Amansan Nhyiamu
Daa Nokorɛ
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Daa Nokorɛ

Ɛho akohia sɛ yɛhunu nokorɛ no sen daa nyinaa!

Anuanom, yɛda mo ase wɔ mo ahofama ma Agya Nyankopɔn ne Ne Ba, Yesu Kristo, na yɛda mo ase wɔ ɔdɔ ne ɔsom a mode ma mo ho mo ho. Woyɛ nwanwa ampa!

Nnianim

Berɛ a me ne me yere Anne nsa kaa ɔfrɛ sɛ yɛnsom sɛ berɛ nyinaa asɛmpatrɛ akandifoɔ akyire no, yɛn abusua no sii gyinaɛ sɛ yɛbɛsua asɛmpatrɛfoɔ biara din ansa na yɛaduru asɛnka mu. Yɛnyaa mfonyini ahodoɔ, yɛɛ flash card ahodoɔ, na yefirii aseɛ hwɛɛ animu na yɛkyeree din guu yɛn tirim.

Berɛ a yɛduruu hɔ no, yɛne asɛmpatrɛfoɔ no yɛɛ nnianim nhyiamu ahodoɔ. Berɛ a yɛkabomu no, metee yɛn babarima a wadi mfie nkron no sɛ:

“Ɛyɛ me dɛ sɛ mahyia wo, Sam!”

“Rachel, ɛhe na wofiri?”

“Wow, David, wo yɛ tenten!”

Ɛsiane sɛ na ehu aka me nti, mekɔɔ yɛn babarima no nkyɛn na mebɔɔ me tiriso sɛ, “Hey, momma yɛnkae sɛ yɛbɛfrɛ asɛmpatrɛfoɔ no sɛ Elder anaa sɛ Sister.”

Ɔhwɛɛ me a na n’adwene atu afra na ɔkae sɛ, “Papa, na mesusu sɛ ɛsɛ sɛ yɛkyere wɔn din gu yɛn tirim.” Yɛn babarima no gyinaa ne nteaseɛ so yɛɛ nea osusui sɛ ɛteɛ.

Ɛnti, nteaseɛ bɛn na yɛwɔ wɔ nokorɛ ho wɔ nnɛ wiase yi mu? Wɔde adwene a emu yɛ den, amanneɛbɔ a ɛyɛ ntrɔ, ne nsɛm a enni mu to yɛn so berɛ nyinaa. Berɛ korɔ no ara mu no, nsɛm yi dodoɔ ne faako a wonya firi mu no redɔɔso. Ɛho akohia sɛ yɛhunu nokorɛ no sen daa nyinaa!

Nokorɛ ho hia ma yɛn sɛ yɛne Onyankopɔn benya abusuabɔ na yɛahyɛ mu den, anya asomdwoeɛ ne anigyeɛ, na yɛaduru yɛn ɔsoro tumi ho. Ɛnɛ da yi, m yɛ nsusu nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ho.

  • Deɛn ne nokorɛ, na deɛn nti na ɛho hia?

  • Yɛbɛyɛ dɛn ahunu nokorɛ?

  • Sɛ yɛhunu nokorɛ a, yɛbɛyɛ dɛn atumi aka ho asɛm?

Nokorɛ Yɛ Daa Daa

Awurade akyerɛkyerɛ yɛn wɔ twerɛsɛm mu sɛ “nokorɛ yɛ nimdeɛ a ɛkyerɛ sɛdeɛ nneɛma teɛ, sɛdeɛ na ɛteɛ, ne sɛdeɛ ɛbɛba” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:24). “Wɔammɔ na wɔannyɛ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:29) ɛnni “awieɛ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:66).1 Nokorɛ yɛ nea edi mu, egyina hɔ pintinn, na ɛnsakyera. Ɔkwan foforɔ so no, nokorɛ te hɔ daa.2

Nokorɛ boa yɛn ma yɛkwati nnaadaa,3 yɛhunu papa ne bɔne,4 yɛnya ahobammɔ,5 na yɛnya awerɛkyekyerɛ ne ayaresa.6 Nokorɛ nso betumi akyerɛ yɛn nneyɛe kwan,7 na ama ya de yɛnho,8 na ate yɛn ho,9 na ɛde yɛn akɔ daa nkwa mu.10

Onyankopɔn Da Daa Nokorɛ Adi

Onyankopɔn nam adiyisɛm abusuabɔ a ɛfa Ɔno Yesu Kristo, Honhom Kronkron, nkɔmhyɛfoɔ ne yɛn ho so da daa nokorɛ no adi kyerɛ yɛn Ma menka dwumadie soronko nanso ɛne ne ho di nkitaho a obiara a ɔde ne ho hyɛ mu di wɔ saa adeyɛ yi mu no ho asɛm.

Deɛ, edi kan no Onyankopon ne daa nokorɛ nyinaa farebae.11 Ɔne Ne Ba, Yesu Kristo,12 wɔ nokorɛ ho nteaseɛ a ɛdi mu na wɔyɛ wɔn adeɛ sɛdeɛ ɛne nokorɛ nnyinasosɛm ne mmara hyia berɛ biara.13 Saa tumi yi ma Wɔn kwan ma wɔbɔ wiase na wɔdi so14 na saa ara nso na wɔdɔ, kyerɛ yɛn mu biara kwan, na wɔtete yɛn mu biara pɛpɛɛpɛ.15 Wɔpɛ sɛ yɛte nokorɛ ase na yɛde di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ we a yebetumi anya nhyira a Wɔnya no mu anigye.16 Obɛtumi de nokorɛ ama wɔ ankasa mu anaa ɛnam asomafoɔ te sɛ Honhom Kronkron, abɔfoɔ, anaa nkɔmhyɛfoɔ ateasefoɔ so.

Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa, Honhom Kronkron no di nokorɛ nyinaa ho adanseɛ.17 Ɔda nokorɛ ahodoɔ adi kyerɛ yɛn tee na ɔyɛ nokorɛ a afoforɔ kyerɛkyerɛ ho adansefoɔ. Nsusuyɛ a efiri Honhom no mu taa ba sɛ nsusuyɛ ba yɛn adwene mu na atenka ba yɛn akoma mu.18

Deɛ ɛtɔ so mmeɛnsa, Nkɔmhyɛni nya daa nokorɛ firi Onyankopɔn hɔ na ɔka kyerɛ afoforɔ.19 Yesua nokorɛ no firi nkɔmhyɛfoɔ a wɔatwa mu wɔ twerɛwsɛm no mu20 ne nkɔmhyɛfoɔ a ɔwɔha wɔ amansan nhyiamu yi ase na ɔnam akwan ahodoɔ so ne yɛn di nkutaho.

Awieɛ koraa no, me ne wo di dwuma titiriw wɔ saa adeyɛ yi mu. Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ yɛbɛhwehwɛ, ahu, na afei yɛde nokorɛ no adi dwuma. Yɛn tumi a yɛde gye nokorɛ na yɛde di dwuma no gyina yɛne Agya ne Ɔba no ntam abusuabɔ ahoɔden so, yɛn ho a yɛyɛ wɔ Honhom Kronkron nkɛntɛnsoɔ ho, ne yɛne nna a ɛdi akyire nkɔnhyɛfoɔ a yɛde bɛhyia.

Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Satan yɛ adwuma de si yɛn kwan ma yɛmfa nokorɛ no nkɔ. Onim sɛ sɛ nokorɛ nni hɔ a, yɛntumi nnya daa nkwa. Ɔde wiase nyansapɛ nwene nokorɛ nhama de ma yɛn adwene tu fra na ɛtwetwe yɛn adwene firi nea Onyankopɔn de di nkitaho no so.21

Daa Nokorɛ a Wɔhwehwɛ, Hu, na Wɔde Di Dwuma

Berɛ a yɛrehwehwɛ nokorɛ no,22 nsɛmmisa mmienu a edidi soɔ yi bɛtumi aboa yɛn ma yɛahu sɛ ebia adwene bi firi Onyankopɔn hɔ anaa farebae foforɔ:

  • So wɔkyerɛkyerɛ adwene no daa wɔ twerɛsɛm anaa adiyifoɔ ateasefoɔ nsɛm mu?

  • So Honhom Kronkron no adanseɛ no si adwene no so dua?

Onyankopɔn nam nkɔmhyɛfoɔ so da nkyerɛkyerɛ mu nokorɛ adi, na Honhom Kronkron no si saa nokorɛ no so dua kyerɛ yɛn na ɔboa yɛn ma yɛde di dwuma.23 Ɛsɛ sɛ yɛsiesie yɛn ho sɛ yɛbenya honhom mu nsusuyɛ a ɛsi so dua berɛ a ɛba no24 Yɛgye Honhom no adansedie kɛseɛ berɛ a yɛbrɛ yɛn ho ase,25 yɛbɔ mpaeɛ firi yɛn komam na yɛsua Onyankopɔn nsɛm,26 na yɛdi Ne mmaransɛm so.27

Sɛ yenya si so dua firi Honhom Kronkron hɔ a ɛfa nokorɛ pɔtee bi ho wie a, yɛn nteaseɛ mu dɔ berɛ a yɛda gyidie adi denam saa nnyinasosɛm no a yɛde di dwuma no so. Ɛdenam saa nokorɛ no a yɛbɛtena ase berɛ nyinaa so no, yɛnya nnyinasosɛm a ɛka ho no ho nimdeɛ a edi mu.28

Sɛ nhwɛsoɔ no, mayɛ mfomsoɔ na mate abasamtuo ne nnuho a efiri bɔne mu ba no nka. Nanso ɛnam mpaebɔ, adesua, ne gyidie a mewɔ wɔ Yesu Kristo mu so no, menyaa adwensakyera nnyinasosɛm no ho adanseɛ.29 Berɛ a mekɔɔ so nuu me ho no, nteaseɛ a mewɔ wɔ adwensakyera ho no mu yɛɛ den. Metee nka sɛ mebɛn Onyankopɔn ne Ne Ba no kɛse. Seesei menim sɛ wɔbɛtumi afa Yesu Kristo so de bɔne akyɛ, ɛfiri sɛ me nya adwensakyera nhyira da biara.30

Nyankopɔn mu ahotosoɔ a Wobenya Berɛ a Nokorɛ Nnya Nna Adi

Enti, deɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ berɛ a yefiri akomam hwehwɛ nokorɛ a wɔnnya nyii no adi no? Mewɔ ayamhyehyeɛ kɛseɛ ma yɛn a yɛpɛ mmuaɛ a ɛte sɛ nea ɛremma.

Wɔ Joseph Smith nkyɛn no, Awurade tuu fo sɛ, “Monyɛ komm kɔsi sɛ mɛhunu sɛ ɛfata sɛ mɛma wɔahu nneɛma nyina ara a ɛfa asɛm no ho” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 10:37).

Na Ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Emma Smith sɛ, “Nnwiinwii ɛnam nneɛma a wonhunuu no nti, ɛfiri sɛ wɔde asie wo ne wiase, a ɛyɛ nyansa wɔ me mu wɔ mmerɛ a ɛreba no mu” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 25:4).

