Amansan Nhyiamu
Monyɛ Kristo Akyidifoɔ Asomdwoeɛfoɔ
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Monyɛ Kristo akyidifoɔ a wɔpɛ asomdwoeɛ

Medi adanseɛ sɛ “Kristo akyidifoɔ a wɔpɛ asomdwoeɛ” bɛnya asomdwoeɛ wɔ saa asetena yi mu ne ɔsoro animuonyam nkabom.

Yɛte berɛ bi mu a “Kristo akyidifoɔ asomdwoeɛfoɔ”1 kɔ haw sononko mu. Wɔn a ɔgyedie,som wɔ ahobraseɛ mu,na ɔdi Yesu Kristo ho adanseɛ ahunu saa haw yi amanehunu ne nsɔhwɛ dabiara.2 Me ne me yere, Mary nnyɛ sononko. Wɔ mfeɛ a atwam no, yɛhunuu yɛn sukuu pɔn mu nnamfoɔ ne asɛmpatrɛfoɔ ayɔnkofoɔ a wɔafiri mu anaasɛ, sɛdeɛ President Russell M. Nelson aka no, wɔawie kɔ nkatanim fa baako no mu. Yɛahunu binom a wɔtetee wɔn wɔ gyedie mu a wɔatwe wɔn ho afiri apam kwan no so.

Awerɛhosɛm, yɛhweree yɛn nanababarima a wadi mfeɛ 23 a ɔwuu wɔ kaa nkwanhyia mu. Nnamfoɔ adɔfoɔ, abusuafoɔ, ne ayɔnkofoɔ nso afa ɔhaw kakra mu.

Sɛ sɔhwɛ si a, yɛdi awerɛhoɔ na yɛpere soa yɛn ho nnesoa.3 Yɛdi awerɛhoɔ wɔ nneɛma a yɛntumi nwie ne nnwom a yɛntumi nto ho.4 Nneɛma bɔne to nnipa papa wɔ saa owuo akwantuo yi mu. Egya a ɛresɛe adeɛ wɔ Maui a ɛwɔ Hawaii, Southern Chile, ne Eastern Canada yɛ dwumadie a ɛyɛ hu a ɛto nnipa papa bi nso.

Yɛkenkan wɔ Ɔbohene a Ɛsombo Kɛseɛ no mu sɛ Awurade yikyerɛɛ Abraham sɛdeɛ ɛnniawieeɛ ahonhom no su teɛ. Abraham hunuu yɛn ansa na yɛreba asase so abrabɔ, deɛ wɔayi asi hɔ dada, Adebɔ no, Odimafoɔ no yie, ne saa, saa honam yi mu abrabɔ a ɛne onipa tebea a ɛtɔ so mmienu no.5 Odimafoɔ no paee mu kaaeɛ:

“Yɛbɛyɛ asase baabi a yeinom bɛtena

“Na yɛde yei bɛsɔ wɔn ahwɛ, sɛ wɔbɛyɛ nneɛma nyinaa biara a Awurade wɔn Nyankopɔn bɛhyɛ wɔn no.”6

Seesei yɛn nyinaa wɔ ha wɔ tebea a ɛtɔ so mmienu mu wɔ yɛn mpuntuo akwantuo a yɛde rebɛn animuonyam ahennie no Onyankopɔn nkwagyeɛ ne mpagya mu. Wɔahyira yɛn ahofadie a ɛfata honam sɔhwɛ ahodoɔ. Yei ne mmerɛ a wɔde asi hɔ sɛ yɛmfa nsiesie yɛn ho nhyia Onyankopɔn.7 Wɔahyira yɛn sɛ yɛahunu Yesu Kristo ne Ne asɛdeɛ wɔnhyehyɛeɛ no mu. Yɛwɔ akwanya sɛ yɛbɛyɛ N’asɔre a wasan de aba no mma—Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire.Ahoteefoɔ Sɛ Kristo akyidifoɔ asomdwoeɛfoɔ no, yɛpere di Ne mmaransɛm so. Ɛnyɛɛ bɛtɛɛ mmaa N’akyidifoɔ da. Anaasɛ ɛyɛɛ bɛtɛɛ maa Agyenkwa no sɛ ɔmfa nhyɛ ne botaeɛ a enti ɔbaa honam mu no ma.

