Amansan Nhyiamu
Ɛne Kristo Ntena Daa
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Ɛne Kristo Ntena Daa

Yesu Kristo ma ɛyɛ yie sɛ “yɛbɛtena hɔ da no.”

Na ɛyɛ da a mfatoho a emu yɛ den na ɛyɛ tee nsɛmmisa a emu yɛ den, ne nkyerɛkyerɛ a emu dɔ ahyɛ mu ma. Berɛ a Yesu kasa tiaa wɔn a na wɔte sɛ “adamoa fitaa, a ɛte sɛ nea ɛyɛ fɛ wɔ akyiri, na awufoɔ nnompe ne efĩ nyinaa ahyɛ mu ma “akyiri no,”1 Yesu kyerɛkyerɛɛ mfatoho mmiɛnsa foforɔ faa honhom fam ahosiesie ne asuafoyɛ ho. Yeinom mu baako ne mmaabunu du no ho bɛ no.

“Ɛnna wɔde ɔsoro ahennie bɛtoto mmaabunu du a wɔfaa wɔn kanea na wɔfirii adi kɔhyiaa ayeforokunu no ho.

“Na wɔn mu num yɛ anyansafoɔ, na num nso yɛ nkwaseafoɔ.

“Nkwaseafoɔ no faa wɔn kanea, na wɔamfa nwo ankɔ:

“Nanso anyansafoɔ no de nwo guu wɔn nkuku mu ne wɔn nkanea no mu.

“Berɛ a ayeforokunu no kyɛe no, wɔn nyinaa anikumui na wɔdaɛ.

“Ɔdasuo no na ɔfrɛ no baeɛ: “Hwɛ, ayeforokunu no ni oo; Momfiri nkɔhyia no.

“Afei mmaabunu no nyinaa sɔreɛ, na wɔsiesiee wɔn nkanea.

Na nkwaseafoɔ no ka kyerɛɛ anyansafoɔ no sɛ, Fa mo nwo bi ma yɛn; ɛfiri sɛ yɛn kanea adum.

“Nanso anyansafoɔ no buae sɛ: Ɛnyɛ saa; na ɛnɔɔso ma yɛn ne mo, na mmom monkɔ wɔn a wɔtɔn nneɛma no nkyɛn nkɔtɔ mma mo ho.

“Na mmaabunu nkwaseafoɔ no kɔeɛ no, ayeforɔkunu no baeɛ mmaabunu mmadwemma no ne no kɔeɛ na “wɔtoo pono no mu.

“Ɛno akyi no, mmaabunu a aka no nso ba bɛkaa sɛ: Awurade, Awurade, bue ma yɛn.2

“Nanso obuae sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, monnim me.3

“Enti monwɛn, na monnim da anaa dɔn a Onipa Ba no bɛba.”4

Titenani Dallin H. Oaks bisaa nsɛmmisa a ɛkanyan adwene a ɛdidi soɔ yi a ɛfa Ayeforokunu no mmaeɛ ho:5 “Na sɛ Ne mmaeɛ da no yɛ ɔkyena nso ɛ? Sɛ yɛnim sɛ yɛbɛhyia Awurade ɔkyena —ɛnam yɛn wuo a ɛkyɛn so anaa ɛnam ne mmaeɛ a yɛnhwɛ kwan so—dɛn na yɛbɛyɛ nnɛ?”6

Masua firi m’ankasa me suahunu mu sɛ honhom mu ahosiesie ma Awurade mmaeɛ no nyɛ adeɛ a ɛho hia nko ara na mmom ɔkwan baako pɛ a yɛbɛfa so anya nokorɛ asomdwoeɛ ne anigyeɛ.

Na ɛyɛ nsutɔberɛ da a ɛyɛ hye berɛ a edi kan a metee nsɛmfua “Wowɔ kokoram.” Me ne me kunu ho dwirii yɛn! Berɛ a yɛde lɔɔre rekɔ fie komm a yɛredi nsɛm ho dwuma no, m’akoma dane kɔɔ yɛn mmamarima meɛnsa no so.

Wɔ m’adwene mu no mebisaa Ɔsoro Agya sɛ, “Mere bɛwu anaa?”

Honhom Kronkron no wesa guu m’asom, “Biribiara rekɔ yie.”

Afei mebisae sɛ, “Mere bɛtenase anaa?”

Bio nso, mmuaɛ no bae sɛ, “Biribiara bɛkɔ yie.”