Me nso mahwehwɛ nsɛmmisa a efiri akomam a ennya mmae no ho mmuaɛ. Me mmuaɛ pii aba; ebi nso mmaeɛ .31 Berɛ a yɛkura mu—yɛde yɛn ho to Onyankopɔn nyansa ne ne dɔ so, yɛdi Ne mmaransɛm so, na yɛde yɛn ho to deɛ yɛnim so—Ɔboa yɛn ma yɛnya asomdwoeɛ kɔsi sɛ ɔbɛda nneɛma nyinaa mu nokorɛ adi.32

Nkyerɛkyerɛ ne Mmra ahodoɔ a Wobɛ te aseɛ

Sɛ yɛrehwehwɛ nokorɛ a, ɛboa ma yɛte nsonsonoɛ a ɛda nkyerɛkyerɛ ne mmra ntam no ase. Nkyerɛkyerɛ kyerɛ daa nokorɛ ahodoɔ, te sɛ Nyamesu su, nkwagyeɛ nhyehyɛe, Yesu Kristo mpata afɔrebɔ, ne apam ahodoɔ a ɛho hia ma ɔsoro. Mmra yɛ nkɔmhyɛ kwan so de nkyerɛkyerɛ a egyina mprempren tebea hodoɔ so di dwuma. Mmra boa akannifoɔ ma wɔsom Asɔre no so wɔ ne kwan so.

Berɛ a nkyerɛkyerɛ nsesa da no, mmra tumi sesa berɛ ne berɛ mu. Awurade nam Ne nkɔmhyɛfoɔ so yɛ adwuma de gyina Ne nkyerɛkyerɛ so na ɔsesa Asɔre mmra sɛdeɛ Ne mma ahiadeɛ teɛ.

Nea ɛyɛ awerɛhoɔ ne sɛ, ɛtɔ mmerɛ bi a yɛde mmra ne nkyerɛkyerɛ frafra. Sɛ yɛante nsonsonoeɛ no ase a, yɛde yɛn ho bɛto asiane mu sɛ yɛn abam bɛbu berɛ a mmra sesa, ama ebinom agye Onyankopɔn nyansa anaa adiyifoɔ dwumadie a ɛfa adiyisɛm ho akyinye.33

Rekyerɛkyerɛ Daa Nokorɛ

Sɛ yɛnya nokorɛ firi Onyankopɔn hɔ a, ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnka saa nimdeɛ no nkyerɛ afoforɔ34 Yɛyɛ yei berɛ a yɛrekyerɛkyerɛ adesua, yɛma ɔkasa wɔ asɔre mu, kyerɛ abɔfra kwan, anaa yɛne yɛn adamfo bi kyɛ asɛmpa nokorɛ no.

Yɛn botaeɛ ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nokorɛ wɔ ɔkwan bi so a ɛto nsa frɛ adwensakyera a ɛnam Honhom Kronkron tumi so..35 Ma menkyɛ nsatoɔ a ɛnyɛ den na ɛyɛ tiawa a ɛfiri Awurade ne Ne nkɔmhyɛfoɔ hɔ a ɛbɛtumi aboa.36

  1. Twe adwene si Ɔsoro Agya, Yesu Kristo, ne Wɔn nkyerɛkyerɛ titiri no so.37

  2. Gyina pintinn wɔ twerɛsɛm no ne nna a ɛdi akyire adiyifoɔ nkyerɛkyerɛ mu.38

  3. Fa wo ho to nkyerɛkyerɛ a wɔde asi hɔ ɛnam adansefoɔ pii a wɔwɔ tumi so.39

  4. Kwati nsusuyɛ hunu, ankorankorɛ adwene, anaa wiase adwene.40

  5. Kyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ asɛm bi wɔ asɛmpa no mu nokorɛ ahodoɔ a ɛfa ho no mu na ama nteaseɛ a ɛkari pɛ.41

  6. Fa nkyerɛkyerɛ akwan a ɛto nsa frɛ Honhom no nkɛntɛnso di dwuma.42

  7. Di nkitaho pefee na woakwati nteaseɛ a ɛnteɛ.43

Nokorɛ a Wɔka Wɔ Ɔdɔ Mu

Sɛnea yɛkyerɛkyerɛ nokorɛ no ho hia ankasa. Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnka “nokorɛ no wɔ ɔdɔ mu” (see Efesofoɔ 4:14–15). Nokorɛ wɔ hokwan a ɛyɛ sene biara sɛ ɛbɛhyira obi foforɔ berɛ a wɔde ɔdɔ a ɛte sɛ Kristo da no adi no.44

Nokorɛ a wɔkyerɛkyerɛ a ɔdɔ nka ho no bɛtumi ama yɛate nka sɛ wɔabu atɛn, abam abuo, na wayɛ ankonam. Mpɛn pii no, ɛde abufuo ne mpaapaemu—ntawantawa mpo ba. Ɔkwan foforɔ so no, ɔdɔ a nokorɛ nnim no yɛ tokuru na enni bɔhyɛ sɛ ɛbɛkɔ animu.

Nokorɛ ne ɔdɔ nyinaa ho hia ma yɛn honhom mu nkɔsoɔ.45 Nokorɛ ma nkyerɛkyerɛ, nnyinasosɛm, ne mmara a ɛho hia na ama yɛanya daa nkwa, berɛ a nokorɛ a yɛbɛka wɔ ɔdɔ mu no ma nkannyan a ehia na ama yɛagye nea ɛyɛ nokorɛ atom na yɛadi ho dwuma.

Meda ase daa ma afoforo a wofiri boasetɔ mu de ɔdɔ kyerɛkyerɛɛ me daa nokorɛ no.

Awieɛ

Sɛ yɛde rewie, a ma menkyɛ daa nokorɛ a abɛyɛ adeɛ a ekura me kraa mu. Mahu saa nokorɛ ahodoɔ yi denam nnyinasosɛm ahodoɔ a yɛaka ho asɛm nnɛ.

