Amansan Nhyiamu
Onyankopɔn Nim na ɔdɔ wo.
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Onyankopɔn Nim na Ɔdɔ wo .

Onyankopɔn anigyeɛ nhyehyɛeɛ no nyinaa fa wo ho. Woyɛ Ne ba a wosomboɔ na wodi mu.

Mfeɛ nsia a atwam ni, na yɛn abusua no retu kwan anadwo wɔ kwantempɔn bi a ɛwɔ Oxford kuro no akyi pɛɛ so. Sɛnea ɛtaa ba wɔ mmɔfra nkumaa fam no, na ɛsɛ sɛ yɛgyina enti yehunuu beaeɛ bi a wɔtɔn pɛtro na sotɔɔ ne adidibea ahodoɔ pii wɔ hɔ. Yɛfifirii kaa no mu, kɔɔ beaeɛ hɔ, san foforoo kaa no pɛpɛɛpɛ, toaa yɛn akwantuo no so.

Simma dunum akyi no, yɛn babarima panin bisaa asɛm titire bi sɛ: “Jasper wɔ he?” Jasper taa tena baabi faako wɔ car no mu. Yɛfaa no sɛ wada anaasɛ ɔde ne ho ahunta anaasɛ ɔredi agorɔ wɔ yɛn so.

Berɛ a ne nuabarima no hwɛɛ lɔɔre no akyi yie no, yɛhunuu sɛ yɛn babarima a wadi mfeɛ nnum no nni hɔ. Yɛn akoma tuui. Yɛdanee yɛn ho sɛ yɛresan akɔ beaeɛ wɔtɔn pɛtrol hɔ no, yɛsrɛɛ Ɔsoro Agya sɛ ɔmmɔ Jasper ho ban. Yɛfrɛɛ polisifoɔ yii wɔn asotire.

Berɛ a yɛde ahoyera duruu hɔ no, bɛboro simma 40 akyi, yɛhunuu polisifoɔ hyɛn mmienu wɔ ɛhyɛ gyinabea hɔ, a wɔn nkanea rehyerɛn. Na Jasper wɔ ɛmu baako mu, a ɔredi agorɔ. Me werɛ remfi anigyeɛ a yɛnyaeɛ berɛ a yɛsan hunuu no bio no da.

Agyenkwa no nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ abɛbusɛm no mu dodoɔ no ara twe adwene si anoboaboa, mmaeɛ bio, anaasɛ mmɔdemmɔ a wɔde hwehwɛ nea apete anaasɛ ayera. Yeinom mu bi ne odwan a wayera, dwetɛbena a ayera, ne ɔba hohwini ho abɛbusɛm no.1

Sɛnea saa asɛm a ɛsii wɔ Jasper ho yi adi agorɔ wɔ m’adwene mu wɔ mfeɛ pii mu no, masusu ɔsoro nipasu ne hia a Onyankopɔn mma ho hia, Yesu Kristo gyeɛ tumi, ne Agya bi a ɔwɔ Soro a ɔnim wo ne me a ne dɔ ɛwie pɛyɛ ho. Mewɔ anidasoɔ sɛ mɛdi nokorɛ ahodoɔ yi ho adanseɛ nnɛ.

I. Onyankopɔn mma

Abrabɔ yɛ den. Nnipa bebree te nka sɛ wɔayɛ basaa, ankonam, ate wɔn ho, anaasɛ wɔabrɛ. Sɛ nneɛma yɛ den a, ebia yɛbɛte nka sɛ yɛakyinkyin anaasɛ yɛaka akyi. Sɛ yɛhunu sɛ yɛn nyinaa yɛ Onyankopɔn mma ne N’abusua a ɛwɔ hɔ daa no mufoɔ a, ɛbɛsane de nkaho atenka ne tirimpɔ aba.2

President M. Russell Ballard shared:“Adeɛ baako wɔ hɔ a ɛho hia a yɛn nyinaa kyɛ mprempren ne daa. Ɛno ne sɛ woyɛ Onyankopɔn babarima anaa ne babaa berɛ nyinaa. Yɛrete saa nokorɛ yi ase—yɛrete aseɛ ankasa na yɛagye atom—yɛ asetena mu nsakraeɛ.”3

Mma no nyɛ wo naa anaa mmu sɛnea wo ho hia ma w’Agya a ɔwɔ Soro abomfiaa. Wonyɛ adeɛ a ɛfiri abɔdeɛ mu baae, amansan agyanka, anaasɛ nea ɛfiri adeɛ a wɔde ka berɛ a wɔde ka ho mu ba wɔ akwanhyia mu. Baabi a hyehyɛeɛ wɔ no, hyehyeɛfoɔ bi wɔ hɔ.