Twerɛsɛm no yɛ pefee, dodoɔ no na wɔbɛgyae wɔn ho mu aka sɛ, “didi, nom, na gye w’ani, na ɔkyena na yɛawu” anamɔntuo.8 Anyeannifoɔ afoforɔ a wɔabɛtena hɔ nyinaa nni hwee yɛ sɛ wɔbɛka anaasɛ wɔbɛte “asɛm foforɔ”9 ne nnipa nkyerɛkyerɛ.10 Wɔnnim faako a ɔbɛhunu nokorɛ no.11

Kristo akyidifoɔ asomdwoeɛfoɔ mfa saa kwan no biara so. Yɛdwo, yɛne borɔno a yɛte so no mufoɔ di nkutaho. Yɛwɔ ɔdɔ, yɛkyɛ, na yɛto nsa frɛ Onyankopɔn mma nyinaa sɛ wɔnni Kristo nkyerɛkyerɛ so.12 Yɛdi yɛn nkɔmhyɛni dɔfoɔ, President Nelson afotuo so; yɛyi ɔpatafoɔ ahyɛdeɛ no, seesei ne berɛ biara.13 Saa nkanyan anamɔntuo yi ne twerɛsɛm ne nkɔmhyɛ akwankyerɛ sisi so.

Wɔ 1829 mu na wɔnyanhyehyɛɛ Asɔre a wɔasan de amma no, anaasɛ wɔatintim Mormon Nwoma no. Ekuo ketewa bi a na wɔreberɛ, a Onyankopɔn Honhom kaa wɔn no, dii Nkɔmhyɛni Joseph Smith akyi. Mmerɛ a emu yɛɛ den no Awurade yikyerɛɛ Joseph: “Mo nsuro, nnwankuo ketewa; yε papa; ma asase ne soro nsɔre ntia wo, na sε wosi wo dan wɔ me botan so a, wɔrentumi nnyina.”14 Ɔsan nso tuu wɔn fo:

“Hwε me wɔ adwene biara mu; nnye akyinnyeɛ, nsuro.

“Nya gyedie, di me mmaransɛm so, na wobɛnya ɔsoro ahennie no adi so.”15

Nokwasɛm, yɛn soro hyɛberɛ nsesa sɛ yɛkɔ amanehunu mu a. Wɔ Hebrifoɔ nwoma mu, wɔatu yɛn fo sɛ “yɛmfa akokoɔduru mmra animuonyam ahendwa no ho, sɛdeɛ yɛbɛtumi anya ahummɔborɔ, na yɛapɛ animuonyam ma aboa yɛn wɔ ahohiahia mu.”16 Yesu Kristo yɛ “ɛnniawieɛ nkwagyeɛ no twerɛfoɔ.”17

Medɔ Mormon nsɛm no, a ne babarima Moroni kaaeɛ no, reka sɛ “Kristo akyidifoɔ asomdwoeɛfoɔ no ɛsiane mo asomdwoeɛ nanteɛ a mone Onyankopɔn mma nanteɛ.”18

Ɛfa yɛn a ɛwɔ Asɔre no mu a yɛrepere abɛyɛ“Kristo akyidifoɔ Asomdwoeɛfoɔ nommerɛ pa retwɛn yɛn berɛ a yɛde yɛn ani si yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo so no Sɔhwɛ ahodoɔ yɛ honam mu asetena no bi na ɛsi obiara abrabɔ mu wɔ wiase nyinaa. Deɛ ɛka yei ho bi ne ɛko akɛseɛ a ɛsi aman ne ankorankoro ntam.

Wɔtaa bisa Asɔre akannifoɔ sɛ, “Adɛn na Onyankopɔn nokwafoɔ ma nne bɔne sie, titire nnipa papa?” na “Adɛn na ateneneefoɔ a wɔwɔ Awurade som no wɔnyi wɔn mfiri atoyerɛnkyɛm?”

Yɛnnim mmuaeɛ de ma nsɛmmisa no nyinaa, mmom, nnyinasosɛm a ɛhia a ɛma yɛgyina sɔhwɛ ahodoɔ, ahohiahia mu ne gyedie ne ahotosoɔ wɔ daakye mmerɛ papa a ɛretwɛn yɛn mu biara. Nhwɛsoɔ papa biara nni twerɛsɛm mu a ɛfa sɛdeɛ yɛfa sɔhwɛ mu sene Awurade asɛm a ɔde maa Nkɔmhyɛni Joseph Smith, berɛ a na ɔwɔ Liberty Afiase no.

Baabi Awurade paee mu kaa sɛ:

“Sɛ asamando ankasa bue n’apantan trɛ n’ano mu tɛtrɛɛ di w’akyi a, me ba, hunu sɛ saa nneɛma yi nyina ara bɛma wo osuahunu, na ɛbɛyɛ ama wo yieyɛ.

Onipa Ba no asiane atra wɔn nyinaa. Woyɛ kɛseɛ sene no anaa??

