Amansan Nhyiamu
Nsɔano Tumi
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Nsɔano Tumi

Nsɔano tumi ma ankorankoro nkwagyeɛ ne abusua mu masoɔ nya amansan nyinaa ma Onyankopɔn mma wɔ baabiara

Na wɔhyɛɛ ho nkɔm anyɛ yie koraa no Yesaia nna mu1 sɛ nna ɛdi akyire no mu no,“ɔbɛboaboa Awurade tete apam nkorɔfoɔ Israel fie,ano afiri wɔn npetee tenten no mu,afiri ɛpo nsupɔ so,ne asaase afanan no so”2 na wɔsane de baa wɔn agyapadeɛ nsaase so.”3 Titenani Russell M. Nelson aka saa nhyiamu yi ho asɛm mpɛn pii na tumi wom, na wafrɛ no “adeɛ a ɛho hia sene biribiara a ɛrekɔ so wɔ asase so nnɛ.”4

Deɛn ne saa nhyiamu yi tirimpɔ?

Ɛnam adiyisɛm a ɔde kɔmaa Nkɔmhyɛni Joseph Smith so no, Awurade kyerɛɛ tirimpɔ baako sɛ apam nkurɔfoɔ no banbɔ. Ɔkaa sɛ, “Sion ano boaboa ano wɔ asaase so, ne ne mpeewa so no, bɛtumi ayɛ ahobanbɔ, ne dwankɔbea afiri ahum no ho, ne abufuo mu berɛ a wɔbɛhwie agu afrafra mu agu asase nyinaa so.”5 Yɛbɛtumi ate “abufuo” a ɛwɔ saa asɛm yi mu no ase sɛ adebɔ mu aba a ɛfiri asoɔden a wɔyɛ ma Onyankopɔn mmra ne mmeransɛm a ɛtrɛ mu ba.

Nea ɛho hia paa no, nhyiamu no tirimpɔ ne sɛ wɔde nkwagyeɛ ne ɔsoro nhyira bɛbrɛ wɔn a wobɛgye no nyinaa. Ɛyɛ sɛnea apam bɔhyɛ ahodoɔ a wɔde maa Abraham no bɛba mu. Awurade ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɛnam n’asefoɔ ne n’asɔfodie so “ɛsɛ sɛ wɔde Asɛmpa no nhyira mpo, a ɛyɛ nkwagyeɛ nhyira, daa nkwa mpo nhyira asase so mmusua nyinaa.”6 Titenani Nelson daa no adi wɔ saa kwan yi so: “Sɛ yɛgye asɛmpa no tom na yɛbɔ asu a, yɛfa Yesu Kristo din kronkron no to yɛn ho so. Asubɔ yɛ ɔpono a ɛma yɛbɛyɛ mfɛfoɔ adedifoɔ wɔ bɔhyɛ ahodoɔ a Awurade de maa Abraham, Isak, Yakob, ne wɔn asefoɔ tete no nyinaa mu.”7

Wɔ afe 1836 mu no, Mose yii ne ho adi kyerɛɛ Nkɔmhyɛnyi Joseph Smith wɔ Kirtland Tɛmpol na “ɔde ɔsoro nsafoa a ɛfa Israel anoboaboa wɔ asaase nyinaa ano maa no.”8 Saa berɛ no ara mu no Elia pue baaeɛ, na “ɔde Abraham nsɛmpa berɛ no maa yɛn, na ɔkaa sɛ wɔ yɛn mu ne yɛn mma mu awoɔ ntoatoasoɔ a wɔdi yɛn akyi nyinaa wɔbɛhyira wɔn.”9 Saa tumi yi, seesei yɛsoa Yesu Kristo asɛmpa no—ɔgyeɛ ho asɛmpa a ɛnam Ne so—kɔ asaase no afa ne nnipa nyina ara na yɛboaboa wɔn a wɔpɛ nyinaa ano kɔ asɛmpa apam no mu. Wɔbɛyɛ “Abraham asefoɔ, ne asafo ne ahene, ne deɛ Onyankopɔn ayi wɔn.”10