W’asetena wɔ nteaseɛ ne tirimpɔ. Yesu Kristo Asɛmpa a wɔasan de aba a ɛrekɔ so no de hann ne ntease a ɛfa wo ɔsoro nipasu ho ba. Woyɛ Ɔsoro Agya dofoɔ ba. Wo ne saa mfatoho ne nkyerɛkyerɛ no nyinaa asɛnti. Onyankopɔn dɔ wo paa ara na ɔsomaa Ne Ba no sɛ ɔmmɛsa wo yareɛ, na ɔnye wo.4

Yesu Kristo hunuu onipa biara soro su ne som a ɔsombo daa.5 Ɔkyerɛkyerɛɛ sɛnea mmaransɛm akɛseɛ mmienu a ɛyɛ dɔ Onyankopɔn na dɔ wo yɔnko no yɛ Onyankopɔn mmaransɛm nyinaa fapem mu.6 Yɛn soro asɛdeɛ baako ne sɛ yɛbɛhwɛ wɔn a wɔhia mmoa.7 Yei nti na sɛ Yesu Kristo asuafoɔ no, “yɛsoa yɛn ho nnesoa, yɛne wɔn a wɔdi awerɛhoɔ di awerɛhoɔ, na yɛkyekyere wɔn a wɔhia awerɛkyekyerɛ no werɛ.”8

Nyamesom nyɛ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho asɛm no ara; ɛfa yɛne yɛn ho yɛn ho abusuabɔ nso ho. Elder Holland kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Borɔfo asɛmfua ɔsom firi Latin kasa religare, a ɛkyerɛ “sɛ wɔbɛkyekyere” anaasɛ, nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ, “sɛ wɔbɛsan akyekyere.” Enti, “nokorɛ nyamesom ne adeɛ a ɛkyekyere yɛn ne Onyankopɔn ne yɛn ho yɛn ho.”9

Sɛnea yɛne yɛn ho yɛn ho di no ho hia ankasa. President Nelson kyerɛkyerɛ, “Agyenkwa no nkrasɛm no mu da hɔ pefee: Ne nokorɛ asuafoɔ hyehyɛ, pagya, hyɛ nkuran, wɔma nkurɔfoɔ ani gye ho, na wɔkanyan.”10 Yei ho hia yie kɛse berɛ a yɛn mfɛfoɔ akwantufoɔ te nka sɛ wɔayera, wɔayɛ ankonam, werɛ afi wɔn, anaasɛ wɔayi wɔn mu.

Ɛho nhia sɛ yɛhwɛ akyirikyiri ansa na yɛahu nnipa a wɔrebrɛ. Yɛbɛtumi afiri aseɛ aboa obi a ɔwɔ yɛn ankasa abusua, asafo, anaa borɔno so. Yɛbɛtumi nso ahwehwɛ sɛ yɛbɛma nnipa ɔpepem 700 a wɔte ohia11 buruburoo mu no amanehunu afiri hɔ anaa nnipa ɔpepem 100 a wɔde ahoɔden tu wɔn firi wɔn afie mu esiane ɔtan, ntawantawadie, ne basabasayɛ nti.12 Yesu Kristo yɛ nhwɛsoɔ a ɛdi mu a ɛkyerɛ sɛ wɔhwɛ wɔn a wɔhia mmoa—wɔn a ɔkɔm de wɔn, ahɔhoɔ, ayarefoɔ, ahiafoɔ, nneduafoɔ. N’adwuma yɛ yɛn adwuma.

