Amansan Nhyiamu
Dɔ Wo Yɔnko
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Dɔ Wo Yɔnko

Ahummɔborɔ yɛ Kristo su. Ɛfiri ɔdɔ ma afoforɔ mu na ɛnni hyeɛ.

Anɔpa yi, meto nsa frɛ wo sɛ ka me ho ma yɛntu kwan nkɔ Abibiman mu. Worenhunu nnyata, mfurumu, anaa asono, nanso ebia, akwantuo no awieeɛ no, wobɛhunu sɛdeɛ asɔremma mpempem a wɔwɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu redi Kristo mmaransɛm kɛseɛ a ɛtɔ so mmienu a ɛyɛ “dɔ wo yɔnko” so (Marko 12:31).

Susu Abibiman mu nnɛte kɔkɔɔ nkuraaseɛ ho berɛ tiawa. Wohunu firi asase nini a ɛso awo wesee no sɛ osuo ntɔɔ kɛse wɔ hɔ mfeɛ bebree. Anantwie kakra bi a wohyia wɔn no yɛ nnompe kyɛn honam ɛna Karamajong odwanhwɛfoɔ bi a ɔfura kuntu, hyɛ mpaboa a ɛtoɔ aweɛ de nanteɛ bɔkɔɔ reka wɔn, gye di sɛ wɔbɛhunu nwura ne nsuo.

Berɛ a wode ahwɛyie nam kwan a ɛyɛ mmepɔ na ɛnyɛ so no, wohunu mmɔfra ahoɔfɛfoɔ akuakuo pii na wobisa wo ho deɛ enti a wɔnni sukuu mu. Mmɔfra no sere yɛ wo baebae, na wo nso de nisuo ne sereɛ yɛ wɔn baebae. Mmɔfra nkumaa pa ara a wohunu wɔn wɔ akwantuo yi mu no mu ɔha kyɛmu aduɔkron-mmienu nnya aduane nni, na w’akoma de ahoyera si apini.

Anim no, wohunu maame a ɔso nsuo wɔ adeɛ a galɔn num (19, L) bɛkɔ mu wɔ ne tiri so na ɔkuta foforɔ wɔ ne nsam. Ɔgyina hɔ ma fidua mmienu biara mu baako wɔ saa mpɔtam a maa, mmɔfra ne mpanin, nante boro kwansini aduasa kɔ san ba da biara, kɔsa nsuo brɛ wɔn abusuafoɔ. Awerɛhoɔ dware wo.

Mfoni
Bibini baa a ɔso nsuo

Dɔnhwere mmienu twam na woaduru beaeɛ a ate ne ho, nnua ase a wɔadɔ hɔ. Baabi a wɔhyia no nyɛ ɛdan anaa mpo ntomadan, na mmom nnua akɛseɛ kakra bi a ɛma banbɔ firi owia hyeɛ ase. Saa bea yi, wohunu sɛ nsuo a ɛtene nni hɔ, nkanea nni hɔ, agyanan a wɔyi nni hɔ. Wohwɛ hɔ na wohunu sɛ wowɔ nkorɔfoɔ a wɔdɔ Onyankopɔn mu, na amonom hɔ ara wote nka sɛ Onyankopɔn dɔ wɔn. Wɔahyia rebɛgye mmoa ne anidasoɔ, no woaduru hɔ sɛ wobɛkyɛ.

Akwantuo sei na me ne Onuabaa Ardern tuui, a na Onuabaa Camille Johnson, yɛn Amansan Relief Society Titenanni ne ne kunu Doug, ne Onuabaa Sharon Eubank, Asɔre no Adɔeɛ Asoɛeɛ kwankyerɛfoɔ ka ho, berɛ a na yɛnam Uganda, ɔman a wɔn dodoɔ yɛ ɔpepem 47 wɔ Asɔre no Abibirem Mfimfini Mpɔtam. Saa da no, yɛnam nnua no ase kɔsraa mpɔtam apɔmuden dwumadie bi a na Asɔre no Adɔeɛ Asoɛeɛ, UNICEF, ne Uganda Aban Apɔmuden Asoɛeɛ na na wɔretua ho ka. Yeinom yɛ nnwumakuo a yɛgye wɔn die, a wɔnam ahwɛyie so ayi wɔn sɛdeɛ wɔde anidahɔ de adɔeɛ sika a Asɔremma de ama no bɛyɛ adwuma.

Mfoni
Bibini abɔfra a wɔrehwɛ no.

Sɛdeɛ na ɛyɛ awerɛhoɔ sɛ wobɛhunu mmɔfra a wɔafomfɔm ɛne nsamanwa, atiridii, ne ayamtuo so nsunsuansoɔ no, deɛ ɛbaa yɛn mu biara tirim ne mmerɛ papa ho anidasoɔ kɛseɛ ma wɔn a yɛhyiaeɛ no.

Mfoni
Ɛna a ɔrema ne ba aduane.