Menim sɛ Onyankopɔn yɛ yɛn Soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ.46 Ɔnim neɛma nyinaa,47 wɔ tumi nyinaa,48 na Ɔwɔ ɔdɔ mapa.49 Ɔbɔɔ nhyehyɛe bi a ɛma yɛtumi nya daa nkwa na yɛbɛyɛ sɛ Ɔno.50

Sɛ saa nhyehyɛɛ no fa bi no, Ɔsomaa Ne Ba, Yesu Kristo, sɛ ɔmmɛgye yɛn mfiri bɔne mu na ɔnye yɛn mfiri owuo mu.51 Ɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ papa52 na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho.53 Ɔpataa yɛn bɔne berɛ a Ɔhwiee Ne mogya guu wɔ Getsemane54 na ofiri ne pɛ mu de ne nkwa mae wɔ asɛnnua no so.55 Ɔsɔre firiii awufoɔ mu nnansa akyi.56 Ɛdenam Kristo ne N’adom so no, wɔbɛnyane yɛn,57 wɔbɛtumi de akyɛ yɛn, .,58 na yɛbɛtumi anya ahoɔden wɔ amanehunu mu.59

Wɔ N’asase so som mu no, Yesu de N’Asɔre sii hɔ.60 Berɛ kɔɔ so no, wɔsesaa saa Asɔre no, na nokorɛ ahodoɔ no yerae.61 Yesu Kristo nam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so san de N’Asɔre ne asɛmpa no mu nokorɛ a ɛda adi pefee na ɛsom bo no baeɛ.62 Na ɛnnɛ, Kristo kɔ so di N’Asɔre no anim denam nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ ateasefoɔ so.63

Minim sɛ mmerɛ a yɛreba Kristo nkyɛn no, awieeɛ koraa no yɛbɛtumi “ayɛ pɛ wɔ ne mu” (Moronae 10:32), yɛanya “anigyeɛ a ɛhyɛ ma” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:33), na yɛanya “nea [Agya] no wɔ nyinaa” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:38). Wɔ saa nokorɛ yeinom ho mede anigyeɛ di adanseɛ wɔ Yessu Kristo din kronkron no mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ bio nso Nnwom 117:2; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1:39.

  2. “Nea ebinom adwenem naayɛ bɔ abira no, biribi te sɛ nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ wɔ hɔ ankasa. Nokorɛ a edi mu wɔ hɔ ankasa—daa nokorɛ. Yɛn mmerɛ yi mu ɔhaw baako ne sɛ nnipa kakraa bi na wɔnim baabi a wɔbɛdan akɔhwehwɛ nokorɛ” (Russell M. Nelson, “Nokokorɛ Kronkron, “Nkyerɛkyerɛ Kronkron, ne Adiyisɛm Kronkron,” Laehona, Obubuo. 2021, 6).

  3. Hwɛ Joseph Smith—Mateo 1:31

  4. Hwɛ Moronae 10:32

  5. Hwɛ 2 Nifaei 1:9; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 17:8

  6. Hwɛ Yakɔb 2:8.

  7. Hwɛ Nnwom 119:105; 2 Nifae 32:3.

  8. Hwɛ Yohane 8:32; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 98:8.

  9. Hwɛ Yohane 17:17.

  10. Hwɛ 2 Nifae 31:20

  11. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:11–13; 93:36.

  12. Hwɛ Yohane 5:19–20; 7:16; 8:26; 18:37; Moses 1:6.

  13. Hwɛ Alma 42:12–26; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:41

  14. Hwɛ Moses 1:30–39.

  15. Hwɛ 2 Nephi 26:24.

  16. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 82:8–9.

  17. Hwɛ Yohane 16:13; Yakob 4:13; Moroni 10:5; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 50:14; 75:10; 76:12; 91:4; 124:97.

  18. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 6:22–23; 8:2–3

  19. Hwɛ Yeremia 1:5, 7; Amos 3:7; Mateo 28:16–20; Moronae 7:31, Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1:38, 21:4–6; 43:1–7. Nkɔmhyɛni yɛ “onipa a wafrɛ no na ɔkasa ma Onyankopɔn. Sɛ Onyankopɔn somafoɔ no, nkɔmhyɛni nya mmaransɛm, nkɔmhyɛ, ne adiyisɛm firi Onyankopɔn hɔ. N’asɛdeɛ ne sɛ ɔbɛma adasamma ahunu Onyankopɔn apɛdeɛ ne ne suban ankasa na wakyerɛ nea ɔne wɔn di no kyerɛ. Nkɔmhyɛni kasa tia bɔne na ɔka nsunsuansoɔ a ɛde ba. Ɔka teneneeyɛ ho asɛm. Ɛduru berɛ bi a, nkɔmhyɛni tumi nya nkanyan ka daakye mu nsɛm a ɛbɛboa nnipa. N’asɛdeɛ ankasa, mmom, ne sɛ ɔbɛdi Kristo ho adanseɛ. Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no Titenani yɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛfoɔ wɔ asaase so nnɛ. Wɔbu Titenani a Odi Kan no mufo ne Asomafo Dumien no mufo sɛ nkɔmhyɛfo, adehufo, ne adiyifo” (Twerɛ Kronkron no Akwankyerɛ, “Nkɔmhyɛni,” Asɛmpa Nwomakorabea). Yehu nnyinasosɛm ahodoɔ yi ho nhwɛsoɔ wɔ Adam asetena mu (hwɛ Mose 6:51–62), Enoch (see Mose 6:26–36), Noah (see Mose 8:19, 23–24), Abraham (hwɛ Gyenesis12:1–3; Abraham 2:8–9), Moses (hwɛ Eksodus 3:1–15; Mose 1:1–6, 25–26), Peter (hwɛ Mateo 16:13–19), ne Joseph Smith (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 5:6–10; 20:2; 21:4–6).