Me ho dwirii me. Deɛn nti na menyaa mmuaɛ korɔ no ara pɛpɛɛpɛ sɛ mete ase anaasɛ mewu mpo?

Afei mpofirimu ara asomdwoeɛ koraa hyɛɛ me nipadua mu nhama biara ma berɛ a wɔkaee me no: Na enhia sɛ yɛpere yɛn ho kɔ fie na yɛkyerɛkyerɛ yɛn mma sɛnea wɔbɔ mpaɛ. Na wonim sɛnea wobenya mmuaɛ ne awerɛkyekyerɛ afiri mpaebɔ mu. Na ɛho nhia sɛ yɛpere yɛn ho kɔ fie na yɛkyerɛkyerɛ wɔn twerɛsɛm anaa nkɔmhyɛfoɔ ateasefoɔ nsɛm. Na saa nsɛm no yɛ ahoɔden ne nteaseɛ farebae a wonim no yie dada. Na ɛho nhia sɛ yɛpere yɛn ho kɔ fie na yɛkyerɛkyerɛ wɔn adwensakyera, Owusɔreɛ, Sanba, nkwagyeɛ nhyehyɛe, daa mmusua, anaa Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ ankasa ho.

Saa berɛ no mu family home evening adesua biara,twerɛsɛm adesua nhyiamu, gyidie mpaebɔ a wɔde ma, nhyira a wɔde ma, adansedie a wɔkyɛ, apam a wɔyɛe na wɔdii so, Awurade fie a wɔkɔɔ bi, na Homeda a wɔdi no ho hia—oh, sɛdeɛ na ɛho hia! Na aka akyiri dodo sɛ yɛde nwo bɛhyɛ yɛn kanea mu. Na yɛhia ketewa biara a egu fɛm, na na yehia no mprenpren ara!

Esiane Yesu Kristo ne N’asɛmpa a wɔasan de aba no nti, sɛ mewui a, anka m’abusua bɛkyekyere wɔn werɛ, ahyɛ wɔn den, na da bi wɔbɛsan de wɔn aba. sɛ mete ase a, anka menya tumi a ɛsen biara wɔ asase yi so a ɛbɛboa me, ahwɛ me, na asa me yareɛ. Awieɛ koraa no, esiane Yesu Kristo nti, biribiara bɛtumi ayɛ yie.

Yesua firi Nkyerɛkyerɛ ne Apam no ho adesua a yɛde ahwɛyie yɛ mu sɛdeɛ “ɛyɛ” teɛ:

“Na da no, sɛ mɛba m’animuonyam mu a, ɛbɛ a meka faa mmaabunu du no ho no bɛba mu.

“Efirisɛ wɔn a wɔyɛ anyansafoɔ na wɔn nsa aka nokorɛ no, na wɔafa Honhom Kronkron no sɛ wɔn kwankyerɛfoɔ, na wɔandaadaa wɔn—nokorɛ mese mo sɛ, wɔrentwitwa wɔn na wɔnto wɔn agu ogya mu, na mmom wɔbɛtena hɔ da7

Yesu Kristo ma ɛyɛ yie sɛ “yɛbɛtena hɔ da no.” Da no a wobedi so no nkyerɛ sɛ wode biribi bɛka nneɛma a ɛsɛ sɛ woyɛ a ɛkɔ soro berɛ nyinaa ho. Susu ahwehwɛ a ɛma nneɛma yɛ kɛseɛ ho hwɛ. Ɛnyɛ ne botayɛ baako pɛ ne sɛ ɛbɛma nneɛma ayɛ te sɛ nea ɛso. Etumi nso boaboa hann ano na ɛde n’adwene si so ma ayɛ nea tumi wom kɛseɛ. Ɛsɛ sɛ yɛma ɛyɛ mrɛ, na yɛde yɛn adwene si yɛn mmɔdenbɔ so, na yɛyɛ Yesu Kristo Hann no anoboaboafoɔ. Yehia osuahunu kronkron ne adiyisɛm pii.

