Amansan Nhyiamu
Yɛyɛ Ne mma
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Yɛyɛ Ne Mma

Yɛnam Yesu Kristo adom so firi bea kronkron korɔ na yɛwɔ tumi a ɛnni ano korɔ.

Wokae suahunu a nkɔmhyɛni Samuel nyaae berɛ a Awurade somaa no Jesse fie sɛ ɔnkɔsra Israel hene foforɔ no ngo no? Samuel hunuu Jesse abakan Eliab. Ayɛ sɛ na Eliab yɛ tenten, a na ɔsɛ ɔkannifoɔ. Samuel hunuui na ɔsusuu saa. Ɛkɔwiee sɛ na ɛnte saa, na Awurade ka kyerɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ ne ho hwɛbea, anaa ne nipadua tentenyɛ; na onipa hwɛ deɛ ɛtua aniwa, nanso Awurade deɛ ɔhwɛ akoma mu.”1

Wokae suahunu a Anania nyaae berɛ a Awurade somaa no sɛ ɔnkɔhyira Paulo no? Na Saul din adi n’anim kan, ɛna na Ananias ate Saul ne n’atirimuɔden a ɔnnyae sɛ ɔde taa Ahotefoɔ no. Ananias teeɛ na ɔsusuu sɛ ebia ɛnni sɔ ɔka asɛm no kyerɛ Saul. Ɛkɔwiee sɛ na ɛnte saa, na Awurade kyerɛkyerɛɛ Anania sɛ: “Ɔyɛ adwumadeɛ a mayi no, sɛ ɔbɛsoa me din akɔ Amanamanmufoɔ, ne ahemfo, ne Israel mma anim.”2

Na Samuel ne Anania haw ne sɛn wɔ saa tebea mmienu yi mu? Wɔde wɔn aniwa hunuui na wɔde wɔn aso teeɛ, ne saa nti, wɔgyinaa deɛ aniwa hunu ne atesɛm so buu afoforɔ atɛn.

Berɛ a atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no hunuu ɔbaa dwamanfoɔ no, deɛn na wɔhunuiɛ? Ohuhuni baa, ɔbɔnefoɔ a ɔfata owuo. Berɛ a Yesu hunuu no no, deɛn na Ɔhunuiɛ? Ɔbaa a ɔde ne ho ama honam mmerɛyɛ berɛ tiawa bi mu nanso wɔnam adwensakyera ne Ne Mpata no so bɛtumi asan agye no. Berɛ a nkorɔfoɔ nohunuu asraafoɔ ɔha so panin a na’akoa yare mmubuiɛ no, deɛn na wɔhunuiɛ? Ebia wɔhunuu ɔsɛmpɛni, ɔhɔhoɔ, anaa obi a ɛwɔ sɛ wɔbu no animtia. Berɛ a Yesu hunuu no no, deɛn na Ɔhunuiɛ? Onipa a ɔdwene ne fie nipa bi yiedie ho, a ɔde nokorɛ ne gyedie hwehwɛɛ Awurade Berɛ a nkorɔfoɔ no hunuu ɔbaa no a mogya tu no no, deɛn na wɔhunuiɛ? Ebia ɔbaa no ho nteɛ, obi a wɔapo no a ɛnni sɛ yɛbɛn no. Berɛ a Yesu hunuu no no, deɛn na Ɔhunuiɛ? Ɔbaa a ɔyare, a ne tebea a ɔntumi nyɛ ho hwee nti wɔayi no mu na wayɛ ankonam, na ɔwɔ anidasoɔ sɛ ɔbɛnya ayaresa na wabɛka ho bio.

Wɔ tebea biara mu no, Awurade hunuu saa ankorankorɛ yi wɔ sɛdeɛ na wɔteɛ na ɔhwɛɛ ɔn mu biara sɛdeɛ ɛfata. Sɛdeɛ Nephi ne ne Jacob paee mu kaeɛ no:

“Ɔfrɛ wɔn nyinaa sɛ wɔmmra ne nkyɛn , tuntum ne fitaa, akoa ne fahodieni, ɔbarima ne ɔbaa; na ɔkae ɔbosonsomni; na wɔn nyinaa yɛpɛ ma Onyankopɔn.”3

“Onipa baako sombo wɔ n’ani so sɛdeɛ ɔfoforɔ teɛ.”4

Saa ara na ɛnni sɛ yɛma yɛn aniwa, anaa yɛn aso, anaa yɛn suro daadaa yɛn na mmom ɛbue yɛn akoma ne adwene mu na yɛfiri yɛn pɛ som wɔn a wɔbɛn yɛn sɛdeɛ Ɔyɛɛe no.