  20. Hwɛ 2 Timoteo 3:16

  21. Hwɛ Yohane 8:44; 2 Nephi 2:18; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:39; Mose 4:4.

  22. Hwɛ 1 Nephi 10:19. Titenani Dallin H. Oaks kyerɛɛ sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyie berɛ a yɛrehwehwɛ [Onyankopɔn] nokorɛ na yɛpaw fibea ama saa hwehwɛ no. Ɛnsɛ sɛ yebu wiase mu dibea anaa tumidie sɛ nneɛma a ɛfata. Sɛ yɛhwehwɛ nokorɛ a ɛfa nyamesom ho a, ɛsɛ sɛ yɛde honhom mu akwan a ɛfata saa hwehwɛ no di dwuma: mpaebɔ, Honhom Kronkron no adansedie, ne twerɛwsɛm ne nnɛyi nkɔmhyɛfoɔ nsɛm a yesua”(“Nokorɛ ne Nhyehyɛe,” Laehona,Obubuo. 2018, 25).

  23. Elder D. Todd Christofferson kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Asomafoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ ka Nyankopɔn n’asɛm, naaso kaa ho no, yɛgye di sɛ mmarima ne mmaa ne wɔn nyinaa mu na mmɔfra mpo bɛtumi asua na wɔde ɔsoro nkenyan akyerɛ wɔn kwan wɔ mpaebɔ na twerɛsɛm no sua ho mmuaema mu. Wɔma Yesu Kristo Asɔre no mufoɔ Honhom Kronkron akyɛdeɛ, a ɛma nkitahodie a ɛkɔ so ne wɔn Soro Agya no yɛ mmerɛ. Eyi nkyerɛ sɛ asɔremma biara kasa ma Asɔre no anaa obetumi akyerɛkyerɛ ne nkyerɛkyerɛ mu na mmom sɛ obiara betumi anya ɔsoro akwankyerɛ wɔ n’asetra mu nsɛnnennen ne hokwan ahorow a obedi ho dwuma mu” (“Kristo Nkyerɛkyerɛ,” Laehona, Ɔpenima 2012, 89–90, note 2).

  24. Hwɛ 2 Nephi 33:1–2.

  25. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1:28.

  26. Hwɛ Moroni 10:3–5; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 9:7–9; 84:85.

  27. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 5:35; 63:23; 93:27–28. Ɛmfa ho sɛ yɛbɔ mmɔden denneennen no, ebia yɛn mu binom da so ara repere sɛ yɛbɛte Honhom no nka esiane adwenemyareɛ ho nsɛnnennen nti. Adwenemhaw, dadwen, ne ntini mu tebea afoforo betumi de nsɛnnennen aka Honhom Kronkron no a wobehu no ho. Wɔ nsɛm a ɛte saa mu no, Awurade to nsa frɛ yɛn sɛ yɛnkɔ so mmɔ asɛmpa no bra, na Ɔbɛhyira yɛn (hwɛ Mosiah 2:41). Yebetumi ahwehwɛ dwumadi foforo—te sɛ nnwom kronkron a yetie, ɔsom mu a yɛde yɛn ho bɛhyɛ mu, anaa bere a yɛde bɛtra abɔde mu —a ɛboa yɛn ma yɛte Honhom no aba nka (hwɛ Galatians 5:22–23) na hyɛ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu den.

    Elder Jeffrey R. Holland daa no adi sɛ: “Enti ɔkwan bɛn so na wobɛyɛ ho biribi yiye bere a adwene anaa nkate fam nsɛnnennen hyia wo anaa wɔn a wodɔ wɔn? Nea ɛsen ne nyinaa no, nsɛe gyidi wɔ w’Agya a ɔwɔ Soro, a ɔdɔ wo sen sɛnea wubetumi ate ase no mu da Fa nokorɛdiei di ahofama nneyɛe a wɔasɔ ahwɛ wɔ bere mu a ɛde Awurade Honhom ba w’abrabɔ mu no akyi. Hwehwɛ afotu fi wɔn a wokura nsafe ma wo honhom mu yiyedi no hɔ. Bisa na ma asɔfodie tumi nhyira hia wo. Fa sakrament no nnawɔtwe biara, na kura Yesu Kristo Mpata no bɔhyɛ a ɛma ɛyɛ pɛ no mu denneennen. Gye anwanwadeɛ di. Mahu sɛ wɔn mu pii aba berɛ a biribiara a ɛkyerɛ sɛ anidasoɔ no ayera no. Anidasoɔ nsɛe da” (“Te sɛ Anwenne a Abubu,” Laehona, Obubuo. 2013, 40–41).

  28. Hwɛ Yohane 7:17; Alma 32:26–34 Awiei koraa no, Onyankopɔn pɛ sɛ yenya nokware “hama so, ahyɛde ne ahyɛde so,” kosi sɛ yɛbɛte nneɛma nyinaa ase(hwɛ Mmebusɛm 28:5; 2 Nephi 28:30; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:67; 93:28).

  29. Hwɛ 1 Yohane 1:9–10; 2:1–2

  30. Titenani Russell M Nelson kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛma fawohodie, ɛma animuonyam, anaa ɛho hia kɛse ma yɛn ankorankorɛ nkɔsoɔ sene sɛ yɛde yɛn adwene si adwensakyera so daa, da biara da. Adwensakyera nnyɛ prɛkopɛ, na mmom ɛyɛ anamɔn tuo. Na ɛyɛ anigyeɛ safoa ne adwene mu asomdwie. Sɛ yɛde gyedie ka ho a, adwensakyera bue yɛn kwan kɔ Yesu Kristo Mpata no tumi so” (Russell M. Nelson” (“Yɛbɛtumi Ayɛ Yie na Yey,” Liahona, May 2019, 67).

  31. Mennim deɛ enti a Onyankopɔn de daa nokorɛ no bi sie yɛn, nanso Elder Orson F. Whitney de nhunumu a ɛyɛ anigyeɛ maeɛ: “Ɛyɛ nhyira sɛ yɛbɛgye adi a yɛnhunu, ɛfiri sɛ ɛnam gyidie a yɛde di dwuma so na honhom mu nkɔsoɔ ba, akɛseɛ no mu baako nneɛma a ɛfa onipa asase so asetena ho; bere a nimdeɛ, denam gyidie a ɛmene so no, si ne dwumadie ano, na ɛnam so si saa nkɔsoɔ no kwan. ‘Nimdeɛ yɛ tumi’; na ɛsɛ sɛ wɔhunu nneɛma nyina ara wɔ berɛ a ɛsɛ mu. Nanso nimdeɛ a ɛba ntɛm—hu wɔ bere a ɛnteɛ mu—di awu ma nkɔsoɔ ne anigye nyinaa” (“Yesu Kristo Nyamesu” (“Yesu Kristo Nyamesu,” Improvement Era, Jan. 1926, 222; see also Laehona, Ayewohomomo. 2003, 14–15).