Ɛwɔ Israel atifi fam atɔɛ, na ɛyɛ mmepɔ fɛɛfɛ bi a wɔtaa frɛ no “bepɔ a ɛso yɛ ahabanmmono daa.” Bepɔ Karmel8 yɛ ahabanmmono afe mu no nyinaa ne fa kɛseɛ no ara firi bosuo nketenkete. Aduane a wonya no si da biara da. Te sɛ Karmel bosuo,”9 berɛ a yɛrehwehwɛ sɛ yɛde nneɛma a “ɛfa tenenee ho bɛma yɛn kra aduane,”10 “nneɛma nketewa ne neɛ ɛyɛ mmerɛ,”11 yɛn adansedie ne yɛn mma adansedie bɛtena ase!

Afei, ebia woredwene sɛ, “Nanso Onuabaa Wright, wonnim m’abusua. Yɛrepere ankasa na yɛnhwɛ biribiara te sɛ yei.” Woayɛ nea ɛteɛ! Mennim w’abusua. Nanso Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ, mmɔborohunu, tumi, nimdeɛ, ne animuonyam a enni ano no yɛ saa.

Nsɛmmisa a ebia worebisa no yɛ akoma mu nsɛmmisa a ɛyɛ ya wɔ wo kra mu bunu mu. Nsɛmmisa a ɛte saa ara wɔ twerɛsɛm kronkron no mu:

“Kyerɛkyerɛfoɔ, ɛmfa wo ho sɛ [mabusua] ɛɛyera?”12

“Ɛhe na afei m’anidasoɔ wɔ?”13

“Deɛn na [mɛ] yɛ, na wɔayi esum mununkum yi afiri [me] sunsum so?”14

“Ɛhe na wobehu nyansa? na ɛhe na nteaseɛ beaeɛ wɔ?”15

“Ɛbɛyɛ dɛn na [metumi] akura adepa biara mu?”16

“Awurade, deɛn na wopɛ sɛ meyɛ?”17

Na afei mmuaɛ ahodoɔ no ba dɛdɛ saa berɛ nyinaa:

“So wogye Kristo tumi a ɛde kɔ nkwagyeɛ mu di?”18

“So Awurade ahyɛ obi sɛ ɛnsɛ sɛ onya ne papayɛ no bi?”19

“Mogye di sɛ [Ɔbɛtumi] ayɛ yei?”20

“So wogye adiyifoɔ no di?”21

“Mo wɔ gyedie wɔ deɛ ɔbɔɔ mo no a ɔdi maa mo no mu anaa?”22

“So asase nyinaa Temmufoɔ no renyɛ nea ɛteɛ?”23

Me nnamfonom adɔfoɔ, yɛrentumi nkyɛ yɛn nwo, nanso yɛbɛtumi akyɛ Ne Hann. Ɛnyɛ sɛ nwo a ɛwɔ yɛn kanea mu no bɛboa yɛn sɛ “yɛbɛtena da no mu” nko na mmom ɛbɛtumi ayɛ ɔkwan a yɛbɛfa so ahyerɛn kwan a ɛde wɔn a yɛdɔ wɔn no kɔ Agyenkwa no nkyɛn, a ɔgyina hɔ a wasiesie ne ho “a ne nsa abue sɛ ɔbɛgye” wɔn24

“Sɛ Awurade seɛ nie; Kwati wo nne firi esu ho, na w’ani mfiri nisuo ho, efirisɛ w’adwuma no betua wo ka, … na wɔasan afiri ɔtamfo no asase so aba.

“Na anidasoɔ wɔ w’awieɛAwurade na ɔseɛ, sɛ wo mma bɛsan aba wɔn ankasa hyeɛ so.”25

Awieyɛ nyinaa akyi no “Kristo ne anidasoɔ”. Biribiara nni hɔ a yɛwɔ, anaa yɛnyɛe a ɛboro N’afɔrebɔ a enni ano na enni awieeɛ no nsa so. Ɔno nti na ɛnyɛ yɛn asɛm no awieyɛ da.26 Ɛno nti “ɛwɔ sɛ mo pre kɔ ɛkan gyina pintinn wɔ Kristo mu, nya anidasoɔ a ɛhyerɛn na ɛwie pɛ yɛ, na monya Onyankopɔn ne nnipa nyina ara ho dɔ. Ɛno nti, sɛ [mopre] kɔ ɛkan, na modidi mee wɔ Kristo asɛm mu, na mo si apinee kɔsi awieɛ a, hwɛ, sei na Agya no seɛ: [Mobɛnya] nkwa a ɛnniawieɛ.”27