Mfeɛ bi a atwam, me yere Isabelle nyaa ɔsom dwumadie bi a ɛntaa nsi. Wɔkaa sɛ ɔnkɔsra okunafoɔ bi a n’ani afi wɔ yɛn wɔɔd, onuabaa bi a ɔwɔ apɔmuden ho haw na n’ankonamyɛ de yewdie aba n’abrabɔ mu. Na ne ntwamutam atwetwe; mframa nkɔ ne dan no mu; na ɔmpɛ sɛ wɔbɛkɔ akɔsra no na ɔkaa no pefee sɛ “biribiara nni hɔ a mɛtumi ayɛ ama obiara.” Isabelle amma ansi no kwan, ɔbuaa sɛ, “Aane, biribi wɔ hɔ! Wobɛtumi ayɛ biribi ama yɛn berɛ a woma kwan ma yɛbɛsra wo.” Enti nokorɛ mu, Isabelle kɔɔe.

Berɛ bi akyi no, saa onuabaa pa yi kɔyɛɛ oprehyɛn wɔ ne nan, a ɛkɔhiaa sɛ wɔsesa ntoma a ɛkyekyere ne kuro no so da biara, adeɛ a na ɔno ankasa ntumi nyɛ mma ne ho. Isabelle kɔɔ ne fie nna bebree, kɔpopaa ne nan ho, na ɔsesaa ntoma a ɛkyekyere ne kuro no so no. Wanhunu atantanneɛ; wante nka bɔne. Deɛ ɔhunuui ara ne Onyankopɔn babaa fɛɛfɛ a ɔhia ɔdɔ ne tema.

Me ne afoforɔ pii anya nhyira wɔ Isabelle akyɛdeɛ a ɔde hunu sɛdeɛ Awurade hunu no ho mfeɛ bebree. Sɛ wo na woyɛ Stake President anaa wogyina kwan ano wɔ wɔɔd hɔ, sɛ woyɛ Engiresi hene anaa wote apata ase, sɛ woka ne kasa anaa kasa foforɔ, sɛ wodi mmaransɛm no nyinaa so anaa wobrɛ wɔ ebi ho, ɔde n’aduane papa pa ara bɛgu ne kyɛnsee papa pa ara mu asom wo. Sikasɛm diberɛ, ahosuo, amammerɛ, ɔman, teneneeyɛ mpɛmpɛnsoɔ, dibea, anaa adeɛ foforɔ biara a ɛda adi anaa ɛyɛ ahyɛnsodeɛ ho nhia no. Ɔde n’akoma na ɛhunu, ɔhunu obiara sɛ Onyankopɔn ba.

Titenani Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ sɛ:

“Ɔtamfoɔ no ani gye wɔ ahyɛnsodeɛ mu ɛfiri sɛ ɛtete yɛn ntam na ɛka yɛn hyɛ wɔ sɛdeɛ yɛdwene yɛn ara ho ne afoforɔ ho. Ɛyɛ awerɛhosɛm sɛ yɛdi ahyɛnsodeɛ ni kyɛn sɛdeɛ yɛdi yɛn ho yɛn ho ni.

“Ahyɛnsodeɛ bɛtumi de yɛn akɔ atemmuo ne anibereɛ mu. Deɛ ɛyɛ adesɛeɛ anaa adwemmɔne ma obi ɛnam ɔman a ɔfiri mu, nnipakuo, ɔbarima ne ɔbaa nna mu ɔpɛ, bɔbea, nwomasua mu dibea, amammerɛ, anaa ahyɛnsodeɛ titire foforɔ bi nti yɛ bɔne ma yɛn Bɔfoɔ no!”5

Menyɛ Frenchni; wɔwoo me wɔ hɔ. Menyɛ obroni; ɛyɛ m’ahosuo, anaa mannnya bi. Menyɛ ɔbenfoɔ; ɛyɛ deɛ meyɛ de boaa m’abusua. Menyɛ Amansan Sodifoɔ Aduɔsonni; ɛyɛ baabi a mesom wɔ ahemman no mu saa berɛ yi.