  32. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76:5–10 Awurade tuu Hyrum Smith fo nso sɛ “ɔnnhwehwɛ sɛ ɔbɛka m’asɛm, na mmom di kan hwehwɛ sɛ wubenya m’asɛm. Yɛ komm [na] sua m’asɛm” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam11:21–22). Nkɔmhyɛni Alma de nhwɛsoɔ bi ma wɔ nsɛmmisa a wɔannya ho mmuaeɛ ho dwuma: “Wɔnnya nhunuu saa ahintasɛm yi nwiei nkyerɛ me; (Alma 37:11). Ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ ne babarima Corianton nso sɛ “ahintasɛm bebree wɔ hɔ a wɔkora so, sɛ obiara nnim gye Onyankopɔn ankasa” (Alma 40:3 Manya ahoɔden nso afiri Nephi mmuaeɛ mu berɛ a wɔde asɛmmisa bi a wantumi mmua kyerɛɛ no: “Minim sɛ [Onyankopɔn] dɔ ne mma; (1 Nephi 11:17).

  33. Saa ara na, amammerɛ mu atetesɛm nyɛ nkyerɛkyerɛ anaa nhyehyɛe. Sɛ wɔboa yɛn ma yɛdi nkyerɛkyerɛ ne nhyehyɛeɛ akyi a, ɛbɛtumi ayɛ mfasoɔ, nanso sɛ ɛnnyina nokorɛ nnyinasosɛm so a, ɛbɛtumi asi yɛn honhom mu nkɔsoɔ nso kwan. Ɛsɛ sɛ yɛkwati atetesɛm a ɛnkyekye yɛn gyidie anaasɛ ɛboa yɛn ma yenya nkɔsoɔ nkɔ daa nkwa mu.

  34. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 15:5; 88:77–78.

  35. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 50:21–23.

  36. Wɔfaa no firi nwoma “Nnyinasosɛm a ɛbɛma Nkyerɛkyerɛ mu Ahotew,” a Titenani a Wɔdi Kan ne Asomafoɔ Dumienu Kuo no penee so wɔ Ɔpɛpɔn 2023 mu.

  37. Hwɛ 1 Nifae 15:14 Awurade kyerɛɛ N’asomfoɔ sɛ wɔnkwati sɛ wɔde wɔn adwene besi nnyinasosɛm anaa nsusuyɛ ahodoɔ a ɛnyɛ N’asɛmpa no mu ade titiriw so: “Na nnyinasosɛm ho nkasa, na mmom fa adwensakyera ne gyidie a ɛwɔ Agyenkwa no so, ne bɔne fafiri denam asubɔ ne ogya so , aane, Honhom Kronkron mpo” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19:31

    Elder Neil L. Andersen kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Momma yɛmfa yɛn adwene nsi Agyenkwa Yesu Kristo ne Ne mpata afɔrebɔ akyɛdeɛ no so. Yei nkyerɛ sɛ yentumi nka osuahunu bi a efiri yɛn ankasa asetena mu anaasɛ yɛrenkyɛ nsusuyɛ mfiri afoforɔ hɔ. Bere a yɛn asɛmti no betumi afa mmusua anaa ɔsom anaa asɔredan anaa asɛmpatrɛw adwuma bi a wɔyɛe nnansa yi ho no, ɛsɛ sɛ biribiara twe adwene si Awurade Yesu Kristo so“ (“Yɛka Kristo ho asɛm,” Laehona, Obubuo. 2020, 89–90).

  38. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 28:2–3, 8 Nkɔmhyɛni Alma tuu wɔn a wɔayi wɔn fo sɛ wɔnka asɛmpa no nfa sɛ “wɔnnkyerɛkyerɛ biribiara gyesɛ nneɛmba a ɔkyerɛkyerɛe, na wɔde nkɔmhyɛfoɔ kronkron no ano ka” (Mosaya 18:19

    Titenani Henry B. Eyring paee mu kae sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ Asɔre no nkyerɛkyerɛ titiri sɛnea ɛwɔ gyinapɛn nnwuma ne nkɔmhyɛfoɔ no nkyerɛkyerɛ mu, a wɔn asɛdeɛ ne sɛ wɔbɛpae mu aka nkyerɛkyerɛ“ (“Awurade Bɛma Otwa no Adɔɔso” [anwummere ne General Authority, Feb. 6, 1998], in wɔ Nkyerɛkyerɛ Sukuu: Preservice Akenkan2004], 96 [2004], 96).

    Elder D. Todd Christofferson dii adanseɛ sɛ “wɔ Asɔre no mu nnɛ, tete no ara pɛ, Kristo nkyerɛkyerɛ a wɔde besi hɔ anaa nkyerɛkyerɛ mu nkyerɛkyerɛ a wɔbɛteɛ no yɛ ɔsoro adiyisɛm ma wɔn a Awurade de asomafoɔ tumi ama wɔn” (“Kristo Nkyerɛkyerɛ,” 86).

