Amansan Nhyiamu
Sɛn Na W’anigyeɛ Kɛseɛ Bɛyɛ
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Sɛn Na W’anigyeɛ Kɛseɛ Bɛyɛ

Seesei meto nsa frɛ wo sɛ fa wo “nimdeɛ,” ne w’adanseɛ a wode berɛ ayɛ na kɔ asɛmpatrɛ adwuma mu.

Me nuanom mmarima ne mmaa, ɛnnɛ m’adwendwene gyina Yesrae anoboaboa so, deɛ President Neson frɛ no “adeɛ a ɛhia pa ara a ɛrekɔ asase so ɛnnɛ. Biribiara nni hɔ a wɔde toto ne kɛseyɛ ho, biribiara nni hɔ a wɔde toto ne hia a ɛhohia ho, biribiara nni hɔ a wɔde toto n’animuonyam ho.”1

Anoboaboa no yɛ nkaeɛ a ɛsom bo sɛ “akra som boɔ wɔ Onyankopɔn anim”2 Sɛdeɛ ɛyɛ tiawa ne no. Yɛreboaboa Onyankopɔn mma ano wɔ nna a ɛtwa toɔ yi mu sɛ “wɔbɛnya nhyira ma ahwie agu wɔn tiri so ”3 ne “ɛnniawieeɛ ahonyadeɛ.”4 Ɛkyerɛ sɛ sɛ yɛbɛboaboa Israel a yɛhia asɛmpatrɛfoɔ—bebree sen deɛ wɔresomno.5 Ɛnnɛ, merekasa akyerɛ mpanimfoɔ a wɔnim de wɔ Asɔre yi mu a wɔbɛtumi asom sɛ nsɛmpatrɛfoɔ. Awurade hia wo. Yɛhia wo wɔ New York ne Chicago, Australia ne Africa, Thailand ne Mexico, ne baabiara a ɛdeda ntam.

Ma me nsane mfa mo nkɔ afe 2015 mu. Na wɔafrɛ me foforɔ wɔ Asomafoɔ Dummienu Kuo no mu. Asɛdeɛ nwanwasoɔ baako a yɛyɛ ne sɛ yɛde nsɛmpatrɛfoɔ kɔ beaeɛ a wɔkɔsom. Masom sɛ Aduɔsonni wɔ saa nhyehyɛeɛ no mu,6 nanso seesei deɛ, sɛ Ɔsomafoɔ no, metee adwuma no mu duro nka. Mehyɛɛ aseɛ wɔ mpaebɔ mu de mmeranteɛ ne mmayewa bebree, mmaako mmaako totoo asɛmpatrɛ adwuma a atwa wiase ho ahyia mu. Afei, metwaa m’ani hwɛɛ awarefoɔ mpanimfoɔ no. Na wɔyɛ 10 wɔ krataa no so. Ɛnyɛ bebree. Ahodwiri mu, mebisaa m’apamfo a ɔwɔ Asɛmpatrɛ Asoeɛ, “Dodoɔ sɛn na yɛhia no nnawɔtwe yi mu de ahyɛ deɛ yɛhia no mu?”

Ɔbuaa sɛ, “300.”

Saa awerɛhosɛm no aka me hɔ: awarefoɔ 10 rekɔhyɛ ahasa a wɔrehwehwɛ no ananmu.

President Russell M. Nelson ahyɛ awarefoɔ nkuran sɛ “wɔnkɔ wɔn nkotodwe anim mmisa Ɔsoro Agya no sɛ mmerɛ aso sɛ wɔsom bom wɔ asɛmpatrɛ adwuma mu .”7 Abɔdin a ɛfata nyinaa mu no, ɔkaa sɛ, “ ɔpɛ pa a yɛde bɛsom no bɛtumi ayɛ deɛ ɛhia yie.”8

Sɛdeɛ twerɛnsɛm a ɛka sɛ, “Sɛ mowɔ ɔpɛpa sɛ mobɛsom Onyankopɔn a wafrɛ mo sɛ mommɛyɛ adwuma no.”7 Saa adwuma no nyinaa fa twa berɛ mmara no ho. Yɛkenkan wɔ Yohane, “Deɛ ɔguo ne deɛ ɔtwa nyinaa bɛtumi adi ahurusie abom.”10

Mahunu sɛ twa berɛ mmara no aba mu wɔ m’ankasa abusua mu.