“Deɛ ɛdi kan a ɛhia pa ara,” sɛdeɛ Titenani Nelson kaee yɛn no, meyɛ “Onyankopɔn ba.”6 Wo nso saa ara, na saa ara na nnipa afoforɔ a wɔwɔ yɛn ho nyinaa teɛ. Mebɔ mpaeɛ sɛ yɛbɛhunu saa nokorɛ nwanwasoɔ yi yie. Ɛsesa biribiara!

Wɔbɛtumi atete yɛn wɔ amammerɛ nsonoeɛ mu; yɛbɛtumi afiri sikasɛm tebea nsonoeɛ mu; yɛn agyapadeɛ a ɛporɔ, a ebi ne ɔman a yɛfiri mu, ahosuo, aduane a yɛpɛ, amanyɔkuo a yɛdɔm, ne ade, bɛtumi asesa yie. Nanso yɛyɛ Ne mma, yɛn nyinaa, a obiara mfiri mu. Yɛnam Yesu Kristo adom so firi beaeɛ kronkron korɔ na yɛwɔ tumi a ɛnni ano korɔ.

C. S. Lewis ka no sei: “Ɛyɛ adeɛ a ɛyɛ hu sɛ wobɛtena kuo a ɛbɛtumi aba sɛ anyame ne anyame mmaa wɔ mu, akae sɛ onipa mosoo a ne ho nyɛ anika koraa a wobɛtumi ne no akasa, da koro bɛtumi abɛyɛ abɔdeɛ a, sɛ wohunuu no seesei a, ebia anka ɛbɛyɛ wo sɛ som no. Nnipa hunu biara nni hɔ. Wo ne deɛ ɛwuo kɛkɛ biara nkasaa da. Aman, amammerɛ, nyansa, anibue—yeinom yɛ nneɛma a ɛwuo, na wɔn nkwa toto yɛn deɛ ho a, ɛte sɛ nwansena. Nanso ɛyɛ wɔn a wɔnwuo na yɛne wɔ di agorɔ, yɛ adwuma, ware, bu animtia, na yɛdaadaa wɔn.”7

Yɛn abusua ti ayɛ yie atena aman ne amammerɛ nsonoeɛ mu; wɔahyira yɛn mma ma wɔaware wɔ mmusua nsonoeɛ mu. Mabɛhunu sɛ Yesu Kristo nsɛmpa a asane aba no na ɛde nkabom kɛseɛ ba. Sɛ yɛgye to mu nokorɛ mu a, “honhom no ara ne yɛn honhom di adanseɛ, sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.”8 Saa nokorɛ nwanwasoɔ yi ma yɛn fahodie, na ahyɛnsodeɛ ne nsonoeɛ a anka ɛbɛha yɛn ne yɛn ho yɛn ho abusuabɔ mu no “wɔamene no wɔ Kristo mu.”9 Ɛnkyɛ na abɛyɛ pefee sɛ yɛ, ne afoforɔ “nyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ bio, na mmom ahotefoɔ no yɔnko-man-mma ne Onyankopɔn fiefoɔ.”10

