sɛ yɛbɛhunu sɛ nkorɔfoɔ kyerɛ sɛnea wɔsusu nneɛma ho, wɔyɛ wɔn adeɛ na wɔka fa amammerɛ, mmusuakuo, ne mmusuakuo afoforɔ ho no sɛ ɛwɔ fam, de nsusuyɛ ahodoɔ a wɔadi kan asusu ho, adi mfomsoɔ, na mpɛn pii no ɛyɛ kasatia di dwuma, na ɛde animtiabuo, anibiannasoɔ, obuo a wɔnni, ne adwenbɔne mpo a wɔde tia wɔn ba. Suban a ɛte saa no firi ahantan, menimmenim, ahoɔyaa, ne anibere, suban ahodoɔ a ɛyɛ honam su,22 na ɛne Kristo su bɔ abira koraa. Saa abrabɔ yi mfata mma wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ Ne nokorɛ asuafoɔ.23 Nokorɛ, beaɛ biara nni hɔ ma adwemmɔne nsusuyɛ anaa nneɛma wɔ Ahotefoɔ mpɔtam hɔ.

Yɛyɛ apam no mu mmammarima ne mmammaa yi, yɛbɛtumi aboa ma wɔayi saa suban yi afiri hɔ denam Agyenkwa no ani24 a yɛde bɛhwɛ nsonsonoɛ a ɛda adi sɛ ɛwɔ yɛn ntam no so na ɛgyina nea yɛbom yɛ so —yɛn ɔsoro nipasu ne abusuafoɔ. Bio nso, yɛbɛtumi abɔ mmɔden sɛ yɛbɛhunu yɛn ho wɔ yɛn yɔnko daɛso, anidasoɔ, awerɛhoɔ, ne yea mu. Yɛn nyinaa yɛ mfɛfoɔ akwantufoɔ sɛ Onyankopɔn mma, yɛyɛ pɛ wɔ yɛn tebea a ɛnyɛ pɛ ne sɛnea yɛtumi nyini mu. Wɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmom nnante asomdwoeɛ mu, a ɔdɔ ahyɛ yɛn akoma mu ma ma Onyankopɔn ne nnipaa nyina.”25

So woasusu sɛnea wɔda nnyinasosɛm a ɛfa obuo ma nnipa nidie ne pɛyɛ adi denam ɔkwan a ɛyɛ mmerɛ a yɛfa so siesie yɛn ho wɔ Awurade fie no so pɛn? Yɛn nyinaa ba tɛmpol a yɛayɛ baako wɔ atirimpɔn baako mu na ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛte yɛn ho na yɛayɛ kronkron wɔ N’anim kronkron no ahyɛ yɛn ma. Yɛhyɛ ntaade fitaa, Awurade ankasa gye yɛn nyinaa sɛ Ne mma a ɔdɔ yɛn, Onyankopɔn mmamarima ne mmamaa, Kristo asefoɔ.26 Yɛwɔ hokwan sɛ yɛyɛ ayɛyɛdeɛ korɔ no ara, yɛyɛ apam korɔ no ara, yɛhyɛ yɛn ho bɔ sɛ yɛbɛtena asetena a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron, na yɛanya daa bɔhyɛ korɔ no ara. Yɛka bom wɔ atirimpɔn mu, yɛde aniwa foforɔ hunu yɛn ho yɛn ho, na yɛn baakoyɛ mu no, yɛdi yɛn nsonsonoɛ ho afahyɛ sɛ Onyankopɔn mma a wɔfiri soro.

Nnansa yi ara meboa ma wɔkyerɛɛ animuonyamfoɔ ne aban mpaninfoɔ kwan wɔ ɛdan a yɛabue mu a ɛyɛ Brasilia Brazil Tɛmpol. Me ne Brazil ɔmampanin abɛdiakyire no gyinaa baabi a wɔsesa wɔn ho no, na yesusuu ntaadeɛ fitaa a obiara hyɛ wɔ asɔredan no mu ho. Mekyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ amansan ataadeɛ fitaa a wɔde di dwuma yi yɛ nsɛnkyerɛnneɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ pɛ ma Onyankopɔn na wɔ tɛmpol no mu no, na yɛn nipasu nyɛ ɔman bi ɔmampanin abɛdiakyire anaa asɔre kandifoɔ na mmom yɛn daapem nipasu sɛ Ɔsoro Agya a ɔwɔ ɔdɔ mma

Mfoni
Iguaçú Asubɔnten.