Saa berɛ korɔ no ara mu wɔ Kirtland Tɛmpol no na ɔsoro somafoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa wɔ hɔ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Joseph Smith ne Oliver Cowdery. Mekasa fa odiyifoɔ Elia ho, na ɛyɛ tumi ne nsafoa a ɔsan de baeɛ no na mepɛ sɛ meka ho asɛm nnɛ.11 Tumi a ɛma asɔfodie ayɛyɛdeɛ nyinaa yɛ nokorɛ na wɔma ɛkyekyere wɔ asase so ne ɔsoro nyinaa —nsɔano tumi no —ho hia paa ma apam nkorɔfoɔ a wɔbɛboaboa wɔn ano na wɔasiesie wɔn ho wɔ nkatanim no afanu nyinaa.

Mfeɛ a atwam no, na Moroni ama ada adi pefee akyerɛ Joseph Smith sɛ Elia de asɔfodie tumi a ɛho hia bɛba: “Mɛda Asɔfodie no adi akyerɛ mo, ɛnam nkɔmhyɛni Elia nsa so.”12 Akyiri yi Joseph Smith kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Deɛ nti na ɛsɛ sɛ yɛsoma Elia? Ɛfirisɛ okura tumi a ɔde di dwuma wɔ Asɔfodie no ayɛyɛdeɛ nyinaa mu no nsafoa; na [gye sɛ] wɔama tumi no, na wɔrentumi mfa ahyɛnsodeɛ no nni dwuma wɔ tenenee mu”13—kyerɛ sɛ, ayɛyɛdeɛ no renkyekyere wɔ berɛ ne daa.14

Wɔ nkyerɛkyerɛ ɛyɛ kronkron a yafa no sɛ asɛmpa no bi wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu no,Nkɔmhyɛni kaa sɛ, “Ɛyɛ binom sɛ ɛyɛ akokoɔduro paa nkyerɛkyerɛ na yɛka ho asɛm—tumi a ɛkyekyere wɔ asaase so na ɛsan kyekyere wɔ ɔsoro. Nanso, wɔ wiase mfeɛ nyinaa mu no, berɛ biara a Awurade de asɔfodie nhyehyɛeɛ ama onipa biara ɛnam adiyisɛm ankasa so, anaa nnipa akuo biara no, wɔde saa tumi yi ama berɛ biara. Enti, biribiara a saa mmarima no yɛɛ wɔ tumi mu, wɔ Awurade din mu, na wɔyɛɛ no nokorɛ ne nokorɛdie mu, na wɔyɛɛ saa ara ho twerɛtohɔ a ɛfata na ɛyɛ nokorɛ no, ɛbɛyɛɛ mmara wɔ asase so ne ɔsoro, na wɔantumi antwa mu, . sɛnea Yehowa kɛseɛ no ahyɛdeɛ teɛ.”15

Yɛtaa dwene nsɔano tumi no ho sɛ ɛfa tɛmpol ayɛyɛdeɛ bi nko ara ho, nanso saa tumi no ho hia na ama ayɛyɛdeɛ biara ayɛ nea ɛfata na ɛkyekyere wɔ asase so ne ɔsoro.16 Nsɔano tumi no ma mmra kwan so nsɔano ma w’asubɔ, sɛ nhwɛsoɔ no, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛgye atom wɔ ha ne ɔsoro. Awieɛ koraa no, wɔyɛ asɔfodie ayɛdeɛ nyina wɔ Asɔre no Titenani no nsafoa ase, na sɛnea Titenani Joseph Fielding Smith kyerɛkyerɛɛ mu no: “Ɔno [Asɔre no Titenani] ama yɛn tumi no, ɔde nsɔano tumi no ahyɛ yɛn asɔfodie mu, esiane sɛ ɔno na okura saa nsafoa no.”17