Elder Gong kyerɛkyerɛ sɛ “yɛn akwantuo a ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn no taa ka bom.”13 Ne saa nti no, ɛsɛ sɛ yɛn ward ahodoɔ no yɛ dwanekɔbea ma Onyankopɔn mma nyinaa. So yɛrekɔ asɔre a yɛnyɛ hwee anaasɛ yɛde nsiyɛ rebɔ mpɔtam a wɔn tirimpɔ ne sɛ wɔbɛsom, akae Kristo, na wɔasom wɔn ho wɔn ho?14 Yɛbɛtumi atie Titenani Nelson afotuo sɛ ɔmmu atɛn kakraa bi, nnɔ bebree, na yɛmfa yɛn kasa ne nneyɛɛ so ntrɛ Yesu Kristo dɔ kronkron no mu.15

II. Yesu Kristo Gyeɛ Tumi.

Yesu Kristo Mpata no ne yɛn soro Agya dɔ a ɔwɔ ma Ne mma no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkorɔn kyɛn biara.16 Asɛmfua mpata no ka wɔn a wɔatwe wɔn ho afiri afoforɔ ho anaasɛ wɔate wɔn ho no ho asɛm sɛ “wɔyɛ baako”.

Na yɛn Agyenkwa no botaeɛ ne sɛ ɔbɛma ɔkwan a yɛbɛfa so asane akɔ Ɔsoro Agya nkyɛn na yɛanya ahotɔ wɔ akwantuo no mu. Agyenkwa no nam ne suahunu so nim sɛdeɛ ɔbɛboa yɛn wɔ asetena mu ɔhaw ho.17 Nnyɛ mfomsoɔ biara , Kristo yɛ yɛn gyefoɔ ne yɛn kra yaresafoɔ.

Sɛ yɛnya gyedie a, ɔboa yɛn ma yɛkɔ yɛn anim wɔ ahokyere berɛ mu. Ɔkɔ so trɛ ne dɔ ne mmɔborohunu frɛ no mu:

“Mommra me nkyɛn, mo a moyɛ adwuma na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, na mɛma mo ahome.

Mo mfa me kɔnnua nto mo ho so na monsua me; na mobɛnya ahome ama mo kra.”18

Kɔnnua no ho kasakoa no wɔ tumi. Sɛnea Titenani Howard W. Hunter kyerɛkyerɛɛ mu no: “Na kɔnnua yɛ afidie a ɛma wotumi de aboa a ɔto so mmienu ‘ahoɔden’ bata ho na ɛka aboa baako mmɔdenmɔ ho, de kyɛ adwuma a ɛmu yɛ duru a [ɛwɔ hɔ mu na ɔte so]. Adesoa a na ɛyɛ den anaasɛ ebia ɛrentumi nyɛ yie sɛ baako bɛtumi asoa no wɔbɛtumi akyɛ mu pɛpɛɛpɛ na ayɛ ahotɔ ama mmienu berɛ a kɔndua kyekyere wɔn.”19

Titenani Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Woba Kristo nkyɛn sɛ wɔmfa wo mmɔ Ɔno ne Ne tumi ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wo nko ara wontwe asetena mu adesoa. Woretwe asetena mu adesoa a wɔde akyekyere wiase Agyenkwa ne Ɔgyefoɔ no.”20

Yɛyɛ dɛn de yɛn ho kyekyere Agyenkwa no ho? Elder David A. Bednar kyerɛkyerɛ mu:

“Apam kronkron a yɛyɛ na yɛdi so no ka yɛne Awurade Yesu Kristo bɔ mu. Ne titire no, Agyenkwa no refrɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho nto Ne so.

“Yɛnyɛ na yɛnhia da sɛ yɛn nko ara yɛyɛ.”21

Obiara a ɔwɔ adesoa, wayera, wayɛ basaa no, ɛnsɛ sɛ wo nko ara yɛ yei.22 Ɛnam Kristo Mpata ne N’ayɛyɛdeɛ so no, wɔbɛtumi akyekyere wo ne No abom. Ɔde ɔdɔ bɛma ahoɔden ne ayaresa a wohia na wode atwa akwantuo a ɛda w’anim no. Ɔno ne ahum berɛ mu dwankɔbea.23

III.Ɔsoro Agya Dɔ

Sɛnea wɔakyerɛ no, Jasper ho yɛ anika, ɔwɔ ɔdɔ, yɛ onyansafoɔ, wɔ ahoɔden. Nanso asɛm yi mu ade titire ne sɛ ɔyɛ me dea. Ɔyɛ me ba, na medɔ no sen sɛnea ɔnim. Sɛ agya a ɔnyɛ pɛ, a ɔyɛ asase so adeɛ wɔ saa atenka yi ma ne ba a, so wobɛtumi asusu sɛnea Ɔsoro Agya a ɔyɛ pɛ, wɔahyɛ no anuonyam, ɔwɔ ɔdɔ te nka wɔ wo ho?