Mfeɛ bi a atwam, na merekɔ abusua nsra bi berɛ a bishop no see me sɛ menwie adidikronkron som no.11 Berɛ a na meresiane afiri soro hɔ no, ɔbaa bi bɔ pinii me na ɔde ɔne ne mma nson kyerɛɛ me na ɔbɔɔ ne din sɛ Onuabaa Rebecca Guzman.

Ɔbisaa sɛ, “Elder Rasband, wonim Rulon ne Verda Rasband?”

Menwenwee na mebuaa sɛ, “Wɔyɛ m’awofoɔ.”

Wobɛtumi ahunu baabi a yei rekɔ. Rebecca ama me kwan nti, a ɔne n’abusua wɔ Nhyiamu Beaeɛ ha, mekyɛ n’abusua mfeɛ 25 ayɛsɛm a atwam.12

Mfoni
Onuabaa Verda ne Elder Rulon Rasband.

Na m’awofoɔ, Elder Rulon ne Onuabaa Verda Rasband, resom sɛ awarefoɔ mpanimfoɔ wɔ Fort Lauderdale Florida Asɛmpatrɛ adwuma mu.13 Na wɔrekyɛ asɛm no ɛna ɔsoro akwankyerɛ so wɔbɔɔ Rebecca fie pono mu. Na ɔyɛ ɔbabunu a ɔdɔ sɛ ɔtie Osmonds nnwom , titire, m’adamfo Donny—a ɔka yɛn ho wɔ ha ɛnnɛ.14 Na watie wɔn dawubɔ nsɛmmisa mu ahunu sɛ wɔyɛ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mma. Ɔnyaa atenka sɛ biribi sononko bi wɔ wɔn ho, na ɔredwene sɛ ɛbɛyɛ wɔn som no, Rebecca de mfeɛ mmienu hwehwɛɛ Asɔre no gyedie mu wɔ sukuu no nwoma akoraeɛ. Enti, berɛ a awarefoɔ-ayamyɛfoɔ bi bɔɔ ne pono mu na wɔdaa wɔn ho adi kyerɛɛ no sɛ Nna a Ɛdi akyire asɛmpatrɛfoɔ no, ne ho dwirii no.

“Me maame ka kyerɛɛ me sɛ mempam wɔn,” Rebecca twerɛɛ no akyire yi, “nanso m’akoma kaa sɛ ‘Dabi.’ Mehwɛɛ wɔn anim, na menyaa ahomeka ne ɔdɔ pii. Sɛ mekae a ɛkɔso ara de nisuo ba m’ani ase ne atenka a ɛmu dɔ ba m’akoma mu.”15

Rebecca maa wɔn kwan maa wɔwuraa mu, na m’awofoɔ asɛmpatrɛfoɔ yi ne no, ne nuammaa mmienu, ne maame, ɛmfa ho sɛ na ɔmpene so, kyɛɛ wɔn nkransɛm no.

Rebecca kyerɛɛ mu kyerɛɛ me sɛ, “W’awofoɔ mmienu nyinaa yɛɛ adeɛ wɔ nsɛmmisa a na yɛwɔ no mmuaeɛ mu. Metumi kɔ so hunu wɔn anim te sɛ deɛ hann atwa wɔn ho ahyia no. Na yɛtaa bam wo maame berɛ a ɔfiri hɔ na ɔtaa yɛ n’adwene sɛ ɔbɛboa me maame ama wate ahotɔ ne obuo nka. Na wo papa wɔ ani a ɛhyerɛn bi berɛ a ɔkyerɛkyerɛ fa Yesu Kristo ho. Ɔbɔɔ mmɔden de me papa kaa nkutahodie no ho na awieeɛ no ɔnyaa no. Na me papa noa nnuane wɔ anigyebea bi wɔ mansini no mu na ɔhyɛɛ aseɛ noaa aduane maa w’awofoɔ, a ɔyɛɛ aduane a wo papa pɛ paa ara, key lime pie kaa ho.”16

Berɛ a Elder ne Sister Rasband see Rebecca ne n’abusua sɛ wɔnkenkan Mormon Nwoma no, Rebecca de nna num kenkan wieeɛ. Ɔbɔ asu ntɛm pa ara, nanso na n’abusuafoɔ nkaeɛ no nyɛɛ krado. Abosome nan akyi, Rebecca hyɛɛ sɛ wɔmmɔ no asu na ɔnnɔm Asɔre no. Ɔkaee, “M’akoma mu adeɛnyinaa hunuu sɛ ɛyɛ nokorɛ.”17 Wɔ Oforisuo 5, 1979 mu, nsɛmpatrɛfoɔ bɔɔ mfeɛ19 Rebecca, ne maame, ne ne nuammaa mmienu asu. Na me papa yɛ ɔdanseni wɔ asubɔ no mu.