Saa anidasoɔ no, ɔkwan bi so, nam Asɔremma a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔde berɛ ne sika ma Asɔre no Adɔeɛ mmɔdemmɔ baae. Berɛ a mehunuu sɛ wɔreboa ayarefoɔ ne wɔn a wɔrehunu amane no, mesii me tiri ase daa ase. Saa berɛ no na metee deɛ Ahene mu Hene no kaeɛ no ase yie, sɛ:

“Mommra, mo a m’Agya ahyira mo, momfa ahemman a wɔasiesie ama mo … :

“Na ɛkɔm dee me, na momaa me aduane: sukɔm de me, na momaa me nsuo nomee: na meyɛ ɔhɔhoɔ, na momaa me baabi tenaaɛ” (Mateo 25:34–35).

Yɛn Agyenkwa no adesrɛ ne sɛ “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahunu mo nneyɛɛ pa, na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no animuonyam” (Mateo 5:14–16; san hwɛ nkyekyɛmu 14–15). Wɔ saa wiase ntweaso akyirikyiri hɔ no, mo nneyɛɛ pa no hyerɛnn nkorɔfoɔ a na wɔhia mmoa pa ara abrabɔ so na ɛtee wɔn adesoa so, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.

Saa mfuturo ne owia da no, menyaeɛ a anka wotee wɔn nokorɛ anisɔ mpaeɛ ne ayɛyie a wɔde maa Onyankopɔn. Wɔbɛpɛ sɛ mɛka no wɔ wɔn kurom Karamajong kasa mu akyerɛ mo sɛ, “Alakara.” Yɛda mo ase.

Yɛn akwantuo no kaee me Samariani Pa no ho abɛbusɛm no, deɛ n’akwantuo de no faa mfuturo kwan bi so, te sɛ deɛ me kyerɛkyerɛeɛ no, ɛkwan a na ɛfiri Yerusalem kɔ Yɛriko. Saa Samariani ɔsomfoɔ yi kyerɛkyerɛ yɛn deɛ “dɔ wo yɔnko” aseɛ kyerɛ.

Ɔhunuu “ɔbarima bi [a] ɔkɔtɔɔ akwanmukafoɔ mu, na wɔpaa ne ho ntoma, pirapiraa no, gyaa no hɔ kɔe, a na watɔ bera” (Luka 10:30). Samariani no “hunuu no mmɔbɔ” (Luka 10:33).

Ahummɔborɔ yɛ Kristo su. Ɛfiri ɔdɔ ma afoforɔ mu na ɛnni hyeɛ. Kristo, a ɔyɛ wiase Agyenkwa no, yɛ ahummɔborɔ ho nhwɛsopa. Sɛ yɛkenkan sɛ “Yesu suiɛ” (Yohane 11:35), yɛyɛ adansefoɔ, te sɛ Maria ne Marta, wɔ N’ahummɔborɔ a ɛmaa No dii kan guu ahome honhom mu na ne ho yeraa no (hwɛ Yohane 11:33). Kristo ahummɔborɔ ho nhwɛsoɔ bi wɔ Mormon Nwoma mu no, Yesi yii ne ho adi kyerɛɛ nnipadɔm bi na ɔkaa sɛ:

“Mowɔ mpakye, anaa anifirafoɔ, anaa deɛ ɔntumi nnante anaa deɛ n’aso asi, anaa deɛ ɔrehunu amane wɔ kwan bi so? Momfa wɔn mmra ha na mɛsa wɔn yareɛ, ɛfiri sɛ mewɔ ahummɔborɔ ma mo.

“Na ɔsaa wɔn mu biara yareɛ” (3 Nephi 17:7, 9).

Ɛmfa ho ne yɛn mmɔdemmɔ, me ne wo rensa obiara yareɛ, nanso yɛn mu biara bɛtumi ayɛ deɛ ɔbɛtumi de nsakraeɛ aba obi abrabɔ mu daa. Ɛyɛ abarimaa baako pɛ, abarimaa kumma bi, na ɔmaa paanoo num ne mpataa mmienu a ɛmaa mpem num aduane no. Yɛbɛtumi abisa fa yɛn afɔreɛ ho, sɛdeɛ osuani Andrew yɛ faa paanoo ne mpataa no ho no, “Na yei yɛ deɛn ma nnipa pii yi?” (Yohane 6:9). Mehyɛ wo bɔ sɛ; deɛ wotumi yɛ anaa de ma no ara dɔɔso, na afei ma Kristo nyɛ wo mmɔdemmɔ no kɛseɛ.

Saa berɛ yi, Elder Jeffrey R. Holland too nsa frɛɛ yɛn, “sikani anaa hiani, … sɛ ‘yɛnyɛ deɛ yɛbɛtumi’ berɛ a afoforɔ hia mmoa.” Afei ɔdii adanseɛ, sɛdeɛ meredi yi, sɛ Onyankopɔn “bɛboa wo na wakyerɛ wo kwan wɔ [wo] suaniyɛ ahummɔborɔ nnwuma mu” (“Yɛn Nyinaa Nyɛ Asrɛsrɛfoɔ?,” Liahona, Obubuo 2014, 41).

