Amansan Nhyiamu
Amansan Mpanimfoɔ, Mantam Aduɔsonfoɔ, ne Amansan Asomfoɔ Nnyetom.
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Amansan Mpanimfoɔ, Mantam Aduɔsonfoɔ, ne Amansan Asomfoɔ Nnyetom.

Anuanom mmaa ne mmarima, ɛyɛ me ahohoahoa sɛ mede Amansan Mpanimfoɔ, Amansan Asomfoɔ ne Mantam Aduɔsonfoɔ a wɔwɔ Asɔre no mu kyerɛ ma mogye wɔn to mu.

Mesrɛ sɛ kyerɛ wo mmoa wɔ kwan korɔ no so wɔ baabi a wowɔ. Sɛ wɔn a wɔmpene nsusuiɛ no bi so wɔ hɔ a, yɛsrɛ sɛ wɔnhunu wɔn stake president.

Wɔsusu sɛ yɛgye Russell Marion Nelson tom sɛ nkɔmhyɛni, anisoadehunufoɔ, ne odiyifoɔ ne Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ Titenani; Dallin H. Oaks sɛ Fotufoɔ a Ɔdi Kan wɔ Titenafoɔ a Wɔdi Kan no mu; ne Henry Bennion Eyring sɛ Fotufoɔ a Ɔtɔ so Mmienu wɔ Titenafoɔ a Wɔdi Kan no mu.

Wɔn a wɔpene so nkyerɛ.

Wɔn a wɔmpene so, sɛ ebi wɔ hɔ a, wɔnkyerɛ.

Wɔsusu sɛ yɛgye Dallin H. Oaks tom sɛ Asomafoɔ Dummienu Kuo no Titenani ne M. Russell Ballard sɛ Titenani Ananmusini wɔ Asomafoɔ Dummienu Kuo no mu.

Wɔn a wɔpene so, yɛsrɛ wɔnkyerɛ.

Wɔn a wɔmpene so nkyerɛ.

Wɔsusu sɛ yɛgye wɔn a wɔdidi soɔ yi tom sɛ Asomafoɔ Dumienu Kuo no mma: M. Russell Ballard, Jeffrey R. Holland, Dieter F. Uchtdorf, David A. Bednar, Quentin L. Cook, D. Todd Christofferson, Neil L. Andersen, Ronald A. Rasband, Gary E. Stevenson, Dale G. Renlund, Gerrit W. Gong, ɛne Ulisses Soares.

Wɔn a wɔpene so, yɛsrɛ wɔnkyerɛ.

Wɔn a wɔmpene so nkyerɛ.

Wɔsusu sɛ yɛgye afotufoɔ a wɔwɔ Titenafoɔ a Wɔdi Kan no mu ne Asomafoɔ Dummienu Kuo no mu tom sɛ nkɔmhyɛfoɔ, anisoadehunufoɔ, ne adiyifoɔ.

Wɔn a wɔpene so, yɛsrɛ wɔnkyerɛ.

Deɛ ɔmpene so, sɛ ebi wɔ hɔ a, ɔnkyerɛ.

Sɛdeɛ yɛde ato dwa dada no, yɛafrɛ Alexander Dushku sɛ ɔnsom sɛ Amansan Aduɔson ni.

Wɔn a wɔpene so, mepa kyɛw wɔnkeyerɛ.

Wɔn a wɔmpene so, nkyerɛ.

Yɛde aseda ma Beaeɛ Aduɔsonfoɔ mmienu no a wɔn awie wɔn som na wɔbɛhunu wɔn din wɔ Asɔre ntentan kɛseɛ so.

Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔne yɛn bom da saa anuanom yi ase wɔ som pa a wɔdaa no adie no, mma wɔn nsa so.

Wɔsusu sɛ yɛgye Amansan Akannifoɔ ne Mantam Aduɔsonfoɔ a Mantam Aduɔsonfoɔ afoforɔ mmienu a wɔde too dwa nnawɔtwe yi ahyɛaseɛ wɔ Asɔre ntentan kɛseɛ so, ne Amansan Mpanimfoɔ sɛdeɛ ɛteɛ seesei no to mu.

Wɔn a wɔpene soɔ nyinaa mma wɔn nsa so.

Wɔ a wɔmpene so, nkyerɛ.

Yɛda mo ase, anuanom mmarima ne mmaa, wɔ mo gyedie ne mpaebɔ a mogu so bɔ ma Asɔre akannifoɔ no.

Nsakraeɛ a aba Mpɔtam Aduɔsonfoɔ mu

Wɔgyee Mpɔtam Aduɔsonfoɔ a wɔdidi soɔ yi too mu wɔ akannifoɔ nhyiamu bi a wɔyɛeɛ sɛ amansan nhyiamu fa bi:

Rogério Boschi ne Kirt L. Hodges.

Beaeɛ Aduɔsonfoɔ a wɔdidi soɔ yi, wasi wɔn fɔm wɔ akannifoɔ nhyiamu bi a wɔyɛeɛ sɛ amansan nhyiamu fa bi:

Henry J. Eyring ne Youngjoon Kwon.