Berɛ a mehyiaa Rebecca ne n’abusua wɔ asɔre no, me ne n’abusua no twaa foto. Mede kɔɔ fie kɔmaa me maame aberewa, na ɔde too n’akoma so. Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Ronnie, yei ne m’anigyeɛ da wɔ me nkwa nna mu.”

Mfoni
Guzmanfoɔ no, Rasbandfoɔ no, ne Osmondfoɔ no.

Me maame mmuaeɛ yi de asɛmmisa ma yɛn mpanimfoɔ, “Ɛdeɛn na woreyɛ saa berɛ yi wɔ w’abrabɔ mu?” Akwan bebree wɔ hɔ a asɛmpatrɛfoɔ mpanimfoɔ bɛtumi ayɛ a obi foforɔ ntumi. Woyɛ papayɛ ho tumi sononko, di akotene wɔ Asɔre no mu, na woyɛ onimuonyamfoɔ a wobɛtumi ahyɛ nkuran na woagye Onyankopɔn mma.

Mo mu bi bɛdwene sɛ: “Na mɛyɛ dɛn magya me nananom hɔ? Yɛbɛhwere abusua abakɔsɛm, awodadie, nnamfoɔ, ne mpo ayɛmmoa.” Sɛ anka mebisaa me maame deɛ nti a ɔne me papa kɔɔ asɛmpatrɛ adwuma a, menim sɛ anka ɔbɛka yei: “Mewɔ mmanananom. Mepɛ sɛ wɔhunu sɛ me ne wo papa somm wɔ asɛmpatrɛ adwuma beaeɛ, na yɛpɛ sɛ yɛyɛ nhwɛsodeɛ ma yɛn asefoɔ, na wɔhyiraa yɛn, dodo.“

Berɛ a makɔ asɛmpatrɛ adwuma beaeɛ a atwa wiase ho ahyia no, mahunu adwuma sono a yɛn asɛmpatrɛfoɔ mpanimfoɔ no ayɛ. Ɛyɛ pefee sɛ wɔde anigyeɛ reyɛ “Awurade no pɛ” na wɔreyɛ “Awurade no adwuma.”18

De ma ebinom, yɛnim sɛ mo mu mpem, mpem, asɛmpatrɛ-mua som wɔ wiase mantwea baabi bɛyɛ beaeɛ a ɛyɛ ma mo.19 Afoforɔ nso, resom sɛ Asɔre-som asɛmpatrɛ adwuma wɔ fie bɛyɛ ama mo. Ɛnam apomuden ne tebea afoforɔ ho nsɛm nti, yɛwɔ wɔn a wɔntumi nsom. Yɛte saa tebea no ase, na ɛbɛyɛ me pɛ sɛ mobɛpɛ kwan bi afa so de aboa wɔn a wɔresom no. Monni nkɔmhyɛni afotuo no so na mommɔ mpaeɛ nhunu deɛ Awurade de mo bɛyɛ.

Asɛmpatrɛ mmeaeɛ a atwa wiase ho ahyia no rekoto srɛ mo mmoa. President Nelson akasa afa yɛn asɛmpatrɛfoɔ mpanimfoɔ no ho, “Wɔyɛ mmabunu wɔ honhom mu, ne nyansa mu, na wɔwɔ ɔpɛ pa sɛ wɔyɛ adwuma.”20

Wɔ mfuo no mu, mowɔ akwanya mmorosoɔ: mobɛtumi asom wɔ asɛmpatrɛ adwuma ɔfese mu anaasɛ tɛmpol mu, akanyan asɛmpatrɛfoɔ, ahyɛ nkorabata nketewa den, ayɛ adwuma wɔ Abusua Nhwehwɛmu beaeɛ, anaasɛ abakɔsɛm mmeaeɛ, akyerɛ adeɛ wɔ institute, asom wɔ afoforɔ yiedie som mu, ne mmerantewaa ne mmabaawa ayɛ adwuma, aboa wɔ faako a wɔfa adwumayɛfoɔ anaasɛ Asɔre mfuo mu. Akwan afoforɔ a wɔfa so som, deɛ ɛyɛ ma wo, baabi a wɔhia wo, ne sɛdeɛ wobɛyɛ krado akɔ no ho mmuaeɛ wɔ “Senior Missionary.”21 Wobɛtumi nso ne wo bishop anaasɛ brankye president akasa.