Wɔ saa akyirikyiri asase no so, wɔ da a mewerɛ remfiri da no, megyinaa hɔ na megyina ha seesei sɛ ɔdanseni wɔ Asɔremma, asikafoɔ ne ahiafoɔ nyinaa ahummɔborɔ a ɛka akoma na ɛsesa abrabɔ no ho.

Samariani Pa abɛbusɛm no toa so sɛ “ɔkyekyeree [ɔbarima no] akuro no … na ɔhwɛɛ no” (Luka 10:34). Yɛn Asɔre Adɔeɛ mmɔdemmɔ hunu sɛ ntɛmso yɛreboa wɔ atoyerɛnkyɛm berɛ na yɛrekyekyere wiase akuro a ɛretrɛtrɛ, a ɛyɛ nyarewa, ɛkɔm, nkwadaa wuo, nnuane pa a ɛnni hɔ, nkorɔfoɔ a wɔtu wɔn, ne abamubuo, hwammɔdie, ne ahohia a yɛntaa nhunu.

Afei Samariani no “yii denare mmienu, de maa ahɔhodan mu panin no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, Hwɛ no” (Luka 10:35). Yɛyɛ Asɔre yi, yɛn ani sɔ sɛ yɛne “ahɔhogyefoɔ” anaa akuo afoforɔ te sɛ Romanfoɔ Mmoa Asoɛeɛ, UNICEF, ne Red Crossfoɔ bɛka abom aboa wɔ adɔeɛ kwan so. Saa ara na yɛn ani sɔ wo “denare mmienu” anaa euro mmienu, peso mmienu, anaa srɛ mmienu, a ɛreyi adesoa a nnipa pii wɔ soa wɔ wiase. Ɛnyɛ adeɛ a ɛbɛsi sɛ wobɛhunu wɔn a wɔgye wo berɛ, dɔla, ne mpɛsewa, nso ahummɔborɔ nhwehwɛ sɛ yɛhunu; deɛ ɛhwehwɛ ara ne sɛ yɛbɛdɔ wɔn.

Titenani Nelson, yɛda wo ase sɛ woakae yɛn sɛ “sɛ yɛde yɛn akoma nyinaa dɔ Onyankopɔn a, Ɔdane yɛn akoma kɔ yiedie so ma afoforɔ” (“Mmarasɛm Kɛseɛ a Ɛtɔ so Mmienu,” Liahona, Obubuo 2019, 97). Medi adanseɛ sɛ yɛn mu biara bɛnya anigyeɛ, asomdwoeɛ, ahobrɛaseɛ, ne ɔdɔ pii berɛ a yɛtie Titenani Nelson frɛ sɛ yɛnnane yɛn akoma nkɔ afoforɔ yiedie so, ɛne Joseph Smith adesrɛ sɛ “ma deɛ ɛkɔm de no aduane, kata deɛ ɔda adagya ho, hwɛ akunafoɔ, popa agyanka nisuo, [na] kyekyere mmɔborɔfoɔ werɛ, sɛ ɛyɛ Asɔre yei mu, anaa foforɔ biara, anaa ɛnyɛ asɔre biara mu koraa, baabiara a [yɛhunu] wɔn” (“Ɔsamufoɔ MMuaeɛ ma Krataa a ɛfiri Richard Savary hɔ,” Mmerɛ ne Mmerɛ ne Nhyehyɛeɛ, Ɔbɛnem 15,1842, 732).

Mfoni
Elder Ardern ne Titenani Camille N. Johnson ne Abibifoɔ nkwadaa.

Saa abosome a atwam no nyinaa, yɛhunuu wɔn a ɛkɔm de wɔn ne mmɔbrɔfoɔ wɔ asasetam a awo na ɛyɛ mfuturo so na yɛhunuu wɔ wɔn anim sɛ wɔhia mmoa. Wɔ yɛn ara kwan so no yɛsii apini wɔ honhom mu na yɛn ho yeraa yɛn (hwɛ Yohane 11:33), nanso saa atenka no sesaeɛ berɛ a yɛhunuu sɛ Asɔremma ahummɔborɔ reyɛ adwuma berɛ a wɔmaa wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane, hwɛɛ akunafoɔ, kyekyeree mmɔborɔfoɔ werɛ na wɔn nisuo popaeɛ.

Momma yɛnhwehwɛ afoforɔ yiedie daa na yɛnkyerɛ wɔ kasa ne nneyɛɛ mu sɛ “yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛsoa yɛn ho yɛn ho nnesoa” (Mosiah 18:8), sɛ “yɛbɛkyekyere wɔn a wɔ akoma abubuo werɛ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 138:42), na yɛadi Krist mmarasɛm kɛseɛ a ɛtɔ so mmienu “dɔ wo yɔnko” no so (Marko 12:31). Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.