Atirimpɔ foforɔ bi wɔ hɔ a ɛho hia wɔ Israel a wɔboaboa wɔn ano no mu a ɛwɔ ntease sononko berɛ a yɛka nsɔano wɔ asase so ne ɔsoro ho asɛm no—kyerɛ sɛ, tɛmpol ahodoɔ a woasisi na wɔde di dwuma no. Sɛnea Nkɔmhyɛni Joseph Smith kyerɛkyerɛeɛ yɛ no: ““Deɛn ne botaeɛ a ɛne sɛ wɔbɛboaboa Onyankopɔn nkurɔfoɔ ano wɔ wiase berɛ biara mu? Na botaeɛ titire ne sɛ ɔbɛsi fie ama Awurade a ɔnam so bɛda Ne fie ayɛyɛdeɛ ne N’ahennie animuonyam adi akyerɛ ne nkurɔfoɔ na wakyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ no nkwagyeɛ kwan; ɛfiri sɛ ayɛyɛdeɛ ne nnyinasosɛm bi wɔ hɔ a, sɛ wɔkyerɛkyerɛ na wɔde di dwuma a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ beaeɛ anaa ɛfie bi a wɔasi ama saa atirimpɔ no mu.”18

Nokwasɛm a nsɔano tumi no de ma asɔfodie ayɛyɛdeɛ no ka ho, nokorɛ mu no, ayɛyɛdeɛ a ɛyɛ ananmusifoɔ a ateasefoɔ yɛ ma awufoɔ wɔ beaeɛ a Awurade akyerɛ —Ne tɛmpol. Ɛha na yɛhunu nsɔano tumi no anuonyam ne kronkronyɛ —ɛma ankorankoro nkwagyeɛ ne abusua mu ntomasoɔ nya amansan nyinaa ma Onyankopɔn mma wɔ baabiara ne berɛ biara a ebia wɔtenaa asaase so. Nyamekyerɛ anaa nyansapɛ anaa tumidie foforɔ biara nni hɔ a ɛbɛtumi ne ho kwan a ɛte saa a ɛka biribiara ho no bɛyɛ pɛ. Saa nsɔano tumi yi yɛ Onyankopɔn atɛntrenee, mmɔborohunu, ne ne dɔ a ɛda adi pɛpɛɛpɛ.

Sɛ yɛnya nsɔano tumi no a, yɛn akoma dane kɔ wɔn a wɔadi kan akɔ no so firi awosuo mu. Nna a edi akyiri a wɔboaboa wɔn ho ano kɔ apam no mu no fa nkatanim no mu. Wɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ a edi mu no, ateasefoɔ ntumi nnya daa nkwa wɔ ne ma mu a wɔne “agyanom,” yɛn nananom” ntam abusuabɔ a ɛtena hɔ daa no mma mu sɛ wɔanyɛ saa Saa nso na wɔn a wɔwɔ ɔfa foforɔ dada, anaasɛ wɔbɛda so ara atwa owuo nkatanim no mu nkɔsoɔ a ɛnni nsɔano so mfasoɔ no nnwie pɛyɛ kɔsi sɛ ayɛyɛdeɛ ahodoɔ a wɔde si ananmu bɛkyekyere wɔn ama yɛn, wɔn asefoɔ, na yɛn nso akyekyere wɔn wɔ ɔsoro mu nhyehyɛeɛ.19 Wobɛtumi de bɔhyɛ a ɛne sɛ wɔbɛboa wɔn ho wɔn ho wɔ nkatanim no atifi no ato apam bɔhyɛ, apam foforɔ ne daa apam no fa. Wɔ Joseph Smith ne nsɛm mu no, yɛpɛ sɛ “yɛsɔ yɛn awufoɔ ano ma wɔmmra [ne yɛn] wɔ owusɔreɛ a ɛdi kan no mu.”20

Nsɔano tumi no a wɔda no adi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron no wɔ ɔbarima ne ɔbaa nkabom a ɛkɔ so daa wɔ awareɛ mu ne adasamma a wɔde wɔn ho bɛbɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu no mu. Ɛfirisɛ tumi a wɔde bɛyɛ adwuma wɔ saa ayɛyɛdeɛ yi mu no yɛ kronkron yie nti, Asɔre no Titenani no ankasa hwɛ ne dwumadie a wɔde ma afoforɔ so. Titenani Gordon B.Hinckley kaa no berɛ bi sɛ“Maka mpɛn pii sɛ sɛ biribi foforɔ biara amfiri awerɛhoɔ ne amaneɛ ne ɛyaw a ɛwɔ ɛsaneba no mu nyinaa mu mfiri asɔfodie kronkron no nsɔano tumi a ɛde bɛkyekyere mmusua abom daa no a, anka ɛbɛfata nea abɔ nyinaa.”21