Mafrɛ awarefoɔ bebree ama wɔasom na mahwɛ sɛ Kristo Hann no ahyɛ wɔn hwɛbea ma.22 Wɔkɔ ba a, wɔkyerɛkyerɛmu sɛdeɛ wɔanyini abɛn Awurade no ne sɛdeɛ wɔabɛn wɔn ho, te Awurade Honhom nka sɛ ahwie agu wɔn so, na wɔhunu sɛ wɔda nso.23 Hwan na ɔmpɛ saa?

Asɛmpatrɛ adwuma bɛtumi ayɛ awarefoɔ asetena mu fa. Asɛntire papa bɛtumi ayɛ “M’Awurade Bɛhia Me.”24 Wobɛtumi akɔ baabi a wonnim; nanso Honhom no bɛtumi ama w’ani agye.

M’awofoɔ ne awarefoɔ asɛmpatrɛfoɔ a wɔakɔsom aba mpem, mpem du du adi adanseɛ wɔ anigyeɛ a wɔnyaa wɔ asɛmpatrɛ adwuma mu. Awurade aka wɔ nna a ɛdi akyire twerɛsɛm mu, “Na ɛba sɛ moyɛ adwuma mo nkwa nna nyinaa ka nsakyeraeɛ kyerɛ saa nkorɔfoɔ yi na mode anka ɔkra baako mpo berɛ me a, anigyeɛ kɛseɛ bɛn na mo ne no bɛnya wɔ m’Agya ahemman mu!”25

Yesaia maa yɛn anwensɛm nkyerɛmu fa asɛmpatrɛ “adwuma” mu som asekyerɛ ho. Twerɛsɛm ka kyerɛ yɛn sɛ “afuom no yɛ wiase no.”26 Saa tete nkɔmhyɛni kɛseɛ yi twerɛɛ sɛ, “Na anigyeɛ na mode bɛfiri akorɔ, na wɔde asomdwoeɛ agya mo kwan: Mo nti mmepɔ ne nkokoɔ bɛto anigyeɛ dwom prɛko pɛ, na wuram nnua nyinaa abobɔ wɔn nsam.”27 Wɔbɛtumi de mmepɔ, nkokoɔ, mfuo, ne nnua atoto asɛmpatrɛ adwuma atitenafoɔ, ahwɛfoɔ, mansini akannifoɔ, asɔremma, ne wɔn a wɔhwehwɛ nokorɛ no nanso “wɔnhunu faako a wɔbɛhunu no.”28 Wɔbɛdi adanseɛ sɛ asɛmpatrɛfoɔ mpanimfoɔ de wɔn adansedie a wɔwɔ wɔ yɛn Agyenkwa ne Odimafoɔ, Yesu Kristo ho sesaa wiase .

Sɛ Awurade Yesu Kristo Somafoɔ no, mese mo sɛ monsom sɛ asɛmpatrɛfoɔ wɔ Israel anoboaboa mu na mpo sane som bio. Yɛhia wo—yɛhia wo. Yɛda mo ase mpanimfoɔ wɔ abrabɔ a moabɔ ne nhwɛsoɔ a moayɛ wɔ mo afie mu, wɔɔd, ne mpɛɛwa mu. Seesei meto nsa frɛ wo sɛ fa wo “nimdeɛ,” ne w’adanseɛ a wode berɛ ayɛ na kɔ asɛmpatrɛ adwuma mu. Mebɔ mpaeɛ sɛ berɛ a mɛtena ase bio ama awarefoɔ mpanimfoɔ no, mo mu ɔha, ɔha bɛtwɛn mo frɛ.