“Nsuro deɛ onipa bɛtumi ayɛ, na Onyankopɔn bɛka wo ho afebɔɔ .19

Ɛyɛ turodoo, yɛwɔ Agya bi wɔ Soro a ɔnim na ɔdɔ yɛn ankasa na ɔte yɛn amanehunu ase pɛpɛɛpɛ. Ne Ba, Yesu Kristo, yɛ yɛn Agyenkwa ne Odimafoɔ.

President Russell M. Nelson ne President M. Russell Ballard mmienu asi so dua dendeeden w hia a Preach My Gospel fa foforɔ a ɛtɔ so mmienu no hia.20 Mene wɔn kyɛ wɔn anigyeɛ no. Saa ɔfa foforɔ yi, a ɛrema twerɛsɛm no mu da hɔ no, de tumi pae mu ka:

“Wɔ Ne mpata afɔrebɔ mu, Yesu Kristo faa yɛn yea, amanehunu, ne mmrɛyɛ too Ne ho so. Yei nti, ɔnim ‘sɛdeɛ honam fa mu teɛ, sɛdeɛ ɔbɛboa Ne nkorɔfoɔ sɛdeɛ wɔn mmrɛyɛ teɛ’ (Alma 7:12; san hwɛ verse 11). Ɔto nsa frɛ ‘ Bra me nkyɛn, Ɔma yɛn home, anidasoɔ,ahoɔden nhunumu, ne ayaresa. (Mateo 11:28; san hwɛ verses 29–30).

“Sɛ yɛde yɛn ho to Yesu Kristo Mpata no so a, Ɔbɛtumi aboa yɛn adi nsɔhwɛ, nyarewa, ne yea so. Anigyeɛ, asomdwoeɛ ne awerɛkyekyerɛ bɛtumi ahyɛ yɛn ma. Yesu Kristo Mpata no tumi siesie kɔntɔnkye biara a ɛwɔ abraba mu.”21

Yɛbɛtumi de anigyeɛ ayɛ Kristo akyidifoɔ asomdwoeɛfoɔ.

Yɛn Agya anigyeɛ nhyehyɛeɛ a ɔwɔ ma He mma no deɛ ɛka ho no nyɛ ansa na yɛreba honam mu ne honam mu abrabɔ nko ara, na yɛne wɔn a yɛahwere wɔn no nkabom kɛseɛ ne animuonyam ka ho. Deɛ asɛe nyinaa bɛyɛ yie, na yɛde pefeeyɛ bɛhunu na yɛate nhunumu a mfomsoɔ nni ho ase.

Asɔre akannifoɔ de saa nhunumu yi atoto obi a ɔrenante wɔ dwumadie-mmiɛnsa agodie bi mfimfini.22 Wɔn a wɔnni Agya no nhyehyɛeɛ no ho nimdeɛ nte deɛ ɛsii wɔndwumadie a ɛdi kan anaasɛ (ansa na yɛreba honam mu asetena) mu ne botaeɛ a wɔhyehyɛɛ wɔ hɔ; anaasɛ wɔte nkyerɛkyerɛmu ne nhyehyɛeɛ a ɛba dwumadie mmiɛnsa, a ɛyɛ Agya no nhyehyɛeɛ no animuonyam mahyɛ.

Bebree na wɔn ani nnsɔ Ne dɔ ne nhyehyɛeɛ kɛseɛ a wɔn a wɔwɔ haw, a ɛnyɛ wɔn mfomsoɔ na awieeɛ koraa no ɛnya nkɛntɛnsoɔ wɔ wɔn so .23

Twerɛnsɛm no mu da hɔ pefee: Kristo akyidifoɔ asomdwoeɛfoɔ a wɔtene, di Agyenkwa no akyi, na wɔdi N’ahyɛdeɛ so no wɔbɛhyira wɔn. Twerɛnsɛm baako a ɛho hia kɛse ma ateneneefoɔ, a ɛmfa ho ne tebea a wɔwɔ mu wɔ abrabɔ mu, yɛ King Benjamin kasa a ɔde maa ne nkorɔfoɔ no mu fa. Ɔhyɛ bɔ sɛ wɔn a wɔdi mmaransɛm no so nokorɛ mu no wɔahyira wɔn wɔ nneɛma nyinaa mu saa abrabɔ yi mu“na wɔagye wɔn kɔ soro. [na] wɔne Onyankopɔn akɔtena anigyeɛ mu wɔ tebea a ɛnniawieeɛ mu”24