  39. Hwɛ 2 Korintofoɔ 13:1; 2 Nifae 11:3; Eter 5:4; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 6:28. Elder Neil L. Andersen hyɛɛ no nso sɛ: “Kakraa bi gye wɔn gyidie ho akyinye berɛ a wohu asɛm bi a Asɔre kannifoɔ bi kae mfie du a atwam ni a ɛte sɛ nea ɛnɛ yɛn nkyerɛkyerɛ nhyia no. Nnyinasosɛm a ɛho hia bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ Asɔre no nkyerɛkyerɛ Nkyerɛkyerɛ no, Titenani a Odi Kan ne Dumien Kuo no mufoɔ 15 no nyinaa na wɔkyerɛkyerɛ. Wɔmfa nsie ɔkasa biako nkyekyem a emu nna hɔ mu. Wɔtaa kyerɛkyerɛ nokorɛ nnyinasosɛm ahodoɔ na wɔkyerɛkyerɛ nnipa pii. Yɛn nkyerɛkyerɛ no nyɛ den sɛ yɛbɛhunu” ” (“Gyidie Sɔhwɛ,” Laehona, Obubuo. 2012, 41).

    Elder D. Todd Christofferson kyerɛkyerɛɛ saa ara sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛnyɛ asɛm biara a Asɔre kannifoɔ bi ka, tete anaa seesei, na ɛho hia sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ. Wɔtaa te ase wɔ Asɔre no mu sɛ asɛm a ɔkannifoɔ baako ka wɔ berɛ baako mu no taa gyina hɔ ma ankorankoro adwene, ɛwom sɛ wɔsusu ho yie de, nanso wɔanhyɛ da sɛ ɛbɛyɛ aban kwan so anaa ɛbɛkyekyere Asɔre no nyinaa (“Kristo Nkyerɛkyerɛ,” 88).

  40. Hwɛ 3 Nifae 11:32, 40 Titenanit Gordon B. Hinckley kaa sɛ: “Makasa pɛn afa hia a ehia sɛ yɛma Asɔre no nkyerɛkyerɛ no ho te. Yei ho asɛm ha me. SNkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ mu akwansideɛ nketenkete bɛtumi de atrosɛm akɛseɛ ne bɔne aba” (Nkyerɛkyerɛ fa Gordon B. Hinckley ho [1997], 620).

    Titenani Dallin H. Oaks bɔɔ kɔkɔ sɛ ebinom wɔ hɔ a “wɔpa kasamu kakraa bi firi nkɔmhyɛni bi nkyerɛkyerɛ mu na wɔde eyinom de dwuma de foa wɔn amammuo nhyehyɛe anaa wɔn ankasa atirimpɔn afoforɔ so. To wrest the words of a prophet to support a private agenda, political or financial or otherwise, is to try to manipulate the prophet, not to follow him” (“Our Strengths Can Become Our Downfall” [Brigham Young University fireside, June 7, 1992], 7, speeches.byu.edu).

    President Henry B. Eyring bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Nkyerɛkyerɛ nya ne tumi berɛ a Sunsum Kronkron no si so dua sɛ ɔyɛ nokorɛ. Esiane sɛ yehia Honhom Kronkron no nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye na yɛhwɛ yiye na yɛankɔ akyiri nsen nokorɛ nkyerɛkyerɛ a yɛbɛkyerɛkyerɛ. Honhom Kronkron no ne Nokorɛ Honhom. Wɔto nsa frɛ ne si so dua denam yɛn a yɛkwati nsusuwii hunu anaa ankorankoro nkyerɛase so. Ɛno bɛtumi ayɛ den sɛ wɔbɛyɛ. Ɛyɛ sɔhwɛ sɛ wobɛsɔ biribi foforɔ anaa nea ɛyɛ nkate ahwɛ. Nanso yɛto nsa frɛ Honhom Kronkron no sɛ yɛn hokafoɔ berɛ a yɛhwɛ yie sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nokorɛ nkyerɛkyerɛ nko ara. Akwan a ɛyɛ nokorɛ a yɛbɛfa so akwati sɛ yɛbɛbɛn atorɔ nkyerɛkyerɛ mpo no mu biako ne sɛ yɛbɛpa sɛ yɛbɛyɛ mmerɛ wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ mu. Ahobanbɔ nam saa mmerɛyɛ no so nya, na kakraa bi na ɛyera”Tumi a Ɛwɔ Nkyerɛkyerɛ a Wɔkyerɛkyerɛ Mu,” Laehona, Kitawonsa 1999, 86).

    Elder Dale G. Renlund kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Nteaseɛ kɛseɛ a yɛbɛhwehwɛ no yɛ yɛn honhom mu nkɔsoɔ fa a ɛho hia, nanso yɛsrɛ mo monyɛ ahwɛyie. Nteaseɛ ntumi nsi adiyie ananmu. Nsusuiɛ remma yɛnnya honhom mu nimdeɛ kɛseɛ, nanso ɛbɛtumi ama yɛakɔ nnaadaa mu anaa yɛbɛdane yɛn adwene afiri deɛ wɔada no adi no so” (“Wo Ɔsoro Su ne Daa Nkrabea,” Laehona, Kotonima 2022, 70).

  41. Hwɛ Mateo 23:23 Titenani Joseph F. Smith bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Nyansa nnim koraa sɛ wobɛfa nokorɛ asinasin bi na woafa no te sɛ nea ɛyɛ ade mu no nyinaa. Kristo asɛmpa no nnyinasosɛm a wɔada no adi nyinaa ho hia na ɛho hia wɔ nkwagyeɛ nhyehyɛe no mu.” Ɔsan kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛnyɛ nhyehyɛe pa anaa nkyerɛkyerɛ pa sɛ yɛbɛfa eyinom mu biara, ayi afiri asɛmpa no mu nokorɛ nhyehyɛe no nyinaa mu, ayɛ no anigyedeɛ titiriw, na yɛde yɛn ho ato so ama yɛn nkwagyeɛ ne nkɔsoɔ. Wɔn nyinaa ho hia” (Asɛmpa Nkyerɛkyerɛ5th edition [1939], 122).