Mesan nso hyɛ bɔ sɛ, berɛ a mosom no mobɛte Awurade dɔ wɔ mo abrabɔ mu, mobɛhunu no, Ɔbɛhunu mo, na “anigyeɛ kɛseɛ bɛn na mobɛnya .”29 Mo ho a moatu asi hɔ ma Yesu Kristo som no bɛkanyan na ahyira mo abusua, mo nananom, ne mo nana-nkansoanom. “Asomdwoeɛ, ne ɔdɔ [bɛ] yɛ mmɔho”30 wɔ wɔn abrabɔ mu mfeɛ bebree a ɛbɛba mu. Mehyɛ bɔ Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Russell M. Nelson, “Hope of Israel” (worldwide youth devotional, Ayɛwohomumu 3, 2018), Gospel Library.

  2. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 18:10.

  3. 3 Nephi 10:18.

  4. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 78:18.

  5. Asɔre no wɔ asɛmpatrɛfoɔ 71,000 wɔ asɛmpatrɛmmea 414 twa wiase ho hyia firi Amerika Atifi ne Anaafoɔ kɔsi Europe ne Afrika, Asia, ne Australia/Oceania. Yɛwɔ Asɔre mpanimfoɔ-asomfoɔ asɛmpatrɛfoɔ 34,000. (Missionary Department data, Ɛbɔ 2023.)

  6. Hwɛ Ronald A. Rasband, ”The Divine Call of a Missionary,” Liahona, Kɔtɔnima 2010, 52–53.

  7. Russell M. Nelson, “Senior Missionary Moments,” Liahona, Oforisuo 2016, 27.

  8. Russell M. Nelson, “Senior Missionaries and the Gospel,” Liahona, Obubuo 2004, 79.

  9. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 4:3.

  10. Yohane 4:36.

  11. Na mewɔ New York, USA, a merekɔ me nanababaa Brooklyn asubɔ ne nanababaa Ella nhyira, wɔ Oforisuo 2006.

  12. Letter from Rebecca Guzman to Elder Ronald A. Rasband, Ɛbɔ 8, 2009.

  13. M’awofoɔ somm wɔ Fort Lauderdale Florida Asɛmpatrɛ adwuma wɔ 1979.

  14. Na Osmond abusua no yɛ Amerika nnwom kuo a wɔnim wɔn sɛ wɔakwadare pop nnwom mu. Ekuo no duruu animuonyam mpɔnpɔnsoɔ mu wɔ 1970 mfimfini, na wɔdii agorɔ wɔ television yikyerɛ ahodoɔ so. Donny ne Marie toaa so wɔ television yikyerɛ mu ɛna nnuammarima no yɛɛ adwuma mfeɛ bebree sɛ kantre adwontofoɔ wɔ Branson, Missouri.

  15. Krataa a ɛfiri Rebecca Guzman, Ɛbɔ 8, 2009.

  16. Krataa a ɛfiri Rebecca Guzman, Ɛbɔ 8, 2009.

  17. Krataa a ɛfiri Rebecca Guzman, Ɛbɔ 8, 2009.

  18. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 64:29.

  19. Mpanimfoɔ asɛmpatrɛfoɔ akwanya no wɔ su bebree, na awarefoɔ anaasɛ anuanom mmaa mpanimfoɔ no bɛtumi akyerɛ deɛ wɔn ani gye ho, saa na Asɔre-som mua dwumadie nso teɛ. Awieeɛ no, Asɔre no nkɔmhyɛni de ɔfrɛ too hɔ maa ɔsom mua. Pɛɛwa presidents de frɛ ma Asɔre-som nnwumadie. Ɔsom no bɛtumi afiri bosome 6 kɔsi bosome 23, na mpanimfoɔ no wɔ ngomu, dwumadie a ano yɛ mmrɛ sene asɛmpatrɛfoɔ nkumaa. hwɛ seniormissionary.ChurchofJesusChrist.org.

  20. Russell M. Nelson, “Senior Missionaries and the Gospel,” Liahona, Obubuo 2004, 79.

  21. hwɛ seniormissionary.ChurchofJesusChrist.org.

  22. Hwɛ Alma 5:14 Wɔbɛtumi akyerɛ“Countenance” ase sɛ obi honhom mu nneyɛɛ ne adwene no tebea mu.

  23. Hwɛ Jude 1:22; Mosiah 4:20.

  24. “I’ll Go Where You Want Me to Go,” Hymns, no. 270.

  25. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 18:15

  26. Awurade kyerɛɛ mu, “Afuo no ne wiase; twa berɛ no ne wiase awieeɛ” (Mateo 13:38–39

  27. Yesaia 55:12

  28. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 123:12

  29. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 18:15

  30. Yuda 1:2.