Nansa yi ara metee sɛ yɛn amammerɛ-ahodoɔ nkorabata titenani baako de yɛɛ mfatoho, sɛdeɛ Elder Gerrit W. Gong ayɛ no, sɛ apam nkaho.11 Hwɛ nsusuiɛ papa sei! Yɛka nnipakuo bi a wɔn nyinaa bɔ mmɔden de Agyenkwa no ne wɔn apam yɛ wɔn abrabɔ fapem na wɔde asɛmpa no bɔ bra anigyeɛ mu ho. Ne saa nti, sɛ yɛbɛhuhunu yɛn ho yɛn ho wɔ ɛwuo ahwehɛ a akyeakyea mu no, asɛmpa no bue yɛn ani na ɛma yɛhunu yɛn ho yɛn ho wɔ yɛn apam kronkron ahwehwɛ a mfomsoɔ nni ho na ɛnsesa mu. Wɔ saa yɛ mu no, yɛhyɛ aseɛ yiyi yɛn ankasa awosuo adwemmɔne ne animhwɛ a yɛwɔ ma afoforɔ firi hɔ, a ɛboa ma wɔn nso te adwemmɔne ne animhwɛ a wɔwɔ ma yɛn no so,12 na ɛkɔ so saa ara wɔ anwanwasoɔ mu. Nokorɛ mu, yɛdi yɛn nkɔmhyɛni dɔfoɔ frɛ no so: “Me adɔfoɔ, sɛdeɛ yɛsom yɛn ho no ho hia yie! Sɛdeɛ yɛkasa kyerɛ ne deɛ ɛfa nkorɔfoɔ ho wɔ fie, wɔ asɔre, adwuma mu, ne ntentan so ho hia yie. Ɛnnɛ, mereka akyerɛ yɛn sɛ yɛne afoforɔ nni nkitaho wɔ kwan a ɛkorɔn na ɛho teɛ so.”13

Awia yi, wɔ saa ɔfrɛ no honhom mu, mepɛ sɛ mede me bɔhyɛ ka yɛn Primary mmɔfra nwanwasoɔ no deɛ ho sɛ:

Sɛ wonnante sɛdeɛ nnipa pii yɛ a,

Nnipa binom twe wɔn ho firi wo ho,

Nanso menyɛ! Menyɛ!

Sɛ wonkasa sɛdeɛ nnipa pii yɛ a,

Nnipa binom kasa na wɔsere wo,

Nanso menyɛ! Menyɛ!

Me ne wo bɛnante. Me ne wo bɛkasa.

Ɛno ne sɛdeɛ mɛkyerɛ ɔdɔ a mewɔ ma wo.

Yesu antwe ne ho amfiri obiara ho.

Ɔde ne dɔ maa obiara.

Enti mɛyɛ! Mɛyɛ!14

Medi adanseɛ sɛ Deɛ yɛfrɛ no sɛ yɛn Agya a ɔwɔ Soro no yɛ yɛn Agya ampa ara, sɛ Ɔdɔ yɛn, sɛ Ɔnim ne ba biara wɔ kokoam, sɛ ɔdwene yɛn mu biara ho, sɛ nokorɛ mu yɛn nyinaa te sɛ Ɔno. Medi adanseɛ sɛ sɛdeɛ yɛsom yɛn ho yɛn ho kyerɛ yɛn nteaseɛ ne anisɔ ma afɔrebɔ a ɛsene biribiara, ne Ne Ba, yɛn Agyenkwa Yesu Kristo Mpata no ho mfonin pɛɛ. Mebɔ mpaeɛ sɛ, yɛbɛdɔ afoforɔ te sɛ Ɔno, ɛfiri sɛ ɛno ne deɛ ɛyɛ a ɛwɔ sɛ yɛyɛ, na ɛnyɛ sɛ wɔreyɛ deɛ ɛyɛ anaa wɔrenwene deɛ “ɛsɛ.” Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ

  1. 1 Samuel 16:7.

  2. Asomafoɔ Nnwuma 9:15.

  3. 2 Nephi 26:33.

  4. Yakob 2:21.

  5. Russell M. Nelson, “Deɛ Yɛyie ma Daakye” (worldwide devotional for young adults, Kɔtɔnima 15, 2022), Asɛmpa Akoraeɛ.

  6. Russell M. Nelson, “Deɛ Yɛyie ma Daakye.”

  7. C. S. Lewis, The Weight of Glory and Other Addresses (1949), 14–15.

  8. Romafoɔ 8:16.

  9. Alma 31:38.

  10. Efesofoɔ 2:19.

  11. Hwɛ Gerrit W. Gong, “Apam Ho Ka,“ Liahona, Obubuo 2019, 80–83.

  12. Hwɛ Dale G. ne Ruth L. Renlund, Melkisedek Asɔfodie: Rete Nkyerɛkyerɛ no ase, De Nnyinasosɛm Rebɔ bra (2018), 112.

  13. Russell M. Nelson, “Wɔhia Asomdwoeɛfoɔ,“ Liahona, Kɔtɔnimaa 2023, 99.

  14. Me ne Wo Bɛnante,” Mmɔfra Nnwom nwoma, 140–41.