Sɛ ɛnyɛ nsɔano a ɛbɔ daa mmusua na ɛka awoɔ ntoatoasoɔ bom wɔ ha ne akyiri yi a, anka wɔbɛgyae yɛn daa wɔ daa a yɛnni ntini anaa nkorabata— kyerɛ sɛ, yɛnni nananom anaa asefoɔ biara. Ɛyɛ saa ankorankoro tebea a wɔde wɔn ho, a wɔne wɔn ho nni nkitaho yi, wɔ ɔfa baako, anaa nkitahodie ahodoɔ a ɛsɔre tia awareɛ ne abusua mu abusuabɔ a Onyankopɔn ayi no22 wɔ ɔkwan foforɔ so no, na ɛbɛma asase no abɔ atirimpɔ ankasa ne yɛn wuo suahunu a yɛwɔ wɔ ha no ayɛ basaa. Sɛ ɛno bɛyɛ nea wɔtaa yɛ a, anka ɛbɛyɛ sɛ wɔde nnome abɔ asase no anaasɛ “wɔasɛe no koraa” wɔ Awurade mmae mu.23

Yɛbɛtumi ahunu deɛ enti a “ɔbarima ne ɔbaa ntam awareɛ no, Onyankopɔn na ɔhyehyɛeɛ na abusua no yɛ ade titire wɔ Ɔbɔadeɛ no nhyehyɛeɛ a ɛfa Ne mma daa nkrabea ho no mu.”24 Berɛ korɔ no ara mu no, yɛgye tom sɛ wɔ mprempren a ɛnyɛ pɛ mu no, yei nyɛ nokwasɛm anaasɛ nea ɛbɛtumi aba ankasa mpo ma ebinom. Nanso yɛwɔ anidasoɔ wɔ Kristo mu. Berɛ a yɛretwɛn Awurade no, Titenani M. Russell Ballard kae yɛn sɛ “twerɛsɛm ne nna a ɛdi akyire nkɔmhyɛfoɔ si so dua sɛ obiara a ɔdi nokorɛ wɔ asɛmpa apam a ɔdi so no bɛnya hokwan anya mpagya.”25

Ebinom ahyia abusua mu tebea ahodoɔ a anigyeɛ nnim na ɛnyɛ papa na wɔte nka sɛ wɔmpɛ daa abusua afekubɔ. Elder David A. Bednar ma yɛte aseɛ sɛ : “Wɔ mo a moahu awaregyaeɛ a ɛyɛ ya wɔ mo abusua mu anaasɛ moate ahotosoɔ a wɔabu so ho yaw no nka no, yɛsrɛ sɛ monkae [sɛ Onyankopɔn nhwɛsoɔ ma mmusua] firi mo so bio! Ebia wɔabubu ahoma baako a ɛwɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ no nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, nanso nhoma afoforɔ a ɛteɛ no ne nea aka wɔ nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu no ho hia daa. Wobɛtumi de ahoɔden aka wo nkɔnsɔnkɔnsɔn no ho na ebia mpo aboa ma wɔasane de nhoma a abubuo no aba. Wɔbɛwie saa adwuma no maako maako.”26

Wɔ ayie som a wɔyɛ maa Onuabaa Pat Holland, Elder Jeffrey R. Holland yere wɔ July a atwam no mu no, Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Berɛ kɔ so no, Patricia ne Jeffrey bɛsane ahyia Akyiri yi wɔn mma ne wɔn asefoɔ a wɔdi apam so bɛka wɔn ho ama wɔanya anigyeɛ a ɛyɛ ma a Onyankopɔn de asie ama Ne mma anokwafoɔ no. Esiane sɛ yenim saa nti, yɛte aseɛ sɛ da a ɛho hia sen dabiara wɔ Patricia asetena mu no nyɛ n’awoda anaa ne wu da. Ne da a ɛho hia sen dabiara ne Ayewohomummɔ 7, 1963, berɛ a wɔsɔɔ ɔne Jeff ano wɔ St. George Tɛmpol. Adɛn nti na saa asɛm yi ho hia pa ara yi? Ɛfirisɛ nea enti a wɔbɔɔ asase no ankasa ne sɛnea na wobɛtumi ahyehyɛ mmusua na wɔasɔ wɔn ho ano Ɛwom sɛ nkwagyeɛ yɛ ankorankorɛ asɛm, nanso mpagya yɛ abusuasɛm. Obiara nko ara ntumi nnya mpagya.”