Me nnamfonom a wɔwɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛresɔre no mu, Gen Z ne Gen Alpha: mesrɛ monhunu sɛ gyedie hia adwuma.24 Yɛte berɛ a nnipa bebree fam no, “deɛ ani hunu na yɛgye die nko ara mu.” Gyedie bɛtumi ayɛ den na ɛhwehwɛ sɛ yɛyi. Nanso wɔtie mpaebɔ.25 Na wobɛtumi ate muaeɛ nka.26 Nneɛma ankasa a ɛwɔ asetena mu no bi wɔ hɔ a yɛnhunu; yɛte nka, yɛnim, na yɛyɛ. Wɔyɛ nea ɛwɔ hɔ ankasa.

Yesu Kristo pɛ sɛ wo hunu na wo ne w’Agya ɔwɔ Soro nya abusuabɔ.27 Ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ, “Onipa bɛn na ɔwɔ ɔba, na ɔregyina hɔ, na ɔbɛka sɛ: Agya, bue wo fie na me ne wo nnidi, a ɔrenka sɛ, meba, bra mu; Me deɛ yɛ wo dea, na wo deɛ yɛ me dea?”28 Wobɛtumi asusu Daa Agya Nyankopɔn ankasa a ɔwɔ ɔdɔ mfonin ho?

Woyɛ Ne ba. Sɛ wote nka sɛ woayera, sɛ wowɔ nsɛmmisa anaasɛ wohia nyansa, sɛ worebrɛ wɔ wo tebea ho anaasɛ wo ne honhom mu akasakasa repere a, dane kɔ Ne nkyɛn. Bɔ mpaeɛ srɛ awerɛkyekyerɛ, ɔdɔ, mmuaeɛ, ne akwankyerɛ firi Ne hɔ. Sɛdeɛ w’ahiadeɛ teɛ ne baabiara a wowɔ no, ka w’akoma abisadeɛ kyerɛ wo Soro Agya no. Ebinom fam no, ebia wobɛpɛ sɛ wodi Titenani Nelson frɛ no akyi na “woabisa sɛ Ɔwɔ hɔ ampa anaa —sɛ Ɔnim wo Bisa No atenka a Ɔwɔ fa wo ho. Na afei tie.”29

Anuanom mmarima ne mmaa adɔfoɔ:

  • Hunu w’Agya ɔwɔ Soro. Ɔyɛ pɛ na ɔwɔ ɔdɔ.

  • Hunu onipa a Yesu Kristo yɛ.30 Ɔno ne yɛn Agyenkwa ne yɛn Gyefoɔ. Fa wo ho ne wɔn a wodɔ wɔn kyekyere No.

  • Na hunu onipa ko a woyɛ. Hunu wo nokorɛ ɔsoro nipasu. Onyankopɔn anigyeɛ nhyehyɛeɛ no nyinaa fa wo ho. Woyɛ Ne ba a wosomboɔ na wodi mu. Ɔnim na Ɔdɔ wo.

Wɔ nokorɛ a ɛyɛ tiawa nanso ɛyɛ fapem yi ho na medi adanseɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Luka 15:4–32.

  2. Hwɛ Ka Me Nsɛmpa: Akwankyerɛ a yɛhwɛ so Kyɛ Yesu Kristo asɛmpa (2023), 1.

  3. M. Russell Ballard, “Yɛn Soro Agya Mma” (Brigham Young University devotional, Mar. 3, 2020), speeches.byu.edu.

  4. Hwɛ Yohane 3:16; Mosiah 15:1; 3 Nephi 17:6–10.

  5. Hwɛ Ka Me Nsɛmpa, ɔfa 3.

  6. Hwɛ Mateo 22:36–40.

  7. Hwɛ General Handbook: Ɔsom wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ, 1.2, Asɛmpa nwomakorabea.

  8. Mosaya 18:8, 9.

  9. Jeffrey R. Holland, “Religion: Bound by Loving Ties” (Brigham Young University devotional, Aug. 16, 2016), speeches.byu.edu.

  10. Hwɛ Russell M. Nelson, “Ɔhia Asomdwoeɛfoɔ,” Liahona, Kɔtɔnima 2023, 99.

  11. “Nipa dodoɔ a wodi hia buruburoo no kɔɔ soro bɛyɛ ɔpepem 70 koduu nnipa bɛboro ɔpepem 700” (“Ɔhia,” Nov. 30, 2022, World Bank, worldbank.org).