Iguazu Asubɔnten no sene fa Brazil anaafoɔ fam kɔgu asasetam bi a ɛyɛ nsuo aworoeɛ nhyehyɛeɛ bi a wɔfrɛ no Iguazu Asubɔnten—Onyankopɔn abɔdeɛ a ɛyɛ fɛ na ɛyɛ nwanwa sene biara wɔ asase so no mu baako, na wɔbu no sɛ wiase anwanwadeɛ nson no mu baako. Nsuo kɛseɛ bi sene kɔ asubɔntene baako mu na afei ɛtete mu, na ɛyɛ nsuo a ɛtɔ ɔhaha pii a ɛso bi nni wiase. Wɔ kasakoa mu no, nsuo aworoeɛ nhyehyɛeɛ a ɛyɛ nwanwa yi yɛ Onyankopɔn abusua a ɛwɔ asase so no ho mfonnin, ɛfiri sɛ yɛwɔ honhom mu mfitiaseɛ ne ade koro, a yɛnya firi yɛn soro agyapadeɛ ne adedie mu. Nanso, yɛn mu biara sene wɔ amammerɛ, mmusuakuo, ne aman ahodoɔ mu, na ɛsono adwene, osuahunu, ne atenka ahodoɔ. Wei nyinaa akyiri no, yɛkɔ yɛn anim, sɛ Onyankopɔn mma ne sɛ anuanom mmarima ne mmaa wɔ Kristo mu, a yɛrenhwere yɛn soro abusuabɔ, a ɛma yɛyɛ nnipa soronko ne mpɔtam a wɔdɔ yɛn.27

Momma yɛmfa yɛn akoma ne yɛn adwene nhyia ne nimdeɛ ne adansedie a ɛkyerɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn anim, sɛ wɔde daapem tumi ne agyapadeɛ korɔ no ara ama yɛn nyinaa. Momma yɛn ani nnye honhom mu abusuabɔ a ɛda yɛn ntam no bebree na yɛn ani nsɔ su ne akyɛdeɛ ahodoɔ a yɛn nyinaa wɔ no. Sɛ yɛyɛ saa a, mehyɛ mo bɔ sɛ yɛbɛsene wɔ yɛn ankasa kwan so, sɛdeɛ Iguazu Asubɔntene no nsuo teɛ no, a yɛrenhwere ɔsoro abusuabɔ a ɛkyerɛ yɛn sɛ yɛyɛ nnipa soronko, Kristo mma, ne adedifoɔ ma Onyankopɔn ahennie no.”28

Medi adanseɛ sɛ berɛ a yɛkɔ so sene saa kwan yi so wɔ yɛn wiase abrabɔ mu no, da foforɔ bi bɛhyɛ aseɛ de hann foforɔ a ɛbɛhyerɛn yɛn abrabɔ mu na ahyerɛn kwan a ɛyɛ nwanwa a yɛde bɛsom boɔ kɛseɛ, na yɛanya nhyira a ɛwie pɛyɛ ahodoɔ a ɛde aba Onyankopɔn mma so.29 Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ yɛbɛyɛ adwinnadeɛ wɔ Ne nsam de ahyɛ obuo ne nidie ho nkuran wɔ Ne mmamarima ne ne mmamaa nyinaa mu. Onyankopɔn te ase. Yesu ne wiase Agyenkwa no. Titenani Nelson yɛ Nyankopɔn nkɔnhyɛni ma asase nyinaa. Medi adanseɛ wɔ saa nokorɛ yi ho wɔ Yesu Kristo din mu, amen.