Yɛkae sɛ ɛkame ayɛ sɛ yɛn nyinaa afa honam ne honhom mu ahum mu wɔ yɛn abrabɔ mu, ebi sɛe adeɛ. Agya dɔfoɔ a ɔwɔ Soro ne Ne Ba,Yesu Kristo, a ɔne Asɔre a wɔasan de amma no ti, ama yɛn twerɛnsɛm ne nkɔmhyɛfoɔ sɛ wɔnnsiesie yɛn, mmɔ yɛn kɔkɔ wɔ owuo ho, na wɔmma yɛn akwankyerɛ mfa nsiesie yɛn na wɔmmɔ yɛn ho ban. Akwankyerɛ no bi hia dwumadie ntɛmntɛm, na ebi ma banbɔ wɔ mfeɛ bebree a ɛbɛba no mu. Awurade nnianimu de ma Nkyerɛkyerɛ ne Apam, ɔfa 1, tu yɛn fo sɛ “yɛntie nkɔmhyɛfoɔ no nsɛm.”25

ɔfa 1 nso bɔ yɛn kɔkɔ, “Siesie wo ho, siesie wo ho ma deɛ ɛbɛba no.”26 Awurade ma Ne nkorɔfoɔ kwan ma wɔsiesie wɔn ho de ma ɔhaw a ɛbɛto wɔn no.

Awurade de yikyerɛ a tumi wɔ mu maa President Brigham Young wɔ Ɔpɛpɔn 14, 1847, wɔ Winter Quarters.27 Saa yikyerɛ yi nhwɛsoɔ sononko a Awurade de resiesie nkorɔfoɔ de ama deɛ ɛbɛba no. Na ahotefoɔ nokwafoɔ no ahyɛ wɔn akwantuo ase de akɔ kronkronbea bepɔ no so wɔ Salt Lake Valley. Na wɔatumi asi Nauvoo Tɛmpol agye ɔgyeɛ ayɛyɛdeɛ kronkron. Na wɔapam wɔn afiri Missouri, na wɔn atamfo apam wɔn afiri Nauvoo wɔ awɔ berɛ huuhu bi mu. Yikyerɛ a wɔde maa Brigham maa afotuo a wɔbɛtumi ayɛ wɔ sɛdeɛ wɔbɛsiesie wɔn ho ama akwantuo no. Awurade de ɔhyɛ sononko too sɛdeɛ wɔbɛsi ahwɛ mmɔborɔfoɔ, akunafoɔ, nnyanka, nw wɔn a wɔresom Mormon Asraafoɔ kuo mmusua, ne Ahotefoɔ dɔm no a wɔhyɛɛ wɔn akwantuo huuhu no ase.

Afotuo afoforɔ a na ɛka deɛ wɔde bɛbɔ abrabɔ tenenee ho no, Awurade sii mmara afoforɔ mmienu bi so dua a ɛnnɛ yi yɛtoa so de yɛ adwuma.

Ɛdi kan, Ɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔde nnwomtoɔ, ne nnwom, ne asa, ne ayɛyie mpaebɔ ne nnaseɛ kamfo Awurade.”28

Ɛtɔ so mmienu, Awurade tuu fo sɛ sɛ wɔn “sɛ woredi awerɛhoɔ a, fa nkotosrɛ frɛ Awurade wo Nyankopɔn ama wo kra anya anigyeɛ”29

Saa afotuo mmienu yi afotuo kɛseɛ ma yɛn ankasa ɛnnɛ. Abrabɔ a ayɛyie, nnwomtoɔ, ne aseda ahyɛ no ma yɛ deɛ wɔahyira no sononko. Yɛregye yɛn ani na ɛnam mpaebɔ so yɛde yɛn ho ato ɔsoro mmoa so yɛ ɔkwan kɛseɛ a ɛde kɔ Kristo akyidifoɔ asomdwoeɛyɛ mu. Repere berɛ biara ama w’ani agyeɛ boa yi honhom mu ahweaseɛ firi hɔ.

Nsɛmfua a ɛtwa toɔ wɔ dwom bi mu kuta awieeɛ mmuaeɛ fɛɛfɛ wɔ afadeɛ a aba mu: “Asase so nni awerɛhoɔdie biara sɛɔsoro ntumi nsa.”30

Sɛ Awurade Yesu Kristo Somafoɔ no, medi adanseɛ sɛ “Kristo akyidifoɔ asomdwoeɛfoɔ” bɛnya ankasa asomdwoeɛ wɔ asetena yi mu ne soro animuonyam koroyɛ. Medi adanseɛ kann fa Agyenkwa kronkronyɛ ne nokorɛyɛ fa Ne Mpata no ho. Ɔno ne yɛn Agyenkwa ne yɛn Gyefoɔ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.