  12. “Bɛboro nipa ɔpepe 100 na wayɛ atukɔtenafoɔ” (“Refugee Data Finder,” May 23, 2022, United Nations High Commissioner for Refugees, unhcr.org).

  13. Gerrit W. Gong, “Room in the Inn,” Liahona, Kɔtɔnimma 2021, 25.

  14. Hwɛ General Handbook, 1.3.7, Asɛmpa Nwoma Korabea.

  15. Hwɛ Russell M. Nelson, “Peacemakers Needed,” 98–101.

  16. Hwɛ Yohane 3:16.

  17. Hwɛ Alma 7:11–12; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 122:8.

  18. Mateo 11:28–29.

  19. Howard W. Hunter, “Bra me nkyɛn,” Ensign, Nov. 1990, 18.

  20. Agyenkwa no Asɛmpatrɛ ne Ne som Adwuma: A Discussion with Elder Russell M. Nelson,” Ensign, Ayɛwohomumɔ 2005, 18.

  21. David A. Bednar, “Soa wɔn nnesoa Bɔkɔɔ,” Liahona, May 2014, 88.

  22. Titenani Camille N. Johnson said: “Anuanom mmarima ne mmaa, me nko ara mentumi nkɔ so, na ɛho nhia sɛ meyɛ, na merenyɛ saa. Merefa sɛ wɔbɛkyekyere m’Agyenkwa, Yesu Kristo, ɛnam apam ahodoɔ a me ne Onyankopɔn ayɛ so, “Mɛtumi afa Kristo a ɔhyɛ me den so ayɛ nneɛma nyinaa’ [Philippians 4:13]” (“Yesu Kristo yɛ ahotɔ,” Liahona, Kotɔnimaa 2023, 82).

  23. Hwɛ Nnwom 62:6–8.

  24. Hwɛ Yakobo 2:17.

  25. Hwɛ Mateo 7:7–8; Yakobo 1:5.

  26. “Ɔno [Honhom Kronkron] ne ɔwerɛkyekyefoɔ (Yohane 14:26). Berɛ a ɔwofoɔ a ɔwɔ ɔdɔ nne a ɛma obi ho dwo no bɛtumi ama abɔfra a ɔresu ayɛ komm no, Honhom no nne brɛoo no bɛtumi ama yɛn suro ayɛ komm, ama yɛn asetena mu dadwen a ɛyɛ yea no ayɛ komm, na akyekye yɛn werɛ berɛ a yɛredi awerɛhoɔ no Honhom Kronkron no bɛtumi de ‘anidasoɔ ne ɔdɔ a ɛdi mu’ ahyɛ yɛn ma na ‘akyerɛkyerɛ [yɛn] Ahennie no mu asomdwoeɛ nneɛma’(Moroni 8:26; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 36:2)” (Topics and Questions, “Honhom Kronkron,” Gospel Library).

    Honhom Kronkron no di ‘Agya ne Ɔba no ho adanseɛ’ (2 Nephi 31:18). Ɛnam Honhom Kronkron tumi so nko ara na yɛbɛtumi anya Onyankopɔn Agya ne Ne Ba, Yesu Kristo adanseɛ a ɛyɛ nokorɛ.

    “Honhom Kronkron no di nokorɛ, no ho adanseɛ na ɛnam Ne tumi so na yɛbɛhunu nneɛma nyinaa nokorɛ’ (Moroni 10:5)” (“The Holy Ghost Testifies of Truth,” Liahona, Mar. 2010, 14, 15).

    “Nanso sɛ ɔwerɛkyekyefoɔ no ba a, mɛsoma no afiri Agya no nkyɛn, mpo Nokorɛ Honhom no, a ɛfiri Agya no mu no, Ɔdi me ho adanseɛ” (Yohane 15:26).

  27. Hwɛ Yohane 14:6–7; 17:3.

  28. Joseph Smith Nyereaseɛ, Mateo 7:17 (wɔ Twerɛ Kronkorn Mmataho).

  29. Russell M. Nelson, “Bra, Di Makyi,” Liahona, Kɔtɔnimaa 2019, 90.

  30. Hwɛ Marko 8:27–29.