    Elder Neal A. Maxwell kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Asɛmpa no nnyinasosɛm hwehwɛ sɛ wɔyɛ nhyiamu. Sɛ wɔtwe wɔn ho fi wɔn ho wɔn ho ho anaasɛ wɔte wɔn ho a, ebia mmarima nkyerɛaseɛ ne nkyerɛkyerɛ ahodoɔ yi a wɔde di dwuma no bɛyɛ nea ɛyɛ hu. Ɔdɔ, sɛ wɔamfa mmara a ɛto so nson no anhwɛ a, ebetumi abɛyɛ honam deɛ. Mmara a ɛto so num no si awofo a wobedi wɔn ni so dua a ɛfata nkamfoɔ, gye sɛ wɔde ahyɛdeɛ a edi kan no hwɛ mu no betumi ama wɔadi nokorɛ a enni nnyinasoɔ ama awofoɔ a wɔafom mmom sen Onyankopɔn. Boasetɔ mpo kari pɛ denam ‘bere a wɔde nnam ka, bere a Honhom Kronkron no kanyan no’’” (“‘Hwɛ, Ɔtamfo no Aka abom’’ [Doctrine and Covenants 121:43]” (“Behold, the Enemy Is Combined,” Ensign, May 1993, 78–79).

    Titenani Marion G. Romney kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Sɛ yɛhwehwɛ [twerɛsɛm no mu] a atirimpɔn ne sɛ yɛbɛhunu deɛ wɔkyerɛkyerɛ sɛdeɛ Yesu hyɛeɛ no yɛ akyirikyiri koraa sɛ yɛbɛbɔ abɔmmo afa mu a atirimpɔn ne sɛ yɛbɛhwehwɛ nkyekyɛmu a wɔbɛtumi apia akɔ ɔsom mu de agyina awieeɛ bi a wɔahyɛ ato hɔ so” (“Nsɛm a Ɛfa Botae Kɛse Ho twerɛtohɔ,” Ensign, Ebo. 1980, 3).

  42. Hwɛ 1 Korintofoɔ 2:4; Moroni 6:9. Elder Jeffrey R. Holland sii hia a ehia sɛ yɛka Yesu Kristo n’asɛmpa no wɔ kwan bi a ɔnam Sunsum Kronkron no tumi de kɔ sunsum mu nhyehyɛɛ mu no so dua: “Awurade mfaa afotuo a osi so dua mmaa Asɔre no da nsen sɛ ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ no asɛmpa nam Honhom no so, Ɔwerɛkyekyefoɔ a wɔsomaa no sɛ ɔnkyerɛkyerɛ nokorɛ no mpo.’ So yɛde ‘nokware Honhom’ kyerɛkyerɛ asɛmpa no?’ Wabisabisa nsɛm. Anaasɛ yɛkyerɛkyerɛ no ‘ɔkwan foforo so? Na sɛ ɛnam ɔkwan foforɔ bi so a,’ Ɔbɔ kɔkɔ, ‘ɛnyɛ Onyankopɔn hɔ’ [Nkyerɛkyerɛ ne Apam 50:14, 17–18]. Daa adesua biara ntumi nkɔ so a saa Honhom no nkwa a efiri soro no nka ho. Ɛno ne nea yɛn asɔremma pɛ ankasa. Wɔpɛ sɛ wɔhyɛ wɔn gyidie den na wɔma wɔn anidasoɔ yɛ foforɔ. Wɔpɛ sɛ, ne tiawa mu no, Onyankopɔn asɛm pa no ma wɔn aduane, ɔsoro tumi hyɛ wɔn den” (“Ɔkyerɛkyerɛfoɔ bi firi Onyankopɔn hɔ,” Ensign, Ɔpenima 1998, 26).

  43. Hwɛ Alma 13:23 Ɔrekasa afa yɛn Soro Egya ho no, Titenani Russell M. Nelson dii adanseɛ sɛ, “Ɔdi nkitaho brɛoo, komm, na ɔde pefeeyɛ a ɔyɛ nwanwa araa ma yentumi nte No ase yie” (“Tie No,” Laehona, Ɔpenima 2020, 89).

  44. Hwɛ Nnwom 26:3; Romanfoɔ 13:10; 1 Korintofoɔ 13:1–8; 1 Yohane 3:18.

  45. Hwɛ Nnwom 40:11

  46. Hwɛ Romafoɔ 8:16

  47. Hwɛ 1 Samuel 2:3; Matthew 6:8; 2 Nephi 2:24; 9:20.

  48. Hwɛ Genesis 17:1; Jeremiah 32:17; 1 Nephi 7:12; Alma 26:35.

  49. Hwɛ Jeremiah 31:3; 1 John 4:7–10; Alma 26:37.

  50. Hwɛ 2 Nephi 9; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:17–31; Mose 6:52–62.

  51. Hwɛ Yohane 3:16; 1 Yohane 4:9–10,

  52. Hwɛ John 8:29; 3 Nephi 27:13.

  53. Hwɛ Yohane 15:12; 1 Yohane 3:11.

  54. Hwɛ Luka 22:39–46

  55. Hwɛ Yohane 19:16–30

  56. Hwɛ Yohane 20:1–18

  57. Hwɛ 1 Korintofoɔ 15:20–22; Mosaya 15:20–24; 16:7–9; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76:16–17.

  58. Hwɛ Asomafoɔ Nnwuma 11:17–18; 1 Timoteo 1:14–16; Alma 34:8–10; Moroni 6:2–3, 8; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19:13–19.

  59. Hwɛ Mateo 11:28–30; 2 Korintofoɔ 12:7–10; Filipifoɔ 4:13; Alma 26:11–13.

  60. Hwɛ Mateo 16:18–19; Efesofoɔ 2:20.

  61. Hwɛ Mateo 24:24; Asomafoɔ Nnwuma 20:28–30.

  62. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:1–4; 21:1–7; 27:12; 110; 135:3; Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:1–20.

  63. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam1:14, 38; 43:1–7; 107:91–92.