Daa nkwa yɛ daa anigyeɛ. anigyeɛ wɔ saa abrabɔ yi mu, seesei—ara ɛnyɛ yɛn mmerɛ yi mu nsɛnnennen nyinaa akyi na mmom ɛnam Awurade mmoa a ɔde ma sɛ yɛbɛsua biribi afiri mu na awieeɛ koraa no yɛadi so nkonim nti—ne anigyeɛ a enni ano wɔ abrabɔ a ɛreba no mu. Nisuo bɛwo, wɔbɛsiesie akoma a abubu, wɔbɛhunu deɛ ayera, wɔbɛsiesie dadwene, wɔbɛsan de mmusua aba, na deɛ Agya no wɔ nyinaa bɛyɛ yɛn dea.28

Hwɛ Yesu Kristo na tena ase29 yɛ m’adansedie wɔ ɔdɔfoɔ “[yɛn] kra” Dwuanhwɛfoɔ ne Ɔsɔfopɔn” no din kronkron mu,”30 wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Mateo 23:27.

  2. Mateo 25:1–11.

  3. Joseph Smith Nkyeraseɛ, Mateo 25:11 (in Mateo 25:12aseɛ hɔ asɛm a

  4. Mateo 25:13.

  5. Elder James E. Talmage kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Ayeforokunu no ne Awurade Yesu; awareɛ afahyɛ no yɛ Ne ba a ɔbaɛ wɔ animuonyam mu no ho sɛnkyerɛnne, sɛ Ɔbɛgye Asɔre a ɛwɔ asase so no ama Ne ho sɛ N’ayeforɔ. Mmabaa no yɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔgye Kristo di, na enti wɔde ahotosoɔ hwɛ kwan sɛ wɔbɛka wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ apontoɔ no ase a wɔahyira wɔn no ho no ho nhwɛsoɔ. Kanea a wɔasɔ, a na mmabaa no mu biara kura no yɛ Kristofoɔ gyidie ne nneyɛe ho asɛm a wɔka wɔ akyiri; na wɔ anyansafoɔ nwo a wɔde asie no mu no yɛbɛtumi ahunu honhom mu ahoɔden ne dodoɔ a nsiyɛ ne ahofama wɔ Onyankopɔn som mu nko ara na ɛbɛtumi ama wɔanya ahotɔsoɔ” (Yesu Kristo No [1916], 537).

  6. Dallin H. Oaks, “Ahosiesie ma Mmae a Ɛtɔ so Mmienu,” Laehona, Kotonima 2004, 9.

  7. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 45:56-57nsi so dua ka ho.

  8. “Bosuo ma nsuo kakraa bi nya wɔ awɔ berɛ a nsuo ntɔ mu mpo, na ɛho hia ma awɔ berɛ mu nnɔbae te sɛ nsuonwunu. Dodoɔ a beaɛ no bɛn po no, dodoɔno ara na bosuo a ɛbɛtɔ anadwo a mframa nni mu berɛ a asase no yɛ nwunu sene mframa a ɛka ne ani no yɛ. Mpɛn pii no, obosu pii wɔ Mpoano Asasetaw no so sen mmeae a ɛwɔ asase ase no; nea ɛyɛ adefo sen biara ne Bepɔw Karmel, a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, bosu tɔ anadwo 250 afe biara” (Efraim Orni ne , Geography of Israel4th rev. ed. [1980], 147).

  9. Nkyerɛkyerɛ ne Apam128:19

  10. Mosaya 23:18

  11. Alma 37:6

  12. Marko 4:38

  13. Hiob 17:15

  14. Helaman 5:40

  15. Hiob 28:12

  16. Moronae 7:20

  17. Asomafoɔ 9:6

  18. Alma 15:6

  19. 2 Nifae 26:33

  20. Mateo 9:28

  21. Asomafoɔ 26:27

  22. Alma 5:15

  23. Gyenesis 18:25

  24. Mormon 6:17

  25. Yeremia 31:16-17; si so dua ka ho.

  26. Hwɛ Camille N. Johnson, “To nsa frɛ Kristo sɛ ɔnkyerɛw W’asɛm no,” Laehona, Laehona Obubuo. 2021, 82: “Ma amanehunu ne amanehunu a ɛyɛ asɛm pa biara fã no nyɛ ɔkwan a wobɛfa so abɛn, na woabɛyɛ sɛ , Yesu Kristo.”

  27. 2 Nifae 31:20

  28. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:38

  29. Hwɛ Alma 37:47

  30. 1 Petro 2:25