Ɛnkyɛeɛ koraa no, me ne me yere kɔkaa m’adamfo dɔfoɔ bi ho wɔ Bountiful Utah Tɛmpol dan bi a wɔsɔ ano mu. Medii kan hyiaa m’adamfo yi berɛ a na ɔyɛ abɔfra wɔ Córdoba, Argentina. Na me ne m’asɛmpatrɛ hokafoɔ no redi nkitaho wɔ mpɔtam bi a ɛne asɛmpatrɛ adwumayɛbea no ntam kwan yɛ akwansin kakraa bi pɛ, na obuee pono no berɛ a yɛbaa ne fie no. Berɛ a ɛsɛ mu no, ɔne ne maame ne ne nuanom bɛkaa Asɔre no ho, na wɔakɔ so ayɛ asɔremma anokwafoɔ. Seesei ɔyɛ ɔbaa a ɔdɔ no, na ɛnnɛ na yɛwɔ tɛmpol mu sɛ yɛrebɛsɔ n’awofoɔ a wɔawuwuo no ano akyerɛ yɛn ho yɛn ho na afei yɛasɔ no ano ama wɔn.

Awarefoɔ bi a wɔ mfeɛ pii mu abɛyɛ nnamfoɔ paa no gyinaa n’awofoɔ ananmu wɔ afɔdeɛmukyea no ho. Na ɛyɛ atenka mu berɛ a ɛbɛyɛɛ dɛ kɛseɛ mpo berɛ a wɔsɔɔ yɛn adamfo a ɔfiri Argentina no ano kyɛɛ n’awofoɔ no. Na yɛn mu nsia pɛ na na yɛwɔ hɔ awia bi a ɛhɔ yɛ dinn a na yɛne wiase ntam kwan ware, na nanso na nneɛma a ɛho hia sen biribiara a ɛkɔ so wɔ asase so pɛn no mu baako rekɔ so. M’ani gyeeɛ sɛ me dwumadie ne me afekubɔ no ayɛ kurukuruwa koraa firi sɛ mebɔɔ ne pono mu sɛ asɛmpatrɛni kumaa bɛsi seesei, mfeɛ pii akyi yi, a mereyɛ nsɔano ayɛyɛdeɛ a ɛde no bataa n’awofoɔ ne awoɔ ntoatoasoɔ a atwam no ho.

Yei yɛ adeyɛ a ɛkɔ so berɛ nyinaa wɔ wiase nyinaa wɔ tɛmpol ahodoɔ mu. Yei ne anammɔn a ɛtwa toɔ wɔ apam nkurɔfoɔ no a wɔbɛboaboa wɔn ano no mu. Ɛyɛ ho kwan a ɛkorɔn sene biribiara a moanya wɔ Yesu Kristo Asɔre no mu. Mehyɛ bɔ sɛ berɛ a wode nokorɛdie hwehwɛ saa akwanya no, wɔ berɛ anaa daa nkwa mu no, ɛbɛyɛ wo dea ampa.

Medi adanseɛ sɛ nsɔano tumi ne tumi a wɔnam Joseph Smith so sane de baa asaase so no yɛ ampa, sɛ deɛ ɛnam so akyekyere no wɔ asaase so no, wɔakyekyere no ampa wɔ soro. Medi adanseɛ sɛ Titenani Russell M. Nelson, yɛ Asɔre no Titenani, ɔyɛ nipa korɔ a ɔwɔ asaase so nnɛ a ɔkyerɛ ɔsorosoro tumi a wɔde ma na ɔde di dwuma no kwan. Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo Mpata no ama nkwa a ɛnwu da ayɛ nokorɛ na abusua mu abusuabɔ a wɔama so a ɛbɛtumi aba no ayɛ nokorɛ Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.